John Darlinton Brobbey

John Darlington Brobbey yɛ Ghana amanyɔni ne ekuoba a ɔdikan wɔ mmarahyɛbedwam ɛwɔ adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana a na ɔyɛ anamɔnsini ma Kade mpɛsoaso na ɔhyɛ kyineɛ amanyɔkuo a ɛyɛ National Democratic Congress (NDC) ase.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
John Darlington Brobbey
Member of Parliament for Kade
ƆmanpanyinJohn Kufour
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Ne ho asɛm
Awo bere11 July 1939 (1939-07-11) (age 84)
Sukuu a w'akɔManchester University, Sheffield Polytechnic and Slough College of Higher Education.
N'adwumaPersonal Manager

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Adesua

Yɛwoo Brobbey wɔ Kitawonsa da a ɛtɔ so dubaako wɔ afe apem ahankron ne aduasa nkron. Ɔkɔɔ Mankyɛsta Sukuupɔn, ''Shiffield Polytechnic'' ne ''Slough College High Education'', babia onyaa ne abodin wɔ adebɔ nyansahu mu, adansedie nkrataa ne abodin a onya firii sukuupɔn ntoasoɔ mu wɔ adwene nhwehwɛ mu, nwomasua nhyehyeɛ ne ankorakora ntotoeɛ mu. Na ɔyɛ adwuma sɛ ankorakora ntotoeɛ ansana ɔrekɔ mmarahyɛbedwam.

N'abrabɔ

Brobbey yɛ Kristoni.

Amanyɔsɛm

Ɔhyɛ ne amanyɔsɛm nwuma ase wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu bere a ɔbɛyɛɛ anamɔnsini wɔ mmarahyɛbedwam de maa kyineɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress sɛ ɔgyina ama ne mpɛsoa wɔ Apueɛ Mantam a ɛwɔ Ghana ɛnam afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) abatoɔ wɔ Ghana mmarahyɛbedwam.

Ɔno na odikan a yɛde no sii so wɔ mmarahyɛbedwam wɔ Adehyeman a ɛtɔ so ɛnan wɔ GhanaƆpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiensa ɛwɔ bere a wɔto din sɛ wadi nkonim wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) wɔ Ghana abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu mu no.

Ɔsom mfeɛ ɛnan wiei no, Brobbey hweree n'akɔnnwa no de maa ne sɛsoni a na ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo (New Partriotic Party) Francis Kwame Nyarko. Ɔdii Mercy Owusu - Nimo a na ɔwɔ kyineɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) so nkonim a onya mma no mu mpem dunson, ɔhabaako ne aduowɔtwe nson (17,187) a na ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu aduosa nson ne akyiripɔn aduokron (37.90%) wɔ bere a abatoɔ no kɔɔ ne ewiei na Agyebeng Kumah Panin a na ɔwɔ (People's National Convention) a onyaa mma no mu ahanan ne aduonu baako (421) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu ohunu akyiripɔn aduokron (0.90%) wɔ bere a abatoɔ no kɔɔ ne ewiei wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) wɔ Ghana abatoɔ no mu. Nyarko nyaa mma no mu mpem dunkron, ɔhansia ne dusia (19,616) a ɔgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu aduonan mmiensa akyirripɔn aduasa (43.30%) wɔ abatoɔ no mu. Ɛno akyiri no, obedii so wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson (1997).

Beaɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

Tags:

John Darlinton Brobbey Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne AdesuaJohn Darlinton Brobbey NabrabɔJohn Darlinton Brobbey AmanyɔsɛmJohn Darlinton Brobbey Beaɛ a Menyaa Mmoa FiriiɛJohn Darlinton BrobbeyGaana

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

KotonimmaMansa NetteyDaniel BotweAndre Felix Ɔman Mmoa YɛmmeaEnglandJoseph Kwame KumahPrampram a wɔde yɛ adwumaAlbert Kwame Onwona- AgyemanPeople's Heritage PartyRomaniaDambudzo MarecheraCrystal Mountains Ɔman Mmoa YɛmmeaKwame NkrumahMampong (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)KpandaiUniversity of CambridgeBad CatNufoɔ kokoranVeronaSandra OpokuSan DiegoÉcole nationale de l'aviation civileAmanyɔ kuoElizabeth AdjeiAustraliaBeijingJohn Kwekuchur AckahAlfred LadzekpoGermany AmammerɛYesu KristoBakuSão PauloMumbaiGhana Freedom PartyAngolaKrak des ChevaliersKyivHamilton (Ontario)Main PageAwuradeDambaiAbanga AsubɔntenNana Anima Wiafe-AkentenIranAndrej PlenkovićMmarahyɛbadwaniSalvadorIssah FuseiniMesikoSan AntonioDissotis rotundifoliaNovosibirskAkuraRio de JaneiroAbakɔsɛmSan BassanoAbenaNgyiresiLuke KooAmin Amidu SulemanaElizabeth Afoley QuayeNsuoNasalsaBepɔw EntotoAbibremUnited Kingdom🡆 More