Nyinsɛn A Wɔhyɛ Da Yi

Nhwɛsoɔ:Infobox disease Nyinsɛntogu yɛ nea wɔhyɛ da yi nyinsɛn denam yi a wɔhyɛ da yi mogyatɔw anaa akokoaa fi awotwaa mu a ɔrenyin ansa na watumi ɛno ara betumi atena ase.

    Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Nyinsɛn ankasa nso tumi sɛe, na mpɛn pii no wɔka eyi ho asɛm sɛ nyinsɛn a asɛe. Wobetumi nso ahyɛ da ayi agu, na wɔfrɛ eyi nyinsɛntogu. Asɛmfua nyinsɛntogu mpɛn pii no kyerɛ nyinsɛn a wɔhyɛ da yi gu wɔ nnipa mu. Biribi a ɛte saa a wɔyɛ bere a mogyatɔw no ankasa betumi anyin ayɛ nnipa no, wɔfrɛ no wɔ aduruyɛ mu "nyinsɛn a wɔayi no akyiri".

Wɔ nnansa yi aduruyɛ mu no, wɔde nnuru a wɔfa anaa oprehyen so na eyi nyinsɛn gu. Nnuru abien yi-mifepristonene prostaglandinyɛ adwuma yiye wɔ eyi mu te sɛ oprehyen a wɔyɛ wɔ bosome abiesa a edi kan no mu. Ɛwom sɛ wobetumi de nnuru adi dwuma wɔbosome abiesa a ɛtɔ so abien mu de,nanso ɛte sɛ nea oprehyen mmom ntaa mmfa asɛm mma. Aduru a wɔde siw awo ano, a nea ɛka ho ne aduru a ɛyɛ topae ne adwinnade a wɔde hyɛ awotwaa muyɛ nea wobetumi afi ase ntɛm pa ara wɔ nyinsɛntogu no akyi. Nyinsɛntogu wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu yɛ nea abakɔsɛm kyerɛ sɛ ka aduruyɛ mu nnwuma a bammɔ wom ho bere a wɔma ho kwan wɔ mmara a ɛwɔ ɔman no mu. Nyinsɛn a woyi no kwan pa so ntaa mmfa adwenemyare anaa nipaduam haw biara mma. Wiase Akwanhosan Ahyehyɛdehyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ mmea a wɔwɔ wiase nyinaa nya hokwan koro ara yi a bammɔ wom na mmara ma kwan. Nyinsɛn a wonnyi no kwan pa soma mmea bɛyɛ mpem aduanan nsɔn mmaatan a wɔhwere wɔn nkwana ɛma wɔde mmea ɔpepem anum nso kɔ ayaresabea afe biara.

Nyinsɛn ahorow bɛyɛ ɔpepem aduanan anan na woyi gu wɔ wiase nyinaa afe biara, a bɛyɛ emu fa na wɔnnyɛ no kwan pa so. Nyinsɛntogu ahorow a akɔ so nsesae ahe biara fi afe 2003 kosi afe 2008 mu, bere a akɔ fam wɔ mfe dudu mu bere a ntetee a ɛfa sɛnea wɔte abusua dodow sone awo a wosiw anoanya nkɔanim no wiase nyinaa mmea ɔha mu nkyekyem aduanan nyaa hokwan yii nyinsɛn gui "a wɔansiw wɔn kwan". Nanso yɛwɔ anohyeto fa bosome dodow a nyinsɛn bi bedi ansa na wobetumi ayi agu.

Nyinsɛn a wɔhyɛ da yi gu kura abakɔsɛm. Wɔafa akwan ahorow so ayɛ eyi, a nea ɛka ho ne ahabannuru, nnwinnade a wɔde twitwa ade, nyinsɛn no a wɔde nsa keka, ne afoforompɔtam hɔ akwan ahorow fi tete. nyinsɛntogu ho mmara, mpɛn dodow a wɔyɛ no ne amammere ne ɔsom a ɛbata ho gu ahorow wɔ wiase afa ahorow. Wɔ akwan bi so no, mmara ma nyinsɛntogu ho kwan bere a nneɛma bi asisi te sɛ abusuafo ntam nna, mmonaato, ɔhaw bi a ɛwɔ mogyatɔw no ho, sikasɛm anaa maame no akwanhosan. Wɔ wiase afa horow mu no ɔmanfo mu akasakasa de fa ɔbrapa, wɔma kwan, ne sɛ ebia mmara ma nyinsɛntogu ho kwan anaa. Wɔn a wɔsɔre tia nyinsɛntogu kyerɛ sɛ mogyatɔw a ɛwɔ awotwaa mu yɛ nnipa a ɔwɔ hokwan sɛ ɔtena asena yebetumi de nyinsɛntogu atoto awudiho. Wɔn a wɔtaa nyinsɛntogu akyi nyinsɛntogu hokwan si so dua hokwan a ɔbea wɔ sɛ osi gyinae fa n'ankasa nipadua hoa wɔsan si so dua sɛ hokwan a nnipa wɔmpɛn pii.

Nsεm afoforo

Nkyekyem:Gao lazamankwala

Tags:

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

GhanaƐdwoadaTwiKwadwoAfram Plains South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Ɛmo tuoUkraineTuvaluKwabenaDεnmaakKwabena Twum-NuamahTorontoAtɛnmufoEmmanuel Samba ZumakpehKwasiadaSaratovTokyoKokoramAhenkuroTswanaMontréalUnited KingdomAgnes MonicaNigeriaAlgorithmTrabzonAku SikaRonald ReaganAkaraHausa kokoIstanbulMmoaPaul OkohMaameMadridGhana kasa ahodoɔKofi Arko NokoeJohn KufuorBolognaLingua Franca NovaKofiJollof riceNagasakiBaltimoreHambɔgAgrigentoGhana AkannifoNsamanwaCastro (ndwomtoni)AzontoVietnamƆtare Togo (Lake Togo)Fathia NkrumahGold Coast (British colony)TanzaniaMontpellierFelicia Edem AttipoeRɔhyiaDallol (ɔsaman kurow)Austria🡆 More