Yoweri Kaguta Tibuhaburwa Museveni(pronounciation of Yoweri Museveni (help·info)) (wɔwoo no wɔ ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so du num wɔ afe apem ahankron ne aduanan nan(15 sept, 1944) mu ) yɛ Ugandan amanyɔni ne military officer panin a ɔkɔ m'ahomegyeɛ mu a ɔyɛ mprenpren ɔmanpanin wɔ Ugandan a ɔtɔ so nkron.
sex or gender | male |
---|---|
country of citizenship | Uganda |
name in native language | Yoweri Kaguta Museveni Tibuhaburwa |
given name | Yoweri |
family name | Museveni |
date of birth | 15 Ɛbɔ 1944 |
place of birth | Ntungamo |
spouse | Janet Museveni |
child | Muhoozi Kainerugaba |
significant person | John Garang |
native language | Runyankole |
languages spoken, written or signed | English |
occupation | Amanyɔni, writer, military personnel, dictator |
field of work | politics |
position held | chairperson of the Organisation of African Unity, Commonwealth Chairperson-in-Office, President of Uganda |
affiliation string | Office of the President Uganda |
member of political party | National Resistance Movement |
candidacy in election | 2016 Ugandan presidential election, 2001 Ugandan presidential election, 2021 Ugandan general election |
religion or worldview | Anglicanism, Protestantism |
participant in | World Economic Forum Annual Meeting 2019 |
military rank | general |
conflict | Uganda–Tanzania War, Ugandan Bush War, Rwandan Civil War |
military branch | Uganda People's Defence Force |
award received | Order of Good Hope, Order of the Golden Heart of Kenya, Order of Playa Girón, Order of the Republic of Serbia |
official website | https://www.yowerikmuseveni.com |
Yoweri Museveni na ɔka atuateɛfoɔ a etuu Uganda amanpaninfoɔ Milton Obote ne Idi Amin ansa ɔrebɛtena so wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nsia (1986) mu.
Ansa na Yoweri Museveni rebɛnya tumi no ɔde ne ho hyɛɛ ɔhyɛ bi a ɔde baa Ugandan amanpaninfoɔ Milton Oboye ne Idi Amin so.
Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mfimfini dekɔ awieeɛ no atɔeɛ famfoɔ no dii fa maa Museveni sɛ ɔka abibirem mpaninfoɔ foforɔ kuo no ho. Museveni ɔmanpanin die no ama ɛne Congo ntɔkwa ,Rwandan Civil war ne Great Lakes mantam ntɔkwa adi afra; ɔhyɛ a Lord's Resistance Army ama no aba Northern Ugandan, a ɛde ɔhaw aba nnipa abrabɔ mu ne amammra a ɛwɔ sɛ wɔyɛ no yie, aseɛ mmerɛ a ɛwɔ sɛ amanpaninfoɔ bɛdi wɔ aban mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num(2005) ne mfeɛ a ɛwɔ sɛ wɔdi wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson (2017) mu.
Wɔkyerɛɛ Museveni mmara no sɛ ɔhyɛ. Aban no na ɔhyɛ sɛ wɔnni dwumadie bi. Bɛyɛ mfeɛ aduasa a atwam yi(30years) Ugandan aba biara nni hɔ a ɛmu ada hɔ da. Wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so du nsia wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako (16 Jan, 2021) mu no abatoɔ kɔmisa hunuu sɛ Museveni ankasa no ɔyi no ho sɛ ɔmanpanin, a ɔdaa ne ho adi sɛ wadi nkunim a woanya mma ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nnwɔtwe akyirepɔ nsia(58.6%) wɔ berɛ mfonin pii twa guu sɛ abatoɔ nkorɔfoɔ ato aba aboro so, bɛyɛ sɛ beaɛ a yɛto aba ahanan na mma bɛyɛ ɔha boro so, na wɔ sane seɛ mmara wɔde di dwuma no.
Wɔwoo Museveni wɔ ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so du num wɔ afe apem ahankron ne aduanan nan(15 Sept, 1944). N'awofoɔ ne Mzee Amos Kaguta (afe apem ahankron ne du nsia dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa (1916-2013) ɔhwɛ anantwie so ne Esteri Kokundeka Nganzi (afe apem ahankron ne du nnwɔtwe dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako (1918-2001) wɔ Rukungiri. Ɔwɔ Hima of the Kingdom of Mpororo (a seisei deɛ ɛka Ankole ho) abusuakuo mu.
Julius Nyerere kyerɛ mu a, na Museveni papa, Amos Kaguta yɛ ɔsraani wɔ King's Africa Rifles wɔ Second World War pɛn so.Na ɔwɔ battalion a ɛtɔ so nson mu. Enti wɔwoo Museveni no, abusuafoɔ no kaa sɛ, "ne papa wɔ mu-seven"(kyerɛ sɛ ɔwɔ nson mu). Wei na ɛmaa no nyaa edin Museveni.
N'abusuafoɔ tu firii hɔ kɔɔ Ntungamo, na afei wɔkɔɔ British Protectorate of Ugandan mu. Museveni kɔɔ Kyamate Elementary sukuu Mbarara ntoasoɔ sukuu ne Ntare sukuu a na ɛyɛ adantam ne ntoasoɔ sukuu. Ɔkɔɔ suapɔn wɔ University of Dar es Salaam wɔ Tanzania. Ɔsuaa economics ne Political Science. Na suapɔn a ɛwɔ hɔ saa berɛ no yɛ pan-African ne Marxist beaɛ a wɔkyerɛ amanyɔsɛm. Ɔwɔ suapɔn hɔ no, ɔtee University Students' African Revolutionary Front kuo na ɔdii asuafoɔ no anim kɔɔ FRELIMO ahennie wɔ Portuguese Mozambique ɛhɔ na ɔnyaa nkyerɛkyerɛ fa ɔko ho. Ɔsuaa adeɛ wɔ Walter Rodney nan ase ne afoforɔ, Museveni twerɛɛ suapɔn no thesis fa Frantz Fanon's adwene fa kwan a abibirem mpaninfoɔ a wɔdii ɔman no so bɛfa so asesa.
Museveni yɛ obi a na ɔyɛ Protestant ɛna na ɔsane nso yɛ Anglican asɔre no ba wɔ Uganda.
Ne yere a na yɛfrɛ no Janet Museveni (ne din ankasa ne Janet Kataaha Museveni, née Kainembabazi) ɔno na ɔne no woo mma nan, wɔn ne:
Asraafoɔ a wɔtwaa wɔn asu no hyɛɛ Amin so no firii Tanzania kɔɔ Uganda wɔ ɛbɔ bosome nom wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmienu (1972) na wɔbɔɔ wɔn saneeɛ. Wɔ ahinime bosome nom no, Tanzania ne Uganda de wɔn nsa kɔtimm Mogadishu adwenekorɔ a ɛnnye ntom sɛ wɔde Tanzaniafoɔ anwea kɔ tia Uganda. Museveni dwane firii n'asɔretiafoɔ nom na ɔtee Front for National Salvation wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmiɛnsa (1973) mu. Wɔ Ɔsanaa bosome no wɔ afe korɔ noa mu no ɔwaree Janet Kainembabazi.
Wɔ ahinime bosome nom wɔ afe apem ahankron ne aduoson nnwɔtwe (Oct,1978) nom no Uganda troops wuraa Kagera Salient wɔ Northern Tanzania, a wɔde Uganda-Tanzania koo baeɛ. Tanzania manpanin Julius Nyerere hyɛɛ Tanzania People's Defence Force(TPDF) sɛ wɔnkɔ hyɛ na wɔmmoa boa Uganda ano nko ntia Amin. Ɛmaa Museveni anigyee saa mpuntuo no ho. Wɔ ɔpɛnimaa bosome nom wɔ afe apem ahankron ne aduoson nnwɔtwe (1978) mu no Nyerere de ne ho bɔɔ Museveni ne n'akofoɔ kɔɔ Tanzania wɔ berɛ a na Brigadier Silas Mayunga wɔ aban mu.
University | Country | Honour | Year |
---|---|---|---|
Humphrey School of Public Affairs | United States | Doctor of Laws | 1994 |
Mbarara University of Science and Technology | Uganda | Doctor of Laws | 2003 |
Latin University of Theology | United States | Doctor of Divinity | 2007 |
Fatih University | Turkey | Honorary degree | 2010 |
Makerere University | Uganda | Doctor of Laws | 2010 |
University of Dar es Salaam | Tanzania | Doctor of Literature | 2015 |
This article uses material from the Wikipedia Twi article Yoweri Museveni, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.