Patrick Awuah Jr.

Patrick Awuah, yɛ Ahyɛasi Sukuupɔn - sukuu a ɛnhwehwɛ sika mu na ɛde ne ho fi aban ho - no hyehyɛfo ne ne kannifo a ɛwɔ Nkran, Ghana no, na wɔbue sukuu yi wɔ afe 2001 mu na ne sukuufo no wie wɔ 2005 mu.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛbere a ɔtenaa United States ɛkɔ bɛyɛ mfe aduonu no, Awuah san n'akyi baa Ghana, beae a ɔbesii Ahyɛasiɛ Sukuupɔn no. Nnipa a ɔde fii sukuupɔn no ase yɛ 30 pɛ, nanso nnɛ, ɔwɔ sukuufoɔ bɛboro 791. Awuah adi mfe 47, wɔaware ɔwɔ mma mmienu.

Patrick Awuah Jr.
Patrick Awuah Jr.
Awo bere1965
Ne manGhana
CitizenshipGhana
Sukuu a w'akɔAchimota School
UC Berkeley,
Swarthmore College
Yɛnim no sɛAshesi University
NehokaniRebecca Awuah
AwardsMacArthur fellowship

Asɛmfua Ahyɛasiɛ (a ɛkyerɛ "mfitiase" wɔ Akan, Ghana kasa biako mu no) yɛ sukuupɔn a wɔde mfe anan na ɛkɔ a efi ase fi guadi kosi tɛknɔlɔgi ne akanni ho nsɛm

Adwumasɛm

Patrick G. Awuah, Jr. ayɛ adwuma pɛn sɛ "Program Manager" ama Microsoft nkorabata a ɛwɔ Seattle no atoa so a ɛkɔ bɛyɛ mfirihyia du bere a ɔfii ne man mu bere na ɔyɛ aberantewa no. Ɔdii nea wɔfrɛ no dial-up kɔmputa tɛknɔlɔgi ho nsɛm bere a na ɔyɛ adwuma wɔ Microsoft no. Awuah fii ase nyaa sika ɔpepem pii bere mpo a na ɔnya mfe aduasa. Ne nyinaa mu no, ɔgyaw adwuma a na sika wom sɛɛ too hɔ.

Awuah kɔɔ United States sɛ ɔrekɔ sukuupɔn. Bere a na ɔwɔ Amerika no, ɔbɛyɛɛ ɔwofo na ɛno ma osusuw hia a Afrika ho hia ma ne mma ntetee ne ne mma mma ho. Awuah dwene ho sɛ ɛnde ɔbɛba n'akyi aba Afrika, ne man Ghana na wɔabɛyɛ biribi de aboa ama ne man anya nkɔso wɔ sikasɛm mu ne afei wɔn sukuu nsɛm mu. Ɔtee nka wɔ ne komam sɛ na ɛho hia sɛ wɔsakra Ghana sukuukɔ mu nsɛm, a ɔn sukuukɔ mu na wɔatwe adwene asi akannifo a wɔwɔ tema na ɛno bɛma ne man Ghana atu mpɔn paa.

Nea ɛbɛma ne botae a esi n'ani so no wɔadu ho no, ɔhan dan, beae a ɔde yɛɛ ne ɔfise, nhoma kenkan beae, kɔmputa adesua beae, sukuudan, ne adidibea bere a ɔbaa Ghana no. Na ontumi ntoa so sɛ woannya mmoa afi adɔeyɛfo ne sukuu adekyerɛ sika a ɔnyae no a. Ne sukuupɔn no de, ɔgye tom paa sɛ afoforo ntoboa na ɔde totɔ sukuu no ho nneɛma pii and otumi de bi nso ma sukuufo no skɔlahyip (emu bɛyɛ 40%-50%).

Awuah anisoadehu ne sɛ ɔbɛtrɛw sukuupɔn bi mu a, ɛbɛtwe adwene asi adepa, suban pa, ne ankorankora mmɔdenbɔ so na aboa ama Afrika agyina ne nan so a ebebue kwan ama nnwuma nnwuma atumi atwe ne ti na ayɛ nhwɛsode ama Afrika aman pii.


"While I was at Microsoft, the annual revenues grew larger than the GDP of the Republic of Ghana." -Patrick Awuah

Sukuu nsɛm

Ɔkura Bachelor Abodin Krataa wɔ Engineering ne Sikasɛm mu a ɔnyaa wɔ Swarthmore Sukuupɔn ne MBA a ɔnyaa wɔ UC Berkeley's Haas Sukuu a wɔkyerɛ Guadi. Wɔ 2004 mu no, Swarthmore maa Patrick abasobɔde esiane ne akanni wɔ Afrika sukuupɔn adesua nsɛm mu.

Abasobɔde & N'akuw ahorow

Wiase Nyinaa Sikasɛm bɔɔ din frɛɛ Patrick sɛ Wiase Nyinaa Kannifo wɔ afe 2007 mu; na esiane ne som pa ma Ghana nti, onyaa Order of the Volta fekuw no mu kyɛfa a Onuanyamfo, Ɔmanpanyin John Agyekum Kufuor de mae wɔ 2007 mu. Order of the Volta no yɛ abasobɔde a ɛso paa yiye wɔ Ghana a wɔde ma wɔn a wɔada wɔn ho adi wɔ ɔsom pa a wɔde ma wɔn man no mu.

Wɔ November 2009 mu no, onyaa abasobɔde mmienu: Microsoft afe 2009 Alumni Foundation "Integral Fellow" a wɔde ma wɔn a wɔaboa pii denam wɔn dom akyɛde so, wɔn bere, ne nea wɔwɔ nyinaa de boa, ne John P. McNulty Prize, Aspen Institute a ehu mmerante ne mmabaa a wɔadwene mu abue, wɔnim adwuma na wɔkɔ so boa ne mpɔtam dwumadi no.

Madeleine Albright ne Bill Gates a wɔyɛ Melinda Gates Foundation no titrani maa Awuah sika a ne dodow yɛ $100,000 wɔ November 5, 2009 mu wɔ New York Wɔde saa sika no ma Aspen Wiase Nyinaa Akanni Nkabom a wiase adwumakuw ahorow, aban, ne mpɔtam akannifo ka ho. Na Awuah ka nnipa anum a wɔpaw wɔn etwa to no ho.

"In Patrick Awuah we have found not only immense personal leadership in founding Ashesi, one of the African continent’s first liberal arts universities, but in the school’s commitment to ethics and civics as a central part of education, he has guaranteed future generations of leaders for Ghana, Africa, and the world." -Patrick Awuah

Wɔ May 2010 mu no, wɔpaw no sɛ Ghana's Most Respected CEO a ɔtɔ so 8 wɔ nnipa du a wɔpaw wɔn no mu.

Wɔ December da a ɛtɔ so 4, 2010 mu no, wɔmaa no Millenium Excellence Abasobɔde ma Adesua Nkɔanim ho mu.

Ɔka Africa Leardership Initiative no ho (Aspen Global Leadership Network nkorabata biako no no), United States Council of Foreign Relations, Pacifi Council ma International Policy ne United States Tau Beta Pi abasobɔde kuw ma engineering no ho.

Abasobɔde/Kuw a Ɔka ho Ahyehyɛde Afe
Fellow of the African Leadership Initiative Aspen Global Leadership Network NV
Member, US Council of Foreign Relations NV NV
Member, United States Council on Foreign Relations, the Pacific Council of International Policy NV
Member: Tau Beta Pi Honor Society for Excellence in Engineering. Example Example
Member, TED Fellows Program Example 2007/2009
Awarded Membership of the Order of the Volta by his Excellency President J.A. Kufuor Ghana 2007
2005 Person of the Year Ghana Web 2005
Young Global Leader World Economic Forum 2007,
Honorary Doctorate Swarthmore College 2004
Winner, "Integral Fellow" award Microsoft Alumni Foundation 2009
Winner, John P. McNulty Prize Aspen Institute 2009
Ghana’s 8th Most Respected CEO PricewaterhouseCoopers 2010
Winner, Educational Development Millennium Excellence Awards, Ghana 2010

Nkekaho



Nkyekyem:Nnipa ateasefo Nkyekyem:Gaanafo

Tags:

Patrick Awuah Jr. AdwumasɛmPatrick Awuah Jr. Sukuu nsɛmPatrick Awuah Jr. Abasobɔde & Nakuw ahorowPatrick Awuah Jr. NkekahoPatrick Awuah Jr.Ahyɛasiɛ SukuupɔnGhanaNkran

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

MaltaSpanishƐpoKwasiadaObuobia Darko-OpokuKojo ThompsonObubuoFam tutu Beae a Ɛwɔ SabrathaNetherlandsUkraineWhatsAppAlbaniaVo Nguyen GiapAprawaPatience PomaryvietnamHenryk Jan Dominiak Tete Nneɛma Akorae a Ɛhwɛ Adwumayɛfo Adwinni nketewa So wɔ TychyEssenBurundiOklahoma CityDaesoGladys EntiUgandaBosomeLivornoKubeBeninSyriaKokoramBuilsa North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Ɛpo so hyɛnDiyonBernice OffeiBrest (France)Kusebko Larere AfahyɛDresdenParisSamuel Sallas MensaBozoma Saint JohnMarrakechKadisAlgeriaMonte Águila, KyiliAngolaDiyarbakırAzerbaijanNkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa(Sustainable development)MansiniAyamkuroHamdya AbassAhanta languageNew YorkEbola yareKorea anaafoɔLatviaAl GoreChristian Kwabena AsanteTunisNnuaAlfred John OcanseyAwudieRostov-na-DonuChan ChanAduane🡆 More