Nyinsɛn

Nhwɛsoɔ:Infobox disease Nyinsɛn, a wɔsan frɛ nogravidityanaagestation, yɛ bere ammabiako anaa nea ɛboro saa nyin wɔɔbeamu.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nea ɛwɔnyinsɛn dodowmu ne mma a wɔboro biako, te sɛntaafode no. Nyinsɛn betumi afiɔbarima ne ɔbea nnamu anaanyinsɛn a wɔnam mfiridwuma so yɛ mu. Mpɛn pii no egye bɛyɛ nnawɔtwe aduanan bosomedu fi da a etwa to wɔ brayɛ mu(LMP) na ɛkowieawomu. Eyi yɛ bɛyɛ nnawɔtwe aduasa awotwe fi bere anyinsɛn fi aseno mu. An embryo is the developing offspring during the first 8 weeks following conception after which the term fetus is used until birth. Nyinsɛn bere a edi kan ho nsɛnkyerɛnne bi ne bra a ɛmma, nufu ayɛ mmerɛw,ɛfe ne nea ɛte saa, ɔkɔm, ne adwensɔ ntɛmntɛm. Wobetumi ahu sɛ obi anyinsɛn denamnyinsɛn nhwehwɛmua wɔbɛyɛ so.

Wɔtaa kyɛ nyinsɛn mu abiɛsa, a ɔfa biara yɛ bosome abiɛsa. bosome abiɛsa a edi kanno fi nnawɔtwe a edi kan kosi nea ɛto so dumien na bere a afi ase ka ho. Wɔ nyinsɛn mfiase no mu nonkesua a barima nkwammoa awura mutwa kwan fafallopian durubɛnno mu na ɛde ne ho kɔfamawotwaano mu, beae a enyin yɛ mogyatɔw nefurumano. Bosome abiɛsa a edi kan no mu na mpɛn pii no wohu sɛmogyatɔw no asɛe(mogyatɔw no awu). Bosome abiɛsa a ɛto so abien no fi nnawɔtwe a ɛto so dumiɛnsa kosi aduonu awotwe. Wɔ bosome abiɛsa a ɛto so abien no mfinimfini mu no, ebia wɔbɛte akokoaa no nka. Wɔ nnawɔtwe aduonu awotwe mu no, nkokoaa no mu bɛboro ɔha mu nkyekyem aduokrɔntumi tena nkwa mu a wonni awotwaa musɛ wɔhwɛ wɔn so yiye a. Bosome abiɛsa a ɛto so abiɛsa no fi nnawɔtwe aduonu akrɔn kori aduanan.

Nyinsɛn mu ayarehwɛboa ma nyinsɛn no kɔ yiye. Nea ɛtaa ka eyi ho ne sɛ wɔbɛfafolic acid, agyae nnubɔnenom ne nsanom, atenetene apɔw mu, mogya mu hwehwɛ, ne nipadua mu nhwehwɛmua wɔbɛyɛ bere nyinaa. Nyinsɛn mu hawno bi nenyinsɛn mu mogya mmoroso,nyinsɛn mu asikyereyare,mogya a akɔ fam, neɛfe ne nea ɛte saa a ano yɛ denne afoforo. Nyinsɛn bere yɛ nnawɔtwe aduasa asɔn kosi aduanan biako, nea ɛba ntɛm yɛ nnawɔtwe aduasa asɔn kosi aduasa awotwe, nea ɛyɛ ne bere mu yɛ nnawɔtwe aduasa akrɔn kosi aduanan, na nea ɛmma ntɛm yɛ nnawɔtwe aduanan biako. Wɔ nnawɔtwe aduanan biako akyi, wɔfrɛ no nyinsɛn a akyɛ. Wɔfrɛ nkokoaa a wɔwo wɔn ansa na nnawɔtwe aduasa asɔn adu nonea ne bere nsoena wobetumi anya yare ahorow bi te sɛcerebral palsy. Wɔnnhyɛ nyansa sɛ wobefiawo gyease denamawo ankasaanaacaesarean sectionso ansa na nnawɔtwe aduasa akrɔn adu gye sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ esiane biribi nti.

Wɔ afe 2012 mu no, nyinsɛn ahorow ɔpepem ahanu ne dumiɛnsa na esii a na emu ɔpepem ɔha aduokrɔn sii wɔaman a wonni bimu na ɔpepem aduonu abiɛsa nso sii wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu. Eyi yɛ bɛyɛ nyinsɛn ahorow ɔha aduasa abiɛsa wɔ mmea apem biara mu a wɔn mfe yɛ dunum kosi aduanan anan. Nyinsɛn a wonim bɛyɛ ɔha mu nkyekyem du kosi dunum na ɛsɛe. Wɔ afe 2013 mu no, nyinsɛn mu haw maa nnipa mpem ahanu aduokrɔn abiɛsa hweree wɔn nkwa, na eyi aba fam fi mpem ahasa aduosɔn asɔn wɔ afe 1990 mu. Nea ɛtaa de ba no bi nemogyatu wɔ mmaatan mu, ɔhaw a efinyinsɛntogu, nyinsɛn mu mogyammorosontini mu a ahyɛ nsu, neawo a ne kwan asi. Wɔ wiase nyinaa no, nyinsɛn ahorow ɔha mu nkyekyem aduanan na ɛyɛwɔnhyehyɛ. Nyinsɛn a wɔnnhwɛ kwan mu fa nayi gu. Ɛdefa nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan wɔ United States mu no, mmea no mu ɔha mu nkyekyem aduosia nawosiw awo kwanwɔ ɔkwan bi so wɔ bosome a nyinsɛn no bae no mu.

Nsεm afoforo

Nkyekyem:Gao lazamankwala

Tags:

BosomeMma

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

MauritaniaYaltaMalaysiaBilbaoBaltimoreReggie RockstoneHungaryKratafa TitiriwLopé National ParkHanshin Asono a wɔyɛPolandUniversità degli Studi di MilanoMisrimFranceTokyoUnited Gold Coast ConventionAhenkuroKeteke gyinabeaTetracera affinisBlack SherifGhana kasa ahodoɔBariHiroshimaDiabolo(sini)ƐlɛktrisitiAbakɔsɛmDzifa GomashieUkrainianCaliEdward Akufo-AddoKwadwo SafoDominic Azimbe AzumahPeople's Convention PartyJerry John RawlingsAlgeriaYareɛ a yɛ frɛ no CoronavirusMichael Teye NyuanuMatthias Kobena NketsiahNsuta-Kwamang (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)RomaFesNamibiaMmoaBuenɔs AiresSlovakiaTipayɛAlima MahamaBrasilRoger FedererNomBukarestHuang XianfanSloveniaKodzo Kpoku AlaboMarcel DesaillyWikipediaBratislawaMaltaAmedabadKundum Afahyɛ🡆 More