Kwabena

Kwabena(pronunciation of Kwabena (help·info)) yɛ kradin a yɛ de ma berima a yɛ wo no Benada wɔ Akan man mu.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Fantefoɔ twerɛ no sɛ Ebo, AKuapemfoɔ twerɛ no sɛ Kwabena te sɛ Asantefoɔ ne Akyemfoɔ pɛpɛɛpɛ. Edin Kwabena yɛ edin a efiri ɔman Ghana mu a ɛkyerɛ barima a yɛwoo no Benada. Ghanafoɔ ne Ivory Coastfoɔ de nnawɔtweda a wɔwoo wɔn mma taa to wɔn.

Abakwasɛm

Wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu no, yɛhu ɛnna din no sɛ yɛ nya firii anyame bi din mu. Yɛnyaa edin Kwabena firii edin Koyabenada mu ɛne deɛ brɔfo kasa mu yɛfrɛ no (Lord of Life's land Day). Mmɛrima a yɛto wɔn din Kwabena no, Akanfoɔ hu wɔn sɛ, wɔn yɛ ahomasoɔ, na wɔn sanso yɛ wɔn nnoɔma mmɛrima mu. Mmarima a wɔfrɛ wɔn kwabena no ho dwo ma nteteeɛ na wɔbɛnya ahoɔden ne ahummɔborɔ. Kwabena nsamerane ne Ebo anaa Ogyam. Nnipa mmienu bi a wɔfiri Massachusetts US kyerɛeɛ sɛ edin Kwabena firi Akan man ne Abibiman mu a ɛkyerɛ barima a yɛwoo no Benada.Ghanafoɔ binom nso kyerɛ sɛ edin Kwabena firi Akanfoɔ man mu a ɛkyerɛ barima a yɛwoo no Benada a ɛyɛ ne kraa din. Ghanafoɔ bi nso kyerɛeɛ sɛ edi Kwabena firi Abibiman mu a ɛkyerɛ ɔkofoɔ.

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin no

Sɛ yɛ se sa ɛna din no a, ɛnya nsonsoneɛ wɔ Akan kasa ahodoɔ wɔ Ɔman Ghana mu. Wɔ Akanfoɔ kasa ahodoɔ mu te sɛ Akuapem ne Asante mu no, yɛ twerɛ din no kwabena ɛna Fantefoɔ nso frɛ no kobina, ne Kwamena. Ɛwɔ Akanfoɔ amammerɛ ne wɔn mpɔtam amammerɛ mu wɔ Ɔman Ghana mu no, nna no a yɛde ma edin no, ɛba no mmienu mmienu, mmaa din ne mmɛrema din. Kwabena mmaa din a yɛde ma ɔbaa a y'awo no BenadaAbenaa.

Akan kasa Mmɛrema din Mmaa din
Asante Kwabena Abenaa
Akuapem Kwabena Abenaa
Fante Kobina/Kobena/Ebo/Kwamena Abenaa

Atitirefoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din no

Atitiriwfoɔ a wɔn kura edin Kwabena no bi ne

  • Prof. Joseph Hanson Kwabena Nketia, Ghana odwontoni ne nwom hyehyɛfo a wagye din.
  • George Kwabena Adu (Kwabena Kwabena), Ghana nwomtoni.
  • Kwabena Yeboah, Ghanani a ɔma bɔɔlbɔ akansie mu amanneɛbɔ a wagye din.

Nnwom ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu.

Tags:

Kwabena AbakwasɛmKwabena Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ edin noKwabena Atitirefoɔ a yɛfrɛ wɔn saa din noKwabena Nnwom ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu.KwabenaAbout this soundBenadaFile:Tw-Kwabena.oggGaanaTw-Kwabena.ogg

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

YouTubeBuem (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)MemenedaFrankfurt am MainJason BatemanNetherlandsKofi BaakoNikola TeslaPisaLivornoMonaatoɔKwesi Osei-AdjeiBoaram AfahyɛMunisipalNene Anorkwei IINsuoAkomaHesekielAlgeriaNana baaIndonisiaNapoliMansa NetteyEfiadaGaanaOrléansBangladeshGhanaNgyiresiTanzaniaWiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )DɔtmɔndPiloloMilwaukeeUetersenSenna LodigianaOncoba spinosaKɔtɔnimaaMelbourneAkuapemMelody Millicent DanquahSliemaElhaida DaniJohn Bogolo ErzuahƆpɛpɔnNnuaƆsanaaKwabena Kwakye AntiSalvadorUnited StatesDetroitAbanomaAssin North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)KayseriUfaGavivina TamakloeDɛmografi (Nnipa dodoɔ)The GambiaReimsOwuoMmɔfraNamibiaBaskin-RobbinsY'apaw ObiBostonAmɑnɑmɑn NkɑbɔmuAsɔredan Ahorow a Wɔasen Abotan, LalibelaKwesi Amoako Atta🡆 More