Sweden

Sweden

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sweden
Sweden
Ahenkuro Stockholm
Mpɔtɛm 450 295 km²
Nnipa dodoɔ 10 420 070 ab. (2020)

SwedenAbout this soundpronounciation of "Sweden"  yε ɔman wɔ Northern Europe. Wɔ atɔeɛ ne atifi fam no, ɛne Norway na ɛbɔ hyeɛ, Finland wɔ n'apueɛ fam na ɛne Denmark bɔ hyeɛ wɔ n'atifi atɔeɛ fam. Sweden ne ɔman a ɛso paa wɔ Northern Europe, ɔman a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛso paa wɔ European Union ne deɛ ɛtɔ so nnum wɔ Europe nyinaa. Ɔman no ahenkuro ne Stockholm.Wei ne kuro a ɛso paa wɔ Sweden. Ɔman no mu nnipa yɛ ɔpepem du ne ekyiripɔ nnan(1.4 million). Wei ma no yɛ ɔman a emu nnipa dɔɔso paa wɔ Northern Europe.

Sweden
Sweden

Kasa A Wɔka

Kasa a ɔman no agye tomu ne Swedish kasa no. Ɛyɛ North Germany foɔ kasa a ɛne Danish kasa no ne Norwegian kasa no sɛ paa nanso sɛnea wɔbɔ nsɛmfua din wɔ kasa ahorow yi mu no na ɛma no yɛ soronko. NNipa a wɔka kasahorow mmiɛnsa yi mu biara tumi te ne nyɔnko de ase nkakrankakra.Kasa ahodoɔ a wɔka no wɔ hɔ no bi ne Arabic,Finnish, Sami,Romani, Yiddish ne Meankieli. Swedish bɛyɛɛ kasa a mmara agye atomu wɔ berɛ a wɔhyɛɛ kasa ho mmara foforɔ wɔ Sweden wɔ Kitawonsa 1,2009. Firi afe 1849 awieɛ na Brɔfo kasa no ayɛ adeɛ a ɛwɔ sɛ sukuunii biara a osua Abɔdeɛ Ho Nyansapɛ no sua ka nneɛma a osua no ho. Na wɔyɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ sukuunii biara sua bi wɔ afe 1940 awieɛ.

Nhomasua

Wɔma mmofra argarten' wɔ aban skuul mu.Mmofra a woadi mfeɛ nsia kosi dun-nsia no nso wɔkɔ skuul a mmara ahyɛ sɛ ɛwɔ sɛ obiara a ɔwɔ saa mfeɛ no kɔ. Wɔnhwɛ obi mmɔdenbɔ ansa na w'afa no wɔ saa skuul yi mu,nea ehia ara ne sɛ ɔwɔ mfeɛ a woatwa atohɔ no. Asuafoɔ a wowie gyinapɛn a ɛtɔ so nkron no mu ɔha mu nkyekyemu eduokron (90%) na ɛtoa so kɔ ntoasoɔ skuul mfeɛ mmiɛnsa. Wowie saa ntoasoɔ skuul yi a, wotumi fata sɛ wɔkɔ suapɔn anaa wɔfa wɔn wɔ ndwuma ahorow mu.

Wɔde toɔ ahodoɔ a aban no gyegye no bi na ɛhyɛ sukuu ahodoɔ a ɛwɔ Sweden no mu. Wɔma skuul mmofra a wɔwɔ Sweden nyinaa awiaberɛ aduane.

Wɔ afe 2000 mu no,na nnipa a wɔwɔ Sweden no mu ɔha mu nkyekyem eduasa-mmienu (32%) awie suapɔn.

Dawurubɔ Adwuma

Sweden ka aman a wɔde dawurubɔ nkrataa di dwuma paa wɔ wɔ wiase nyinaa no ho. Ɛkame ayɛ sɛ ekuro biara a ɛwɔ Sweden wɔ nankasa dawurubɔ krataa. Ɔman no dawurubɔ krataa titiriw ne Dagens Nyheter (liberal), Göteborgs-Posten (liberal), Svenska Dagbladet (liberal conservative) ne Sydsvenska Dagbladet. 'Metro International' yɛ anɔpa dawurubɔ krataa a aseɛ firi Stockholm. 'The Local' dawurubɔ krataa no ka ɔman no kaseɛbɔ wɔ brɔfo kasa mu.

Aban adawurubɔ nnwumakuo ahodoɔ a ɛwɔ Sweden nko ara na na ɛbɔ dawuru wɔ ɔman no mu kosi sɛ wɔmaa ankoranko bi nkrataa ma wɔtee wɔn kasafidie adawurubɔ nnwumakuo ahodoɔ wɔ afe 1925 mu. Wofii kasafidie nnwumakuo afoforo ase wɔ afe 1954 mu na wobuee ne ɛtɔ so mmiɛnsa ano wɔ afe 1962 mu maa wɔn a na wonni nkrataa.

Sikasɛm

Sweden ne ɔman a ɛtɔ so dun-nsia a ɛwɔ sika paa wɔ wiase nyinaa.GDP (Gross Domestic Product) na ɛyɛɛ saa nhyehyeɛ yi denam ɔman biara sika a ɔwɔ ne sɛnea nnipa a wɔte ɔman no mu no abrabɔ teɛ. Sweden yɛ ɔman a ne sika no mu fa kɛseɛ no ara fri dwadeɛ a wɔde kɔ amanɔne kɔtɔn. Nneɛma a wɔde kɔ amanɔne dwa so kɔtɔn no bi ne anyinam kanea,timma ne dadeɛ a wɔayam. Nneɛma ahodoɔ a ɔman no ankasa tumi yɛ ne nea wɔde kɔ amanɔne dwadibea so no mu ɔha mu nkyekyemu eduonu (50%) firi ndwumakuo a wɔyɛ mfiridwuma

mu. Sweden ne ɔman a ɛtɔ so nnan wɔ aman a wɔde akodeɛ kɔ dwaso paa wɔ wiase nyinaa. Kuadwuma ka GDP nhyehyeɛ no ho ɔha mu nkyekyemu mmienu (2%). Wei kyerɛ sɛ kuadwuma nso boa ɔman no sikasɛm paa na ɛsan ma temanmufoɔ no nya adwuma yɛ.Sweden ka aman a wɔde telephone ne intanɛt di dwuma paa wɔ wiase no ho.

Baabi A Minyaa Mmoa Firiiɛ

Tags:

Sweden Kasa A WɔkaSweden NhomasuaSweden Dawurubɔ AdwumaSweden SikasɛmSweden Baabi A Minyaa Mmoa FiriiɛSweden

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

GrenobleMiamiAbed-nego BandimSevillaKofi BaakoTop-level domainGaanaPolandKwasiadaKpledjoo AfahyɛBelgradeLatviaNkranJerry John RawlingsSagrada FamiliaKharkivNauruNikolai IIBourg-la-ReineBaskin-RobbinsSphinx (Giza)Yaba BadoeAbibremMonterreyPortlandOPHELIA S. LEWISMpenatweɛBelgiumGoasoTunisiaMontpellierUniversal code of conductƐbenadaZebilla (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)AssurKofi AdamsLawrence OkaiIndiaAdwoaCuritibaLaosNagoyaMoroccoMemenedaAkwadaaLeila DjansiKwenkwenAtɔɛ MantamOxfordIgnatius Kutu AcheampongYesu KristoƐdanƐpo so hyɛnIndonisiaRonald ReaganTɛknɔlɔgyiFanteLeptis Magna a wɔfrɛ no MagnaWole SoyinkaDominic Yaw AmoakoƆpɛpɔnAlex KyeremehMoskowMunisipalKwadwo Safo🡆 More