Twi: Gaana kasa baako

Twi yɛ pronounciation of Twi (help·info) Kasa wɔ Ghana man mu.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nnipa bɛyɛ Ɔpepepem nson na ɛka Twi KasaGhana. Ghanafoɔ wɔ kasa ahoroɔ bebree. Twi ka Akan Kasa abusua a yɛfrɛ no Kwa Kasa Abusua no ho. Twi gu mu ahoroɔ pii nanso ne nyinaa yɛ kasa baako a obiara te ase. Nnipa dodoɔ a wɔka Twi kasa no yɛ bɛyɛ ɔpepepepee du-nson de kɔsi du-nwɔtwe (17-18 million), ɛne wɔn a Twi yɛ wɔn kasa a ɛtɔso mmienu no;Ghana nnipa dodoɔ bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe na Twi yɛ wɔn kasa a edikan anaa sɛ deɛ ɛtɔ so mmienu. Atɔeɛ abibirim kasa no, Twi yɛ hwene bɔ kasa. Yɛwɔ Asante Twi, Bono, Fante, Akuapem Twi, Akyem Twi ɛne nea ɛkeka ho. Akuapem, ɛyɛ Akan kasa a edikan a wɔde twerɛɛ Twerɛkrɔnkrɔn no, abɛyɛ kasa a edimu. Ɛyɛ kasa a nnipa a ɔwɔ Côte d'lvoire anafoɔapuei fam. Ga nso yɛ kasa a ɛwɔ Ghana.

Twi a yɛka daadaa no nteaseɛ nyɛ na. Ɛno akyiri no, yɛwɔ abɛbuo ne kasakoa ahoroɔ a ɛwɔ sɛ obi de n'adwene kɔ akyiri ansa na w'ate aseɛ. Wopɛ sɛ woka obi anim asɛm wɔ mmerɛ a wompɛ sɛ wofom no a, wobu no bɛ. Nti na mpanimfoɔ bu bɛ bi sɛ: "ɔba nyansafoɔ, yɛbu no bɛ, na yɛnnka no asɛm".

Kasakoa yɛ nsɛm a ne nkyerɛaseɛ nna tee. Ɛyɛ kasa a, yɛaka akoa no. Ne saa nti no, obi a n'ani mfiiɛ anaa n’adwene mu nnɔ no rente aseɛ. Yɛmfa no sɛ, obi awu, na ne ba ketewa wɔ hɔ na wompɛ sɛ ɔbɛte sɛ n'awofoɔ awu a, wɔ ka no sɛ: "asemasi adane n'ani ahwɛ dan", anaa sɛ, "asemasi aka nkyene agu". Ɛtɔ so bio, yɛka kasakoa de anidie ma obi a odi yɛn anim. Ɛno nti, sɛ ɔhene bi wu a yɛka sɛ: "Nana kɔ ne kra akyi". Akanfoɔ wɔ gyidie bi sɛ, obi wu a ɔkɔ baabi foforɔ a yɛfrɛ hɔ sɛ asamando.

Baabia Efiri

Edin "Twi" no, efiri Bono hene din mu, Nana Baffuor Twi.

Ɛnne a yɛde ka

Twi wɔ ɛnne bɛyɛ num: soro, mfinimfin,fam, deɛ ɛkɔ soro, deɛ ɛba fam.

Diphthongs

Twi wɔ diphthongs /ao/, /eɛ/. /ei/, /ia/, /ie/, /oɔ/, /ue/, ne /uo/.

Sedeɛ yɛkyerɛw no

Atwerɛdeɛ keseɛ A B D E Ɛ F G H I K L M N O Ɔ P R S T U W Y
Atwerɛdeɛ ketewa a b d e ɛ f g h i k l m n o ɔ p r s t u w y

Atwerɛdeɛ C,J,V, ne Z yɛ adeɛ a yɛde di dwuma, nanso agyesɛ yɛkɔserɛ.

Edin Nhyehyeɛ

Akanfoɔ de Akan edin nhyehyeɛ a ɛsɛ de dikan ma abɔfra a yawo no foforoɔ, wɔhwɛ ɛda a wɔde woo abofra no wɔ nawɔtwe da no mu. Abusua ne Ntɔn dodoɔ a ɛwɔ Ghana wɔ amammerɛ a ɛsesɛ.

Day

English

Day

Akan

Male

name

Female

name

Monday Dwoada Kwadwo,

Kojo

Adwoa
Tuesday Beneda Kwabena,

Kobina

Abena
Wednesday Wukuada Kweku,

Kwaku

Akua
Thursday Yawoada Yaw,

Kwaw

Yaa
Friday Fiada Kofi Afia/Afua
Saturday Memeneda Kwame Ama
Sunday Kwasiada Akwasi,

Kwasi, Kwesi

Asi,

Akosua, Esi

Twi: Gaana kasa baako

Twi edition of Wikipedia, the free encyclopedia
Wikivoyage has a phrasebook for Twi.
  • Akan at Ethnologue (22nd ed., 2019)
  • Language resources at LangMedia (Five College Center for World Languages)
  • Akan basic course
  • Bibliography of structural properties of the Twi language at WALS Online (The World Atlas of Language Structures)
  • Learn Twi App

Tags:

Twi Baabia EfiriTwi Ɛnne a yɛde kaTwi DiphthongsTwi Sedeɛ yɛkyerɛw noTwi Edin NhyehyeɛTwi Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛTwiAbibremAbout this soundAkanAkanfoɔAkuapemAkuapem TwiFanteFile:Tw-Twi.oggGaanaGhana kasa ahodoɔTw-Twi.oggTwere Kronkron

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

KwasiadaSikasem soafoɔUgandaDwomSpencer BrookChristine ChurcherJohn Kwekuchur AckahEskişehirZaragozaMohammed Adamu RamadanPortlandBasse-TerreAba AndamYokohamaBurkina FasoLucknowVeneziaShai Hills Resource ReserveKyivMalawiBlack SherifAhafo Ano NorthNamibiaBotswana Nsa & Adwumayɛfo Kuw a Wɔka Ho (Botswana Beverages & Allied Workers' Union)AmansanAku SikaOguadifoKwesi Amoako AttaAbawoAsorɔkyePalermoNapoléon BonaparteKwame Nkrumah University of Science and TechnologySaint PetersburgKarlsruheƆbosomeReimsAngélique KidjoKpanlogoBolgatangaƐbenadaPalanaKɔsensaCasalpusterlengoDɛmografi (Nnipa dodoɔ)LibiaKɔtɔnimaaAmiensAustraliaUnited Ghana MovementOsakaAbena AmoahNana GbewonyoThailandFortalezaMumbaiMicrosoft PowerPointNorgeNagasakiSliemaSydneyAhenkuroBonwireVanSan Jose, CaliforniaTurkeyAugustusNnua🡆 More