Akwasi Osei-Adjei

Akwasi Osei-Adjei (wɔwoo no Ɔpɛnimaa 27, 1949) yɛ Ghana mmarahyɛ baguamuni.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuw no mu ni. Ɔsom sɛ mmarahyɛ baguamuni ma Ejisu-Juaben mpɛsua wɔ Asante mantam mu.

Hon.
Akwasi Osei-Adjei
Member of Parliament for Ejisu-Juaben Constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoMohammed Boakye Agyemang
AnanmusiniKwabena Owusu Aduomi
Ne ho asɛm
Awo bere27 December 1949 (1949-12-27) (age 74)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Amanyɔsɛm

Osei-Adjei dii nkonim wɔ Ghana 2005 abatow no mu. Ɔsan gyinaa wɔ Ghana abatow mu mpɛn anum na ɛno nso odii nkonim. Wɔ 2003 no, na ɔyɛ Ghana Ɔsoafo Abadiakyiri ma Aguadi ne Nnwuma. Ɔbɛyɛɛ Ghana Ɔsoafo a ɔhwɛ Amanɔne Nsɛm so fi Kitawonsa 2007 kosi Ɔgyefuo 2009.

Abatow

Osei-Adjei bɛyɛɛ mmrahyɛ baguamuni ma Ejisu-Juaben mpɛsua wɔ Asante mantam bere a edi kan wɔ Ghana 1996 abatow mu. Ɔde mma 45,648 mu 34,521 na edii nkonim. Eyi gyina hɔ ma mma no mu 63.20%.

Wɔ 2000 no, ɔsan dii nkonim wɔ Ghana abatow mu. Na ne mpesua ka mpɛsua 31 a New Patriotic Party nyaa wɔ Asante Mantam wɔ saa abatow no mu. New Patriotic Party nyaa mma 42,605 mu 33,128 na wɔde dii nkonim. Eyi gyina hɔ ma mma a wɔtow no mu 78.8%. Osei-Adjei dii Adamu B. Jibreel a ogyina maa Peoples' National Convention, Kwasi Adusei a ogyina maa National Democratic Congress, George M. Osei a ogyina maa National Reformed Party ne Kwasi Baidoo a ɔno nso gyinaa hɔ maa Convention People's Party. Eyi nyaa mma 7,262, 829, 422 ne 420 a egyina hɔ ma mma no mu 17.3%, 2%, 1% ne 1%.

Wɔsan too aba maa Osei-Adjei wɔ Ghana 2004 abatow mu. Na ne mpesua ka mpɛsua 36 a New Patriotic Party nyaa wɔ Asante Mantam wɔ saa abatow no mu. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛ bagua nkongua 230 mu 128 wɔ saa abatow yi mu. Ɔde mma 64,459 mu 50,396 na edii nkonim. Eyi gyina hɔ ma mma no mu 62.9%. Osei-Adjei dii Kaba Abraham Hirohito Younti a ogyina maa Peoples’ National Convention, Anima Wilson a ogyina maa National Democratic Congress ne Kwasi Baidoo a ogyina maa Convention People's Party wɔ abatow no mu so nkonim. Eyi mma 1,375, 11,058 ne 1,630 wɔ abatow no mu a egyina hɔ ma mma no mu 2.1%, 17.2% ne 2.5%.

Beae a menyaa nsem no fii

Tags:

GaanaƆpɛnimaa

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Juabeso (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)NorwayUnited KingdomOttawaIndianapolisJapanBenjamin Yeboah SekyereKadisVeneziaBenjamin Kofi AyehBetty Crosby MensahEwiaObubuoAustriaZukiswa WannerNsawansawaPalisota hirsutaAbibremSpainFrauenkirche (München)St. LouisOforisuoVolgogradOwuoEmpire State BuildingSaint PetersburgƐkrɔNkyifie AfahyɛBelarusChop BarChristian Kwabena AsanteChan ChanAgbadzaRomaniaMpenatweɛOl Doinyo LengaiYawoadaAlençonGhanaAkaraMfinimfini Mmere mu Nkaedum a ɛwɔ KosovoƐpoBonsaasoNepalBangkokƆbarima ne ɔbaa nna mu banbɔShangaiLady GaGaOxfordEfiadaUniversal code of conductJohnson Asiedu NketiahEssenLatviaKudoɔHenryk Jan Dominiak Tete Nneɛma Akorae a Ɛhwɛ Adwumayɛfo Adwinni nketewa So wɔ TychyKusebko Larere AfahyɛKairoAkwasiPolandBostonNew YorkWiemhyɛn gyinabea🡆 More