Romania

Romania(pronounciation of Romania (help·info)) (România) yε ɔman.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Bucarest yε Romania ahenkuro. Emu nipa dodoɔ yɛ 21,457,116 (2018).

Romania
Romania
Romania

Romania ɛ ɔman a ɛda Central, Eastern ɛne Southeastern Europe ntam. ɛne Bulgaria bɔ hyeɛ wɔ Anaafoɔ fam, ɛna ɛne Ukraine nso bɔ hyeɛ wɔ Atifi fam, ɛne Hungary nso bɔ hyeɛ wɔ Atɔeɛ fam, ɛne Serbia nso bɔ hyeɛ wɔ AnaafoɔAtɔeɛ fam, ɛne Moldova nso bɔ hyeɛ wɔ Apuiɛ fam ɛna ɛne Black Sea nso bɔ hyeɛ wɔ AtɔeɛApuiɛ fam. Romania yɛ ɔman kɛseɛ a ɛtɔ so du mmienu a ɛwɔ Europe aborɔkyi man mu, na ɛno nso ɔman a ɛtɔ so nsia a agye din yie pa ara wɔ European Union kuo mma no nyinaa mu. N'ahenkuro ne ne kuro a ɛso yie pa ara ne Bucharest, ɛna afei nkuro akɛseɛ ahodoɔ bi te sɛ Iași, Cluj-Napoca, Timișoara, Constanța, Craiova, Brașov, ne Galați.

Romania
Neacșu's letter from 1521, the oldest surviving document written in Old Romanian

Fahodie ne amanmuo

Romania 
Changes in Romania's territory since 1859

Treaty of Küçük Kaynarca maa Russian ananmusini a ɔwɔ Istanbul kwan sɛ ɔmɔ Moldavia ne Wallachia nsaase ho ban (a yɛfrɛ no sɛ Danubian Principalities) wɔ afe apem ahanson aduoson nan (1774) mu. ɛsiane Greek War of Independence no nti no, Wallachian nipa titirew bi a wagye din, Tudor Vladimirescu, suae ko de tiaa Ottomans foɔ no wɔ ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe apem ahawɔtwe ne aduonu baako (1821) mu, na mmom yɛkuu no wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no mu a ɛyɛ Phanariot foɔ a wɔwɔ Greek mu na wɔkuu no. Berɛ a Russo-Turkish War foforɔ no twaa mu no,Treaty of Adrianople hyɛɛ Danubian Principalities nsaase ho banbɔ ne de a wɔde wɔn ho no mu kena wɔ afe apem ahawɔtwe ne aduonu nkron (1829) mu, ɛwom sɛ ɛno nso boa maa sultan tumi de sii abatoɔ a wɔto yii prince ahodoɔ no so dua.

Wiem nsakyeraeɛ ahodoɔ

|- !Location ! July (°C) ! July (°F) ! January (°C) ! January (°F) |-

|Bucharest || 28.8/15.6 || 84/60 || 1.5/−5.5 || 35/22 |-

|Cluj-Napoca || 24.5/12.7 || 76/55 || 0.3/−6.5 || 33/20 |-

|Timișoara || 27.8/14.6 || 82/58 || 2.3/−4.8 || 36/23 |-

|Iași || 26.8/15 || 80/59 || −0.1/−6.9 || 32/20 |-

|Constanța || 25.9/18 || 79/64 || 3.7/−2.3 || 39/28 |-

|Craiova || 28.5/15.7 || 83/60 || 1.5/−5.6 || 35/22 |-

|Brașov || 24.2/11.4 || 76/53 || −0.1/−9.3 || 32/15 |-

|Galați || 27.9/16.2 || 82/61 || 1.1/–5.3 || 34/22 |}


Administrative mu nkyekyɛmu ahodoɔ

Romania man no wɔ nkyekyɛmu ahodoɔ aduanan baako (41 counties) (județe, pronounced judetse) ɛna municipality of Bucharest nso ka ho.County biara no, wɔn a wɔhwɛ so ne county council foɔ, wɔn na wɔhwɛ kuro na daadaa akɔneaba so, saa ara nso na sɛ ɛba no ɔman no nyinaa amanmuo no mu nso no, wɔn ara na wɔkɔhyɛ kuro no anan mu. Panin a wɔda wɔn ano no, ɛyɛ ɔmanpanin a ɔda ɔman no ano no na ɔyi no na mmom ɛnni ho kwan sɛ saa nipa korɔ no firi amannyɔkuo biara mu. County biara nso wɔasane akyekyɛmu cities ne communes ahodoɔ, a ɛmu biara nso wɔ ne mayor ɛne ne local council. Yɛwɔ cities ahodoɔ aahaasa ne aduonu (320) ɛna communes ahodoɔ mpem mmienu ne aduowɔtwe aduosia baako (2,861) na ɛwɔ Romania man no mu.

Development region Area (km2) Population (2011) Most populous urban centre
Nord-Vest 34,159 2,600,132 Cluj-Napoca (411,379)
Centru 34,082 2,360,805 Brașov (369,896)
Nord-Est 36,850 3,302,217 Iași (382,484)
Sud-Est 35,762 2,545,923 Constanța (425,916)
Sud – Muntenia 34,489 3,136,446 Ploiești (276,279)
București - Ilfov 1,811 2,272,163 Bucharest (2,272,163)
Sud-Vest Oltenia 29,212 2,075,642 Craiova (356,544)
Vest 32,028 1,828,313 Timișoara (384,809)

Kasa ahodoɔ

Romania 
Map of Romanian language frequency as spoken in Romania by districts (according to the 2011 census)
Romania 
Map highlighting the use of the Romanian language worldwide, both as a native and as a foreign language

Kasa ahodoɔ a ɔman no mmara ma ho kwan wɔ Roman, ne kasa a yɛfrɛ no sɛ Romance kasa (ɛno na nnipa dodoɔ no ara ka no wɔ Eastern Romance branch), a ɛne kasa ahodoɔ bi te sɛ Aromanian, Megleno-Romanian, ne Istro-Romanian kasa nyinaa wɔ biribi a ɛsesɛ, na mmom ɛne kasa ahodoɔ pii te sɛ Western Romance languages nso wɔ nnoɔma bi a ɛsesɛ titireɛ ne Italian, French, Spanish, Portuguese, ne Catalan.

Romanian alphabet no wɔ atwerɛdeɛ ahodoɔ aduonu nsia (26) a ɛte sɛ standard Latin alphabet no ankasa, a ɛne atwerɛdeɛ ahodoɔ num ahyɛnsodeɛ nso wɔ ho no bi te sɛ (yei ne ă,â,î,ț, ne ș), ne nyinaa ka bɔm a ɛyɛ aduasa baako (31).

Romanian yɛ kasa a nnipa dodoɔ bɛyɛ ɔha mu aduokron (90%) ka no sɛ wɔn kasa a ɛdikan, wɔ ɔman no mu nipa dodoɔ nyinaa, berɛ a ɛbi nso ka Hungarian a wɔn dodoɔ yɛ nipa no mu ɔha mu nkyekyɛmu nsia ne akyire pɔ mmienu (6.2%) ne Vlax Romani kasa no a wɔn nso dodoɔ yɛ ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyire pɔ mmienu (1.2%).







Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Romania Fahodie ne amanmuoRomania Wiem nsakyeraeɛ ahodoɔ[8]Romania Administrative mu nkyekyɛmu ahodoɔRomania Kasa ahodoɔRomania Baabi a menyaa mmoa firiiɛRomaniaAbout this soundBucarestFile:Tw-Romania.oggTw-Romania.ogg

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Ebola yareMmoaFrancis Adu-PokuAniwaAndrej PlenkovićNamibiaMimi PlangeDaesoBeyoncéAboakyere AfahyɛViennaEdward Aliedong AlhassanNkranTipayɛMarcel DesaillyKeteke gyinabeaNana Ama Dokua Asiamah-AdjeiSamarra na ɔkyerɛweeNew Patriotic PartyRoger FedererƐlɛktrisitiAmsterdam AbankɛseɛSerbiaStrasbourgNew DelhiJapanKristofoModestus Yao Z. AhiableDetroitYaaBonwire Ntoasoɔ SukuuBenadaSanaaƆmanpanin (aban abodin)Lopé National ParkMumbaiKanadaPiacenzaColombiaAlgorithmDwomFieve Kpor Legba AfahyɛIgnatius Baffour-AwuahAhinimeKhabarovskAbenaGhana AkannifoBrkikisiAku SikaKøbenhavnBurundiAbeiku Nyame QuansahDamaskɔsGenesisAzerbaijanEmmanuel Nii Ashie MooreAsaanaAtifi Mantam (Ghana)BukarestMmaraIndonesia🡆 More