Abawo

Abawo, a wɔsan frɛ no awokyem ne awo, yɛ awiei a wɔde ba nyinsɛn mu a nkokoaa biako anaa nea ɛboro saa fi awotwaa mu.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Abawo
Nsεm a wͻahyehyε ne baabi a wonya nsεm afoforo

Wɔ afe 2015 mu no, wɔwoo nkokoaa ɔpepem ɔha aduasa anum wiase nyinaa. Wɔwoo bɛyɛ ɔpepem dunum ansa na nnawɔtwe aduasa asɔn soe, na efi ɔha mu nkyekyem abiɛsa kosi dumien nso na wɔwoo wɔn wɔ nnawɔtwe aduanan abien akyi. Wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu no, wogye awo dodow no ara wɔ ayaresabe bere a wɔ aman a wonni bi mu no, wogye awo dodow no ara wɔ fie wɔ awo mu aboafo hwɛ ase.

Abawo
Abawo (Cameroon).

Ɔkwan a ebu so a wɔfa so wo mma ne awo a ɛfa ɔbea ase no. Tebea ahorow abiesa na ɛwɔ eyi mu:ɛyɛ tiaa ne ase a emu bue, akokoaa no san, afei na wɔawo ba no na akyiri yiawo akyi ahoma nso apue aba. Tebea a edi kan no gye nnɔnhwerew dumien kosi dunkrɔn, nea edi hɔ gye simma aduonu kosi nnɔnhwerew abien, na nea etwa to no nso gye simma anum kosi aduasa. Ɔfa a edi kan no taa de ɛyaw ba ɔbea no ase anaa n’akyi a egye anibu aduasa na ɛba simma du kosi aduasa biara. Bere rekɔ so no, ɛyaw no mu yɛ den na ɛba ntɛmntɛm nso. Wɔ ɔfa a ɛto so abien no mu no, n’ase betumi amia. Wɔ nea ɛto so abiesa mu no ahoma a ɛso akokoaa no mu a wɔbɛkyekyere yɛ nea wɔhyɛ ho nkuran mpɛn pii. Akwan ahorow wɔ hɔ a ɛbɛboa ama ɛyaw abrɛ ase te sɛ da a ɔbɛda hɔ nnuru, ne nea wɔde to n’akyi.

Mpɛn pii no, nkokoaa no ti na edi kan ba; nanso wɔ bɛyɛ ɔha mu nkyekyem anan mu no, wɔn nan anaa wɔn to di kan ba, a wɔfrɛ no awodan. Mpɛn pii wɔ awo mu no, ɔbea no tumi didi na otumi di akɔneaba, wɔnhyɛ nkuran sɛ obepia wɔ ɔfa a edi kan no mu anaa bere a akokoaa no ti apue no, na wɔnhyɛ sa a wɔsa ho nkuran. Ɛwom sɛ twa a wotwaɔbea ase, a wɔfrɛ no episiotomy, abu so de, nanso ɛho nhia mpɛn pii Wɔ afe 2012 mu no, wɔnam oprehyen so gyee nkokoaa ɔpepem aduonu abiesa, a wɔfrɛ eyi Caesarean section. Wobetumi ahyɛ Caesarean section ho nkuran ama ntaafo, sɛ wohu sɛ akokoaa no ahaw, anaa awo a ɛredan. Wɔ ɔkwan yi mu no, ebetumi agye bere tenten ansa na obi ho atɔ no.

Afe biara no, nyinsɛn ne awo mu haw ahorow de mmaatan a wɔhwere wɔn nkwa, mpem ahanum ba, wɔn mu ɔpepem asɔn nya ɔhaw ahorow a egye bere tenten, na ɔpepem aduonum nso nya akwahosan ho haw wɔ awo akyi. Eyinom dodow no ara sisi wɔ aman a wonni bimu. Awo akyi ɔhaw no bi ne awo a biribi si no kwan,awo akyi mogyatu,asehwe, ne awo akyi nyarewa. Ɔhaw a etumi ba akokoaa no so bi ne ɔhome papa a wonnya.

Nsεm afoforo


Tags:

Nyinsɛn

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Sergio MattarellaMesikoSwedenKwasiNovosibirskMike Allen HammahSerbiaPaul LeimAyaresabeaNew Patriotic PartyNnuaMoscowJerry John RawlingsAfahyɛƐlɛktrisitiMohammed Hardi TufeiruDεnmaakMmarahyɛbadwafie KasamafoɔLas VegasAkuaNyarewaMisrimTuvaluBrisbaneMolly Germaine PrempehAduaneCC (ɔkra) .Koo NimoGhana kasa ahodoɔMatilda Amissah-ArthurItalianPandemicEhyiaWashington, D.C.GyakataFirenzeAmamerɛVietnamAwuradeKwaku Acheampong BonfulJoe ReindorfKayseriNigeriaNassima SaifiƆbabɛrimaƐhyɛnMaureen Abla AmematekporJoseph Cudjoe (politician)MünchenMarleen HutchfulLaosOsabarimba Kwesi Atta IIAdamfofaAjumako-Enyan-Essiam (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)AdelaideNana Ama Dokua Asiamah-AdjeiKwabenaKwame NkrumahAnum-BosoVladivostokManchesterPakistanMilanoWiase Mu Nnipa DodoɔAsɛmdibiaDonetskEtuoCatster🡆 More