Awo Ano A Wosiw

Nhwɛsoɔ:Infobox interventions Awo ano a wosiw, a wɔsan frɛ no contraception ne awo ho anohyeto, yɛ akwan anaa nnwinnade a wɔde siw nyinsɛn kwan.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Awo anosiw a wɔyɛ ho nhyehyɛe, wɔma ɛwɔ hɔ na wɔde di dwuma yɛ nea wɔfrɛ no abusua kɛse ho nhyehyɛe. Wɔde akwan a wɔfa so siw awo ano adi dwuma fi tete, nanso akwan a wɔfa so yɛ no kwan pa so bae wɔ afeha a ɛto so aduonu mu. Aman binom de anohyeto ma anaa wɔnnhyɛ awo anosiw ho nkuran esiane sɛ wɔte nka sɛ enye wɔ abrabɔ, ɔsom anaa amammui mu nti.

Akwan a etu mpɔn a wɔfa so siw awo ano ne abawo tumi a wɔsɛe denam oprehyen wɔ mmarima mu ne awotwaa no fa bi a wɔkyekyere wɔ mmea mu,adwinnade a wɔde hyɛ awotwaa mu IUD, ne adwinnade a wɔde hyɛ nipaduam siw awo ano. Nea wɔyɛ wɔ eyi akyi yɛ akwan a wɔde nipaduam nnuru di dwuma a ebi ne topae a wɔnom, akwan, ɔbea ase kawa, ne mpaane. Akwan a entu mpɔn pii bi ne awode mu nsu a wosiw ano te sɛ kɔndɔm, diaphragm ahorow ne sapɔw ahorow a wɔde siw awo ano ne abawo ho nkyerɛkyerɛ. Akwan a entu mpɔn koraa bi ne aduru a ekum barima ho nsu ne awode a woyi fi ɔfoforo de mua barima no yɛ ansa nane ho aba. Ɛwom sɛ awo tumi a wɔsɛe tu mpɔn de nanso sɛ obi yɛ a, ɔrentumi nsan nkɔ dedaw mu bio; wɔ akwan ahorow a aka mu no, obi betumi asan akɔ ne dedaw mu ntɛm ara. Nna mu bammɔ, te sɛ nea wɔde barima anaa mmea kɔndɔm di dwuma nso betumi asiw nna mu yare ano. Awo a wosiw ano wɔ nna akyi betumi asiw awo ano nnafua kakra wɔ nna akyi. Ebinom bu nna mu ayɔnkofa a wonnya sɛ ɔkwan a wɔde siw awo ano, nanso ɛno nkutoo ho nkyerɛkyerɛ betumi ama mperewa nyinsɛn akɔ soro bere a wɔkyerɛkyerɛ ɛno nkutoo a wɔmfa awo anosiw nnuru biara nnka ho no.

Wɔ mmabun a wonnii mfe aduonu mu no, wɔn nyinsɛn nta mmfa nsunsuanso papa mma. Nna ho nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ akyiri ne awo anosiw ho nnuru a wɔde ma brɛ nyinsɛn a wɔmpɛ ase wɔ mmabun yi mu. Ɛwom sɛ mmabun tumi de awo anosiw kwan biara adi dwuma de nansonea ɛbɛyɛ adwuma akyɛ a obi betumi asan akɔ dedaw mu te sɛ nea wɔde hyɛ nipaduam, IUD, anaa ɔbea ase kawa yɛ nea edi dwuma yiye de te mperewanyinsɛn so. Bere a ɔbea awo akyi no, sɛ ɛnyɛ nufusu nkutoo na ɔde ma akokoaa no a, obetumi asan anyinsɛn wɔ nnawɔtwe anan kosi asia ntam. Awo anosiw akwan bi wɔ hɔ a wobetumi afi ase wɔ awo akyi pɛɛ, bere a afoforo de ebehia sɛ wɔtwentwɛn so kakra bɛyɛ bosome asia akyi. Wɔ mmea a wɔma nufusu fam no, progestin nkutoo akwan yɛ nea wɔpɛ sen atopae a wɔnom de siw awo ano. Wɔ mmea a wɔadu bra twa mu no, wɔhyɛ nyansa sɛ wɔbɛkɔ so asiw awo ano afe biako bere a wɔatwa bra no akyi.

Mmea bɛyɛ ɔpepem ahanu aduonu abien a wɔmpɛ sɛ wɔfa afuru a wɔwɔ aman a wonni bi yɛ nea wɔmfa akwan a aba so nsiw awo ano. Awo anosiw wɔ aman a wonni bi mu abrɛ nkwa a wɔhwere wɔ awo mu anaa awo akyi bɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduanan(bɛyɛ nnipa mpem ahanu aduosɔn a anka wɔbɛhwere wɔn nkwa) na ebesiw ano ɔha mu nkyekyem aduosɔn sɛ wotumi de awo anosiw akwan no ma sɛnea ɛsɛ a. Denam awo ntam a wɔma emu twe no, awo anosiw betumi ama mmea awo ayɛ nea ɔhaw nnim na ɛma wɔn mma nso tena nkwa mu. Wɔ aman a wonni bi mu no, mmea akatua agyapade,wɔn mu duru, ne wɔn mma sukuukɔ ne wɔn akwanhosan nyinaa yɛ nea anya nkɔanim esiane awo anosiw a wɔyɛ nti. Awo anosiw ma nkɔso wɔ sikasɛm mu esiane sɛ wonni mma pii a wɔbɛhwɛ wɔn na mmea pii tumi de wɔn ho hyɛ nnwuma mu, na wɔde nneɛma di dwuma kwan pa so.

Nsεm afoforo

Nkyekyem:Gao lazamankwala

Tags:

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

KeleweleWikipediaBekwaiButanEdinburghSunuani East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)AlesandriaGermanyBatakariChan ChanNsuoBotswanaKratafa TitiriwEfiadaVietnamAhinimeNikolai IIFulera LimannBerɛ tenten mu wien bɔberɛAmanishakhetoMesikoSonyor Deng AfahyɛSyriaƐpo so hyɛnCuritibaƐbenadaNhwerenAkomaIzmirBonsaasoAdwumayɛfo kuw (Trade union)ƐkrɔAlfred John OcanseyMfinimfini Mmere mu Nkaedum a ɛwɔ KosovoEskişehirZingiber officinaleChop BarIranÉtienne MourrutSamuel Sallas MensaGaana FrankaaAyamtunini/KɔleraGaanaYouTubeBrest (France)ƐpoFacebookKobena Mensah WoyomeEssenAppietusAduroOffinso North(Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)Ɔbarima ne ɔbaa nna mu banbɔUkrainianJuabeso (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Nana Akufo-AddoPatience PomaryBozoma Saint JohnAlgorithmWukuada🡆 More