Ɔgyefuo(pronounciation of Ɔgyefoɔ (help·info)) yɛ bosome a ɛtɔ so mmienu wɔ afe mu.
Ɛwɔ nna aduonu nwɔtwe nanso ɛduru afe mfenhyia nnan biara a, ɛdane yɛ nnafua aduonu-nkron ma nna dodoɔ a ɛwɔ saa afe no yɛ ahaasa aduosia-nsia. Ɔgyefuo yɛ bosome a ɛda Ɔpɛpɔn ne Ɔbɛnem ntɛm wɔ Akanfoɔ bosome du-mmienu nu mu.
Ɔgyefuo yɛ edin a Akanfoɔ de frɛ bosome a ɛtɔso mmienu wɔ afe mu. Ɔgyefuo yɛ Ɔpɛ berɛ bosome a ɛsi wɔ afe mu. Akanfoɔ afe no gyina biribiara wɔ frɛ no adaduanan so a ɛkyerɛ bosome no ahyiaseɛ ne awieɛ. Akanfoɔ bosome nu yɛ soronko ne 'Gregorian Calendar' bosome no nanso esan awiem nsakraeɛ nti no Ogyefuo gyina hɔ ma February wɔ Brɔfo kasa mu. Ogyefuo yɛ Ɔpɛ berɛ nti ewiem tumi yɛ wesee ɛna awɔ ne ahuhuro nso tumi ba. Wɔ Latin kasa mu no, Ɔgyefuo kyɛre sɛ dwira ho anaa te ho.
Wɔ Gaana, bosome bia wɔ da soronko a wɔde kyerɛ biribiara a ɛfa Ɔman no ho. Wɔ Ɔgyefuo bosome mu, nkae nna bi ne: National Chocolate Day anaa Adɔfoɔ da 'valentines day' wɔ Brɔfo kasa mu; ɛyɛ a yɛ de kyerɛ ɔdɔ ɛdi. Saa da yi Gaanafoɔ tɔ chocolate ma wɔn adɔfuo, wɔ san nso de karma Cocoa mfasoɔ a ɛde berɛ ɔman nu. Saa ɛda yi yɛ ɛda ɛtɔso du-nnan wɔ bosome no mu. Wɔ Ogyefuo bosome no mu na Krobɔfoɔ yɛ Dipo afahyɛ.
This article uses material from the Wikipedia Twi article Ɔgyefuo, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.