Ato Delaquis

Ato Delaquis Brew Henry (yɛbɔ no De-la-kee) yɛ yɛn mmerɛ yi mu mfoniyɛni a ɔyɛ porɔlifik,ɔtwerɛfoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wɔagye din pa ara.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Saa mfoniyɛni yi a ɔnim de yi, mfoni a ɔyɛ no, ɔnam pentin a ɔyɛ so twe adwene si nsusuiiɛ ne adwene ahododɔ a ɛbɔ abira a atwa nnipa ho ahyia so.

Ato Delaquis
Prof. Henry Brew Ato-Delaquis
Prof.

Ato Delaquis
Awo bere
Henry Brew Ato-Delaquis

1945
Capecoast, Ghana
CitizenshipGhanaian
AdesuaCertificate de fin d’Etudes, Ecole ABC de Paris (Dessin-Peinture) - 1964

B.A. (ART) First Class, College of Art., U.S.T., Kumasi, Ghana - 1971

M.F.A. Temple University, Tyler School of Art, Philadelphia, U.S.A, 1975
Sukuu a w'akɔEcole ABC de Paris (Dessin-Peinture)

U.S.T., seisei KNUST Kumasi, Ghana

Temple University, Tyler School of Art, Philadelphia, U.S.A,
N'adwumaMfoniyɛni, Ɔkyerɛkyerɛni
Yɛnim no sɛMfoniyɛ wɔ Abibirem, Penta a ɔdi kan wɔ "Ghana Renaissance" mu
TitleFormer Dean, College of Arts, UST (KNUST)
RelativesLouis Delaquis

N'abrabɔ

Wɔwoo mfoniyɛni afe apem aha nkron ne aduanan nnum (1945) mu wɔ Capecoast, Gaana.

Ɔde bɛyɛ mfe aduanan ne akyire na ayɛ nnwuma ahodoɔ na wɔada no adi ɛde firi akrɛlike pentin, grafite, linokate ne linografi de kɔsi sekerin - printin so.

Nanso, deɛ ɔde n'adwene si so pa ara ne mfoni a wɔdrɔ ne deɛ wɔprinte no.

Wɔnim no sɛ, mfoniyɛni a ɔyɛɛ "colormodulated panoramic sense" mfoni a ɛfa Abrafoɔ a wɔfiri Asante ne hyɛn ahodoɔ ho no.

Afe apem aha nkron ne aduosia nnan (1964) mu no, ɔkɔɔ sukuu wɔ Ecole ABC de Paris (Dessin-Peinture) ɔwieeɛ no, wɔde nwomasua mu abasobɔdeɛ Certificate de fin d’Etudes maa no. Ɔtoaa so kɔɔ University of Science and Technology (U.S.T.) deɛ seisei yɛfrɛ no Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST), Kumase,Gaana wɔ afe apem aha nkron ne aduoson baako (1971) na berɛ a ɔwieɛ no wɔde nwomasua mu abasobɔdeɛ B.A ARTS, First Class na ɛhyɛɛ no animounyam. Mfe nnan akyi no, ɔkɔɔ Temple University, Tyler School of Art, Philadelphia, U.S.A. kɔ suaa Master of Fine Arts (M.F.A.).

Ankyɛ na ɔbɛyɛɛ kyerɛkyerɛni wɔ Kwame Nkrumah suapɔn no mu. Na ɛfiri afe mpem mmienu ne mmienu (2002) kɔsi afe mpem mmienu ne nnum (2005) no.

Ɔno ne Mfoniyɛ Kɔlege (College of Art) no baanodani a ɔtwatoɔ wɔ sukuu a ɔwieɛ, KNUST mu ansa na ɛbɛyɛ "Department of Social Sciences."

Ne nua barima Louis Delaquis, a akyire yi ɔbɛyɛɛ pupɛta ne obi ɔsensen nneɛma de yɛ mfoni ne obi a ɔhwɛɛ no suaɛ kane berɛ ɔrefi ase ayɛ mfoni no. Obi foforɔ a na ɔhwɛ suasua no ne Frɛnkye mfoniyɛni Andre Martin ne Bibini-Amɛrikani mfoniyɛni Leroy Mitchell na ɔno na ɔboa twee n'adwene sii nneɛma Abibifoɔ refa mu berɛ ɔde retoto sɛdeɛ na nnipa amammerɛ te ɛfiri berɛ a na nnipa te aboɔ mu no.

Ato anigye jazze nnwom pa ara ɛno nti, berɛ bi atwam, no ɔsuaa sɛdeɛ yɛbɔ ɔgane, gyita ne saksofon no.

Nsɛm a ɛfa n'abusua sɛ ne yere ne ne mma deɛ yɛn nnim ho hwee seisei.

Ne Nnwuma Ahodoɔ a wɔayɛ

Ato Delaquis 
Ato Delaquis a ɔreyɛ adwuma.

Ato Delaquis too ne bo ase pentii nneɛma wɔatwa ho mfoni wɔ n'adwene mu a ɛfa Ghana ne Abibiman ho ɛde fa abakɔsɛm ɛnkanka deɛ ɛfa adwadie ne nkoasom ho.

Ɔsan nso twa nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ abibirem ha ɛka yɛn abakɔsɛm kyerɛ ho mfoni de yɛɛ mfoni ahodoɔ.

Sɛ nhwɛsoɔ no, sdeɛ n'ani gye apɔnkɔ ho na ɛkaa no maa ɔyɛɛ mfoni a nnipa a wɔfiri atifdo mantan wɔ Ghana ne Nigeria rebɔ abɛn a berɛ korɔ no ara wɔretwi apɔnkɔ no. Ne nnuwma ahodoɔ a wɔayɛ no dɔɔso pa ara.

Ɛbi ne:

  • Bar Room, Ato Delaquis
  • Bowman (Acrylic on Canvas), Ato Delaquis, 2014 (Retouched)
  • Girl from Chinatown, San Francisco (Oil on Maronite), Ato Delaquis, 1974
  • Grey Wall Painting (Acrylic on Jute Sacking), Ato Delaquis, 1985, Retouched 2005
  • Hi-Timers (Indian Ink on Paper), Ato Delaquis, 1971
  • Hornblowers, Ato Delaquis
    Ato Delaquis 
    Sharpeville Massacre Gouache wɔ krataa so, 1966
    Market Scene I, Ato Delaquis
  • Market Scene, Ato Delaquis
  • Mask Girl (Graphite & Wash), Ato Delaquis, Undated, Circa 1971
  • Self Portrait (Oil on Maronite), Ato Delaquis, 1969
  • Sharpeville Massacre (Gouache on Paper), Ato Delaquis, 1966
  • Spear Throwers (Acrylic on Canvas), Ato Delaquis, 2012
  • Subchief with Umbrella & Hornblowers (Acrylic on Canvas), Ato Delaquis, 2014
  • Trotro Station I, Ato Delaquis
  • Trotro station, Ato Delaquis
  • Blue Horsemen of the South Sahel
Ato Delaquis 
Ɔhemfo ketewa a ɔwɔ kyiniiɛ ne wɔn a wɔrebɔ abɛn ma no, Canvas 2014

Ɛhibihyin Ahodoɔ

Ɛhibihyin Ahodoɔ a Ato Delaruis akɔ no bi ne:

  • 2009: Dei Center for African Art, Accra (Group)
  • 2008: The Loom Gallery, Accra (Group)
  • 2004: Brondsalon, Frederiksburg City Hall, Copenhagen, Denmark
  • 2003: Alliance Francaise, Kumasi (Group)
  • 2002: The Loom Gallery, Accra
  • 2003 NCA (National Conference of Artists), Accra
  • 2002: Basilica Del Santo, Padova, Italy (Group)
  • 2000: NOVOTEL, Accra
  • 2000: Frederiskburg City Hall Gallery, Copenhagen, Denmark
  • 2000: Gallery B: FORS, Stockholm, Sweden
  • 1999: PAWA Charity Exhibition, Trade Fair Center, Accra
  • 1999: PANAFEST, National Cultural Center, Cape Coast
  • 1999: Central Hall, Ministry of Economic Affairs, The Hague, Holland
  • 1998: Maison Descartes, Vijzelgracht 2A, Amsterdam Holland
  • 1998: Frontier Art, Amsterdam, The Netherlands
  • 1997: Berg Gallery, Accra
  • 1997 College of Art Gallery, U.S.T (Group)

Mfoni Ahodoɔ a wɔayeyɛ wɔ dan ho

Mfoni Ahodoɔ a Ato Delaquis ayɛ wɔ dan ho no bi ne deɛ ɔyɛɛ wɔ:

  • 1980: Rothman International House, Accra
  • 1971: Ghana Mmarahyɛbadwafie, Accra
  • 1962: Young Pioneers Dan (wɔaseɛ no)

Abasobɔdeɛ Ahodoɔ a wɔanya

Abasobɔdeɛ ahodoɔ a Ato Delaquis anya no bi ne:

  • 2010: Visiting Artist: Texas Tech University, School of Art
  • 1991/ 92: Commonwealth Fellow, London University, Dept. of Art & Archaeology
  • 1989: Award for Promoting Wildlife Conservation in Ghana” by participating in a Painting Exhibition Titled “Wildlife is our Life”.
  • 1988: ECRAG for outstanding contribution to the development of African Culture in the filed of Painting
  • 1975: International Play Group – Honorable Mention
  • 1974: O.C.A. (Operation Crossroads Africa) Travel Grant to Ten States in the U.S.A.
  • 1973: Fulbright Hays Scholarship
  • 1970: National Art Exhibition – Award
  • 1968: National Art Exhibition – Award
  • 1966: Bronze Medal – Leipzig, International Graphic Art Exhibition Prize – Warsaw Radio International Art Exhibition

Nneɛma Ahodoɔ a wɔatwerɛ

Nneɛma ahodoɔ a Ato atwerɛ no ɛbi ne:

“Africa’s Finest Contribution to Mankind”. 2002, Stockholm, Sweden.

  • “Art & Nonsense in Relation to the African Condition” 2000 Spanga Sweden.
  • “African Contemporary Art & Critical Appraisal from the West” 2000 Spanga, Sweden.
  • “Technicalities of Craftsmanship in painting: Relative to the Development of Contemporary African Art”. School of Oriental & African Studies (SOAS, Dept of Art & Archaeology, London University.
  • Art & Neo-African Culture – “Impulse” Journal 1971 – Vol. 1 No. 1Pages 19-22

Nwoma ne Nsɛmma nwoma ahodoɔ a wɔayɛ ho adwuma

Nwoma ne Nsɛmma nwoma ahodoɔ a wɔayɛ ho adwuma no bi ne:

  • 1965 – 1967 Bediako (Drum Publication) Johannesburg)
  • 1967 – 1968 The Samantha (Drum Publication)
  • 1969: To The Last Man (New Statesman)
  • 1967 – 1971 (Miscellaneous Illustration (Impulse)
  • 1991: Can Dreams Come True? (Africa Christian Press)
  • 1981: The Early of Nkrumah (African Publication) (Wɔantintim)
  • 1982: Ghana Silver Jubilee Calendar (Ghana Tourist Board)
  • 1986: A Handbook for African Writers (Hans Zell & K.G. Saur Publishers Oxford)
  • 1996: Le Griot (Dept. of Social Sciences, U.S.T., Kumasi) Vol. IV, Numero I
  • 2008: Freedom Symphony, by Atukwei Okai, Ghana Publishing Company
  • 2009 Mandela The Spear, Ghana Publishing Company.

Nneɛma Ahodoɔ a wɔatwerɛ afa Ato Delaquis ho

Nneɛma Ahodoɔ a wɔatwerɛ afa Ato Delquis ho ne afe a wɔtwerɛeɛ no bi ne:

  • 1996: “Contemporary Art of Africa” by Andre Magnin & Jacques Soulilou (Harry N. Abrams, New York, 1996; Thames & Hudson, London, 1996)
  • 1996: L’Art African Contemporain” by Nicole Guez. (Association Afrique en Creations, 51 Rue Sainte Anne 72002 Paris, France.
  • 1992: “Pioneering Artist” – A Profile, (West Africa Magazine, London) 14-20 Sept. 1992, Page 1563.
  • 1986: “Ashanti Eye” by Johnnie Ohene (Race Today Journal) London, July 1986.
  • 1986: “Ato Delaquis – Urban Artist” by Julie Kitchener (New African Journal), London, April 1986.
  • 1986: “Arts & Africa” BBC Copyright Interview of Delaquis by Florence Akst. March 28, 1986.
  • 1979: “Talented Modernist” by Nat Amarteifio (Sunday Mirror) Oct. 15 1979.
  • 1972: “Delaquis” by Kwesi Wood (Weekly Spectator) March 10th 1972.

Rɛkɔde boɔ a mfoniyɛni yi de atɔn ne mfoni

Rɛkɔde boɔ a mfoniyɛni Ato Delquis de atɔn ne mfoni ne afe a ɔtɔn no no bi ne:

  • Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mmieɛnsa (2023) mu no, ne mfoni a a ɔtɔneɛ a ne boɔ wɔ soro pa ara ne mfoni a ne din de "PACKED MARKET LANE"
  • Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu baako (2021) mu no, ne mfoni a a ɔtɔneɛ a ne boɔ wɔ soro pa ara ne mfoni a ne din de din de "Beach Crowd"
  • Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mu no, ne mfoni a a ɔtɔneɛ a ne boɔ wɔ soro pa ara ne mfoni a ne din de "Northern Lancers (Sahelian Lancer)"
  • Wɔ afe mpem mmienu ne du nkron (2019) mu no, ne mfoni a a ɔtɔneɛ a ne boɔ wɔ soro pa ara ne mfoni a ne din de "Sliced Avocados"
  • Wɔ afe mpem mmienu ne du nnwɔtwe (2018) mu no, ne mfoni a a ɔtɔneɛ a ne boɔ wɔ soro pa ara ne mfoni a ne din de "Fort San Sebastiab, Shama"
  • Wɔ afe mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, ne mfoni a a ɔtɔneɛ a ne boɔ wɔ soro pa ara ne mfoni a ne din de "The Orange Seller"
  • Wɔ afe mpem mmienu ne du nsia (2016) mu no, ne mfoni a a ɔtɔneɛ a ne boɔ wɔ soro pa ara ne mfoni a ne din de " Hi-Life"
  • Wɔ afe mpem mmienu ne du nnum (2015) mu no, ne mfoni a a ɔtɔneɛ a ne boɔ wɔ soro pa ara ne mfoni a ne din de 'Flamboyants'
  • Wɔ afe mpem mmienu ne du (2010) mu no, ne mfoni a a ɔtɔneɛ a ne boɔ wɔ soro pa ara ne mfoni a ne din de "GREAT TABLETOP MARKET"

Ne Signekya

Ato Delaquis 
Ato signekya wɔ ne mfoni, Horses, 1969 so

Mfoniyɛni biara wɔ ne signekya na Ato Delaquis deɛ no bi nie:

  • Ato signekya wɔ ne mfoni, Horses, 1969 so

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Ato Delaquis NabrabɔAto Delaquis Ne Nnwuma Ahodoɔ a wɔayɛAto Delaquis Ɛhibihyin AhodoɔAto Delaquis Mfoni Ahodoɔ a wɔayeyɛ wɔ dan hoAto Delaquis Abasobɔdeɛ Ahodoɔ a wɔanyaAto Delaquis Nneɛma Ahodoɔ a wɔatwerɛAto Delaquis Nwoma ne Nsɛmma nwoma ahodoɔ a wɔayɛ ho adwumaAto Delaquis Nneɛma Ahodoɔ a wɔatwerɛ afa hoAto Delaquis Rɛkɔde boɔ a mfoniyɛni yi de atɔn ne mfoni[3]Ato Delaquis Ne SignekyaAto Delaquis Baabi a menyaa mmoa firiiɛAto Delaquis

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

UgandaFreda Akosua PrempehIndiaKorea anaafoɔAbusuaAvignonKofi Arko NokoeKwadwoSphinx (Giza)Shatta WaleTokyoSubin (Ghana parliament constituency )SalvadorKwabena Twum-NuamahLos AngelesLingua Franca NovaUpper East RegionBulgariaOPHELIA S. LEWISAbɔdeɛ Mu Nnoɔma A Atwa Yɛn Ho Ahyia (Natural Environment)CubaVaccineAguamansɛmDennis Edward AboagyeƆbosomeSliemaTorontoLucknowVeneziaFelicia Edem AttipoeKwabenaZoe wicombUnited PartyRonald ReaganAfiaWiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )Dallol (ɔsaman kurow)IstanbulKrataa FuforoAwudieKojo Oppong NkrumahAdebisi FabunmiGaanaNigeriaDuisburgCaselle LuraniSaratovAkake PatrickKokoramTogoAkuaSerbiaGyeografiAccraMonaatoɔGenovaHo Chi Minh CitySlovakiaObubuoAkanfoɔBɛɛlinGreat Wall of China🡆 More