Ɔbea Awode Sɛe

Ɔbea awode sɛe, FGM, a wɔsan frɛ no ɔbea awode twitwa ne ɔbea twetiatwa, sɛnea Wiase Akwanhosan Ahyehyɛde (WHO) kyerɛ “akwan ahorow nyinaa a wɔfa so yi ɔbea awode anim fa bi anaa anim nyinaa anaa biribi foforo a ɛte saa a wɔyɛ ɔbea awode bere a ɛnyɛ aduruyɛ anaa ayaresa nti na wɔreyɛ saa.” Wɔyɛ FGM sɛ amammere ade wɔmmusuakuw wɔ aman aduonu asɔn mu Sahara anafo ne Afrika Atifi apuei, ne Asia, Apuei Mfinimfini ne atukɔfo mu wɔ mmeae afoforo.

    Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Mfe a obi bedi ansa na wɔayɛ no eyi gu ahorow, fi nna kakra wɔ awo akyi kosi bere a wafi bra ase; wɔ aman a wɔbɔ ho amaneɛ no, emu fa kyere sɛ emu dodow no ara na wɔde yɛ mmea a wonnii mfe anum.

Ɔkwan a wɔfa so yɛ eyi no gu ahorow, na egyina abusuakuw no so. Nea ɛka eyi ho ne yi a woyi(fa bi anaa ne nyinaa ɔbea awode ano ne awode ano nkataso awode no ano nyinaa anaa ne fa bi ne awode no anim; na nea ɛkɔ akyiri mu no infibulation ne nyinaa anaa ne fa bi ne awode anim ne n’ase a wɔkata ani. Wɔ ɔkwan a etwa to yi mu, a WHO frɛ no Type III FGM, wogya tokuru ketewa na ama ɔbea no atumi adwensɔ na wayɛ bra, na wobue n’ase tokuru no mu na ama ɔne barima atumi ahyia na wawo nso. Akwanhosan ho nsunsuanso gyina ɔkwan a wɔfaa so yɛe no so ebi ne nyarewa a ɛba bere ne bere mu, ɛyaw a ano yɛ den, kotoku a ahyɛ nsu, nyinsɛn a ɛmma, awo mu ɔhaw ahorow ne mogyatu.

Adeyɛ yi ase fi bɔbeasu ho nhwehwɛanim, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhyɛ mmea so, ne nsusuwii a ɛfa krɔnnyɛ, ahobrɛase ne hwɛbea. Mpɛn pii no mmea na wɔtaa yɛ, na wobu no sɛ ɛma nidi, na wosuro sɛ sɛ wɔamma wɔn mmabea ne wɔn nananom anyɛ a, ɛbɛma mmea no ahyia ankonamyɛ wɔ mpɔtam hɔ. Mmea bɛboro ɔpepem ɔha aduasa na wɔayɛ wɔn FGM yi bi wɔ aman aduonu akrɔn a ɛrekɔ so wom no mu. Nnipa bɛboro ɔpepem awotwe na wɔatwa wɔn twetia yi, na wohu eyi titiriw wɔ Djibouti, Eritrea, Somalia ne Sudan.

Wɔabara anaasɛ wɔde anohyeto ato FGM so wɔ aman a ɛrekɔ so wom pii mu, nanso mmara ahorow no nnyɛ adwuma. Amanaman abɔ mmɔden fi 1970 mfe no mu sɛ wɔbɛma nkurɔfo agyae adeyɛ yi, na wɔ afe 2012 mu no Amanaman Nkabom Nhyiam Kɛse, sii gyinae sɛ FGM yɛ obi fahodi a wɔsɔre tia. Ebinom kasa tia sɔre a wɔsɔre tia adeyɛ yi, ne titiriw nnipa abakɔsɛm animdefo.Eric Silverman kyerɛw sɛ FGM abɛyɛ asɛm titiriw a nnipa abakɔsɛm nhwehwɛmufo de wɔn adwene asi so, na ɛma nsɛntitiriw binom sɔre faamammere a egu ahorow, afoforo nneyɛe a wɔma ho kwan ne nnipa fahodi ho mmara a wɔma ɛfa obiara ho no.

Nsεm afoforo

Nkyekyem:Gao lazamankwala

Tags:

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

EhyiaMohammed HarunaBerɛ tenten mu wien bɔberɛKristosomVyborgWashington, D.C.VietnamTano South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)LondonNana Akufo-AddoUmar Abdul-RazakRichard QuashigahHungaryDetroitFloruitMinskAlexander Asum-AhensahAfrican AmericansAlbania🡆 More