Ɛbɔ(pronounciation of Ɛbɔ (help·info)) yɛ bosome a ɛtɔ so nkron wɔ afe no mu.
Ɛyɛ bosome a ɛhyɛ Ɔsanaa ne Ahinime abosome no ntɛm. Ɔsanaa bosome no na edi Ɛbɔ bosome no anim wɔ afe no mu na Ahinime bosome no di ɛbɔ bosome no akyi wɔ afe no mu. Ɛbɔ bosome no wɔ nnafua aduasa. Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so mmiensa a ɛwɔ nnafua aduasa wɔ afe no mu. Saa bosome yi wɔ nnafua aduasa te sɛ abosome Oforisuo, Ayɛwohummumɔ ne Obubuo.
Ɛbɔ yɛ edin a Akanfoɔ de ma bosome a ɛtɔ so nkron wɔ afe no mu. Ɛbɔ borɔfo din de September. Ɛbɔ bosome yɛ osutɔ berɛ. Ɛyɛ berɛ a nsuo tɔ berɛ a ɛtɔ so mmienu hyɛ ase wɔ anaafoɔ fam wɔ ɔman Gaana mu. Ena ɛyɛ nsutɔ berɛ wɔ atifi fam wɔ ɔman Gaana mu.
Kane no na adesua nnabupon no hyɛ ase wɔ ɛbɔ bosome no mu wɔ Gaana nanso corona yareɛ no abɛ sesa no. Ɛbɔ bosome no ho hia wɔ ɔman Ghana mu efiri sɛ, ɔmanpanin a odikan dii Ghana so no, yɛ woo no Ɛbɔ bosome da ɛtɔ so eduanu baako . Me kyerɛ ɔmanpanin Kwame Nkrumah.
Ɛbɔ bosome wɔ afahyɛ wɔde kae Kwame Nkrumah ne Homowo, kundum, Kobine, Akwantutenten, Odwira ne Fetu Afahyɛ a Gaanafoɔ edi.
Daniella Damptey (talk) 15:12, 7 Ogyefuo 2022 (UTC)Daniella Damptey
This article uses material from the Wikipedia Twi article Ɛbɔ, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.