Ɔgyefuo

Ɔgyefuo(pronounciation of Ɔgyefoɔ (help·info)) yɛ bosome a ɛtɔ so mmienu wɔ afe mu.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛwɔ nna aduonu nwɔtwe nanso ɛduru afe mfenhyia nnan biara a, ɛdane yɛ nnafua aduonu-nkron ma nna dodoɔ a ɛwɔ saa afe no yɛ ahaasa aduosia-nsia. Ɔgyefuo yɛ bosome a ɛda Ɔpɛpɔn ne Ɔbɛnem ntɛm wɔ Akanfoɔ bosome du-mmienu nu mu.

Abakɔsɛm

Ɔgyefuo yɛ edin a Akanfoɔ de frɛ bosome a ɛtɔso mmienu wɔ afe mu. Ɔgyefuo yɛ Ɔpɛ berɛ bosome a ɛsi wɔ afe mu. Akanfoɔ afe no gyina biribiara wɔ frɛ no adaduanan so a ɛkyerɛ bosome no ahyiaseɛ ne awieɛ. Akanfoɔ bosome nu yɛ soronko ne 'Gregorian Calendar' bosome no nanso esan awiem nsakraeɛ nti no Ogyefuo gyina hɔ ma February wɔ Brɔfo kasa mu. Ogyefuo yɛ Ɔpɛ berɛ nti ewiem tumi yɛ wesee ɛna awɔ ne ahuhuro nso tumi ba. Wɔ Latin kasa mu no, Ɔgyefuo kyɛre sɛ dwira ho anaa te ho.

Nna atitirew anaa nnapɔnna wɔ bosome no mu

Gaana, bosome bia wɔ da soronko a wɔde kyerɛ biribiara a ɛfa Ɔman no ho. Wɔ Ɔgyefuo bosome mu, nkae nna bi ne: National Chocolate Day anaa Adɔfoɔ da 'valentines day' wɔ Brɔfo kasa mu; ɛyɛ a yɛ de kyerɛ ɔdɔ ɛdi. Saa da yi Gaanafoɔ tɔ chocolate ma wɔn adɔfuo, wɔ san nso de karma Cocoa mfasoɔ a ɛde berɛ ɔman nu. Saa ɛda yi yɛ ɛda ɛtɔso du-nnan wɔ bosome no mu. Wɔ Ogyefuo bosome no mu na Krobɔfoɔ yɛ Dipo afahyɛ.

Hwehwɛ pii ka ho

Akan Calendar

Dipo

Chocolate day (Ghana)

Ɔpɛpɔn

Ɔbɛnem

Ɔpɛnimaa

Babia a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Ɔgyefuo AbakɔsɛmƆgyefuo Nna atitirew anaa nnapɔnna wɔ bosome no muƆgyefuo Hwehwɛ pii ka hoƆgyefuo Babia a menyaa mmoa firiiɛƆgyefuoAbout this soundFile:Tw-Ɔgyefoɔ.oggTw-Ɔgyefoɔ.ogg

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Francis AmpofoJohn Darlinton BrobbeyAmerikaMumbaiGhana kasa ahodoɔNnuaMoses Dani BaahKeteke gyinabeaAndrej PlenkovićNkranHanshin Asono a wɔyɛAbawoYouTubeAlgorithmNtoasoɔ SukuuKundum AfahyɛAfua AsantewaaMohammed Adamu RamadanEnglishNamibiaSanaaKratafa TitiriwKairoBolognaLady GaGaNew Patriotic PartyUniversité de VersaillesFanteNnwomMauritaniaBotswana Adan Adwumakuw Adwumayɛfo Kuw (Botswana Housing Corporation Staff Union)John Kwadwo GyapongAniwaKwawuAtlantaOblayoAfiaBuenɔs AiresTwiMmarahyɛbadwaniAto QuarshieAbakɔsɛmAmedabadVanessa ParadisBrisbaneHaruna IddrisuAndorraBrkikisiLibiaPortugalKwaisey PeeTetracera affinisMalawiWim nsakrae wɔ GhanaGloria SarfoView total pagesƐpo so hyɛnNkuro a ɛwɔ GhanaUniversal code of conduct🡆 More