Kwadwo

Kwadwo (pronunciation of Kwadwo (help·info))yɛ kradin a Akanfoɔ de ma bɛrima a yɛ wo no Ɛdwoada.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akanfoɔ na ɛto saa din no. Fantefoɔ twerɛ no sɛ Joojo anaa Joe, Akyem twerɛ no sɛ kojo anaa kwadwo, saa ara na Akuapemfoɔ twerɛ no.

Abakɔsɛm

Kwadwo mmrane ne Asera anaa Okoto. Akan kradin ahorow no yɛhu no sɛ yɛ nya firii anyame bi din mu. Yɛ nyaa edin Kwadwo firii edin Koyayuda ɛne deɛ brɔfo kasa mu yɛka no (the Lord of life Firmament deity of the day Monday). Kwadwo mmrane ne Okoto anaa Asera a ɛkyerɛ asomdwoe. Ne nnyeso ne Adwo a ɛno nso kyerɛ asomdwoe. Senea Akanfo kyerɛ no wɔn a wokura edin Kwadwo pɛ asomdwoe na wɔbɛyɛ nea wobetumi wɔ tebea biara mu na asomdwoe atena wɔne afoforo ntam.

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin no

Sɛ yɛ sesa ɛna din no a, ɛnya nsonsoneɛ wɔ Akan kasa ahodoɔ wɔ Ɔman Ghana mu. Wɔ Akanfoɔ kasa ahodoɔ mu te sɛ Akuapem ne Asante mu no, yɛ twerɛ din no Kwadwo ɛna Fantefoɔ nso frɛ no Kwajo, Kojo ɛne Cudjoe. Ɛwɔ Akanfoɔ amammerɛ ne wɔn mpɔtam amammerɛ mu wɔ Ɔman Ghana mu no, nna no a yɛde ma edin no, ɛba no mmienu mmienu, mmaa din ne mmɛrema din. Kwadwo mmaa din a yɛde ma ɔbaa yawo no Ɛdwoada yɛ Adwoa.

Mmɛrema din Mmaa din
Asante Kwadwo Adwoa
Akuapem Kwadwo Adwoa
Fante Kojo/ Kodwo/Joojo Adjoa

Atitirefoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din no

Ghanafoɔ nkɔdaa pii no, wɔn awoda din ka wɔn aborɔfo din ho. Atitiriwfoɔ a wɔn kura edin Kwadwo no bi ne

  • Kwadwo Asamoah (born 1985), Ghana bɔɔlbɔni.
  • Kwadwo Nkansah (LilWin), Ghana sinitwani.
  • Osei Kwadwo, late- Ashantehene a ɔtenaa ase 1700 mhe no mu, odii hene 1764 kosi1777.
  • Kwadwo Osseo-Asare
  • Kwadwo Asenso Okyere
  • Kwadwo Adjei-Darko
  • Kwadwo Boamah
  • Kwadwo Sarfo
  • Kwadwo Baah Wiredu
  • Kwadwo Afari-Gyan


Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu

Tags:

Kwadwo AbakɔsɛmKwadwo Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin noKwadwo Atitirefoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din noKwadwo Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii muKwadwoAbout this soundFile:Tw-Kwadwo.oggTw-Kwadwo.ogg

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

FacebookSɛnkyerɛnneIndonisiaAhenkuroEwiaAfrican AmericansBilbaoTrapaniIndiaKente (Nwentoma)Aku SikaMunisipalIllinoisPuneCrib A'GlowPeople's National PartyKristofoAustraliaJason Moore (Wikipedia samufo)Ronald ReaganBurundiNew DelhiAlima MahamaFreddie W.A. BlayAmerikaKölner DomVallettaPiacenzaBaltimoreMo RiverPrisca AbahNorwayJoseph Nii Laryea Afotey AgboAfua AsantewaaNsoromaAdwumayɛfo kuw (Trade union)Roger FedererSenegalAndrej PlenkovićAmanyɔ kuoMatthias Kobena NketsiahThailandZagrebSaratu AttaHilla LimannƆmanpanin (aban abodin)BolognaNsuta-Kwamang (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)BibelAlgorithmFanteSierra LeoneAbraham Kweku FokuoLaosAgyentinaJulius CaesarTakoradiNkramoniRussiaGyean-Marie Lɛ PɛnOmskAmedabadWinnipegMumuni Abudu SeiduMmara🡆 More