Rebecca Akufo-Addo: Awuraa a odi kan wɔ Ghana Amansin mu

Rebecca Naa Okaikor Akufo-Addo(sɛnea yɛbɔ Rebecca Akufo-Addo (help·info)) (a ne fie din de Griffiths-Randolph a ɔwoo no afe apem ahankron aduonum baako, ) no yɛ Ghanani ɔbaa a odikan wɔ Ghana, seisei a ɔyɛ Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo yere, manpanin a ɔtɔso num wɔ kwasafoman a ɛtɔso nan wɔ Ghana.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Rebecca Akufo-Addo
Rebecca Akufo-Addo: Abrabɔ Ahyɛaseɛ, Adwumayɔ, Nafisɛm
Ghana ɔbea panyin
Assumed role
7 January 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoLordina Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere
Rebecca Naa Okaikor Griffiths-Randolph

March 12, 1951 (1951-03-12) (age 73)
Ne manGhanaGhana
NehokaniNana Akufo-Addo
Mma5
Parent(s)Jacob Hackenburg Griffiths-Randolph (father)
Frances Phillipina Griffiths-Randolph (mother)
AdesuaWesley Grammar School
Known forRebecca Akufo-Addo Foundation

Abrabɔ Ahyɛaseɛ

Akufo-Addo hyɛɛ nadesua ase wɔ Achimota School mfitiase sukuu mu. Ɔwiee Wesley Grammar School a ɛwɔ Dansoman, Ghana nkran mantam mu ha. Nawofoɔ ne asɛmdinin Jacob Hackenburg Griffiths-Randolph a na ɔyɛ ɔkyeamenhene wɔ Ghana ahosodie a ɛtɔ so miɛnsa no mmarahyɛ badwamu ɛnale Frances Phillipina Griffiths-Randolph (a nefiedin de Mann).

Adwumayɔ

Rebecca Akufo-Addo toaa nadesua so wɔ Government Secretarial School ma ɔyɛɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔyɛɛ adwuma wɔ Merchant Bank wɔ Ghana ha, na akyire no ɔkɔɔ aburokyire UK. Ɛno akyi no ɔyɛɛ mmara twerɛfoɔ maa Clifford Chance/Ashurst Morris Crispall, a wɔyɛ amanhodoɔ mmaradwuma a ɛwɔ United Kingdom hɔ.

N'afisɛm

Ɔwoo Rebecca Akufo-Addo Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so du-mmienu (12), wɔ afe apem ahankron aduonum baako,(1951) a ɔyɛ Jocob Hackenburg Griffiths- Randolph ba baa a na ɔyɛ mmarahyɛbadwani kyeame wɔ Ghana ɛwɔ kwasafoman a ɛtɔ mmiɛnsa ne Frances Phillipina Griffith's-Randolph (nèe Mann). Ɔkɔɔ Achimota mfitiaseɛ sukuu ne Wesley Grammar sukuu a ne nyinaa wɔ Nkran.

Malaria/ Yarefufuo

Ɔyɛ ahyɛasenin ne titenanin ma Infanta Malaria Prevention Foundation a wɔtee no afe mpem mmienu ne num (2005) sɛ wɔdereboa ɔman nhyehyɛeɛ a ɛrebrɛ motafowa ne mmɔfra atridii yadeɛ ase. Rebecca ne Nana Addo Dankwa Akufo-Addo aware mfeɛ aduonu mmienu (22). Afe mpem mmienu ne du-nson (2017) mu no, na wɔdii wɔn mfe aduonu awareɛ afahyɛ. Wɔwɔ mmabaa enum ne nananom enum.

Wɔsii Rebecca Akufo-Addo nkɔsoɔhemaa wɔ Adamanmu wɔ Ɔsanaa bosome no mu wɔ Afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu, berɛ a na wɔredi wɔn Asafotufiami afahyɛ a ɛtɔ so aduowɔtwe mmienu (82) no. Ne nkodwadin de Naana Ode Opeor Kabukie I.

Akufo-Addo yɛ Accra Ridge Church asɔreba na ɔyɛ ɔkyitaanin ma Infanta Malaria tuwohoakyɛ kuo a wɔn botaeɛ ne sɛ ɔbɛsi mmɔfra atridii yadeɛ ano kwan.

Rebecca Akufo-Addo Foundation

Ɔtee Rebecca Akufo-Addo Foundation wɔ Afe mpem mmienu ne du-nson (2017) mu a ɔde bɛboa aban nnwuma.wɔ mmaa ne mmɔfra ho. Afe mpem mmienu ne du-nson (2017)mu no, Rebecca Foundation ne Licang District Experimental School a ɛwɔ Qindao wɔ China no hyehyɛɛ nkrataa a ɛbɛma wɔn sukuufoɔ edu akɔ wɔn yɔnko manmu afe biara. Wei yɛ nhyehyɛe a wɔpɛɛ sɛ wɔde bɛhyɛ aman mienu yi mu asuafoɔ no akansie, adesua ne amamerɛ mu kena.

Ahineme bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe (2018) mu no, Rebecca Foundation hyɛɛ adwuma a ɔtoo din "Sua akenkan na kekan fa sua adeɛ." Wei yɛ deɛ ɛbɛma mmɔfra ani agye akenkan ho. Dwumadie no botaɛ bi ne sɛ wɔbɛsi akenkanbea bebree wɔ ɔman no mu, na wɔde nhyɛhyɛe ahodoɔ a ɛbɛma akenkan ne adesua ayɛ mmɔfra akɔnnɔ.

Obubuo bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe (2018) mu na wɔpaa dwumadie bi a wɔtoo din "Efirisɛ mepɛ sɛ me yɛ" ho ntoma. Dwumadie no bɛboa sɛ onnibie mmaayewa sukuukɔ bɛkɔ so.na afei wɔn a wɔannwie sukuu nso aboa wɔn adwumasua.

Afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu no Foundation no sii Pediatric and Intensive Care Unit (PICU) wɔ Korle Bu Teaching Hospital. Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) no mu nso na ɔdaa "Free to Shine" adi. Ne botaɛ ne sɛ ɛbɛsi AIDS yadeɛ a ɛna de ma ɔba awoɔ mu no kwan, sɛdeɛ Organization of African First Ladies Against HIV and AIDS (OAFLA) ahyehyɛ no.

Ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu no Foundation no kyɛɛ ayaresahyɛn nsia maa ayaresabea ahodoɔ a ɛbɛpagya yarehwɛ mu. Wɔn "Save the Child, Save the Mother" dwumadie no sii Baby Care Unit (MBU) ne Pediatric Intensive Care Unit (PICU) wɔ Komfo Anokye Teaching Hospital. Wɔn a wɔboaa Foundation no ne Multimedia Group, Komfo Anokye Teaching Hospital, Manhyia Palace ne Government of Japan. Saa dwumadie yi botaɛ ne sɛ ɛbɛte ɛna ne ɔba wuo awoɔ mu.

Ɛbɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu no ɔde adesrɛ a ɔde repɛ mmaa nkɔsoɔ too United Nation General Assembly anim. Ɔhwehwɛɛ sɛ ɛbɛboa mmaa ama wɔatumi ahwɛ wɔn fie ne wɔn mpɔtam yie. Na ɛyɛ nkyɛn dwumadie a Organization of African First Ladies for Development (OAFLAD) yɔɔɛ a wɔtoo din sɛ “Renewing commitment towards enhancing gender equality and women’s empowerment in Africa

Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) no mu na Foundation no Terema Women Empowerment Initiative dwumadie ne National Board for Small Scale Industries tetee mmaa saminayɔ mu. Ɔgyefuo bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) no Rebecca Foundation de nnuane a ɛsom sika GHS15,000 faa Enhancing the Youth through Education and Health (EYEH) "Soup Kitchen" dwumadie so maa mmɔfra a wɔte Accra mmɔnten so. Oforisuo bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) yi ara mu no Foundation nam ne 'Relief Boxes Challenge' kyekyɛɛ adom-nnoɔma maa SOS Children's Village. Saa nhyehyɛeɛ yi boaa Ghana aban aduanekyɛ a ɔde faa akuo so maa amanfoɔ korona fietena berɛ no.

Babia menyaa mmoa firiiɛ

Nkekahoɔ

Tags:

Rebecca Akufo-Addo Abrabɔ AhyɛaseɛRebecca Akufo-Addo AdwumayɔRebecca Akufo-Addo NafisɛmRebecca Akufo-Addo FoundationRebecca Akufo-Addo Babia menyaa mmoa firiiɛRebecca Akufo-Addo NkekahoɔRebecca Akufo-AddoAbout this soundFile:Tw-Rebecca Akufo-Addo.oggGaanaGhanaNana Akufo-AddoTw-Rebecca Akufo-Addo.ogg

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

AmerikaSierra LeoneNtfombi of EswatiniSagrada FamiliaAhomatrofoɔDemocratic People's Party (DPP)AtakhebaskenUniversity of CambridgeAblekuma North (Ghana mmrahyɛbedwam mpɛsoa)KlεwεlandSergio MattarellaIllinoisMilwaukeeAmanipiladeLe HavreNew Patriotic Party (NPP)Marietta Brew Appiah-OppongMago Ɔman Mmoa YɛmmeaAnidasoMario BeccariaSekhmakhKyiliKwawuNew YorkSainte Anne Po so Ɔman Mmoa YɛmmeaHenutirdisNana Akufo-AddoLa DéfenseJulius CaesarUhuru NkaedumChibaƐhyɛnNiumi Ɔman Mmoa YɛmmeaDamba AfahyɛCecilia DapaahMaletasenApoo AfahyɛTswanaNigeriaPakistanAkanda National ParkBradley CooperPiankhherSt. LouisShanakdakheteƆhotefo George Asɔredan, LalibelaKwaɛAl GoreTunisNamibiaLoango Ɔman Mmoa YɛmmeaMdinaMalaysiaAkwasi AfrifaIrakObooLeedsAhinimeLübeckPerthAsaasepɔnTheresa KufuorPatrick Awuah Jr.Turkey🡆 More