Upper East Region wɔ North a ɛwɔ Ghana na ɛyɛ mantam a ɛwɔ Ghana a ɛtɔ mmiɛnsa a ɛsua wɔ mantam du nsia num.
Ɛfa mpem nnwɔtwe, ahannwɔte ne aduanan mmienu square kilometres asaase anaa ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyiripɔ nson wɔ Ghana. Upper East Region ahenkuro ne Bolgatanga, a ɛtɔ mmerɛ a wɔfrɛ no Bolga. Nkuro akɛseɛ a ɛwɔ mantam hɔ ne Navrongo, Paga,Bawku ne Zebilla.
Baabi a ɛwɔ ne sɛdeɛ ɛteɛ
Upper East Region wɔ north-western nkyɛn baabi wɔ Ghana na ɛbɛn Burkina Faso de kɔ North ne Togo dekɔ East. Ɛwɔ longitude 0°ne 1°west ne latitude 10° 30'N ne 11°N ntam. Mantam no ne Burkina Faso a ɛkɔ North, Togo a ɛkɔ East, upper West Region a ɛkɔ west ne Northern Region a ɛwɔ South na ɛbɔ ahyeɛ. Wakyɛ upper East Region mu mansini du num, a emu biara district chief Executive na ɛda ano.
Mantam no di afa pii afe no mu nyinaa, a pii no ara tumi ma mfudeɛ yɛyie anaa wɔde di afahyɛ no de kae mfudeɛ a wanya.
Ɔman no wɔ kwantenpɔn mmiɛnsa -N2, N10 ne N11 ne mantam kwantenpɔn kakra bi a ɛno ne R113,R114,R116 ne R181 a ɛsom mantam no. N10 no firi Yemoransa a ɛwɔ mfimfini mantam na ɛfa kumase a ɛwɔ Asante mantam na akɔsi paga a ɛwɔ Upper East Region. Ɔman no ahenkuro nso nam N10 so ne ɔman no nya twaka a ɛkɔsi wɔ Kulungugu a ɛwɔ Upper East Region. Ɔman ne akwan mmienu no nam N11 so nya twaka a ɛka Bolgatanga a ɛyɛ mantam no ahenkuro bom kɔ Bimpiela, a ɛno nso wɔ mantam hɔ.
Mantam amanyɔsɛm adwuma no nam mpɔtam amammuo so Wɔ saa nhyehyɛeɛ yi so no, wakyɛ mantam no mu akɔ MMDA du num(kabom mayɛ nya mansini nan, ordinary Assembly du baako). Mansini, mansini adantam anaa Metropolitan Assembly biara no chief Executive, a ɔgyina hɔ ma Central government na nso ɔnya ne tumi firi ekuoba bi a ɔmanpanin ayi no wɔ wɔn mu a ɔda Assembly no ano.Edin no na ɛdidisoɔ yi;
# | MMDA Name | Capital | MMDA Type | Population |
---|---|---|---|---|
1 | Bawku | Bawku | Municipal | |
2 | Bawku West | Zebilla | Ordinary | |
3 | Binduri | Binduri | Ordinary | |
4 | Bolgatanga | Bolgatanga | Municipal | |
5 | Bolgatanga East | Zuarungu | Ordinary | |
6 | Bongo | Bongo | Ordinary | |
7 | Builsa North | Sandema | Municipal | |
8 | Builsa South | Fumbisi | Ordinary | |
9 | Garu | Garu | Ordinary | |
10 | Kassena Nankana East | Navrongo | Municipal | |
11 | Kassena-Nankana West | Paga | Ordinary | |
12 | Nabdam | Nangodi | Ordinary | |
13 | Pusiga | Pusiga | Ordinary | |
14 | Talensi | Tongo | Ordinary | |
15 | Tempane | Tempane | Ordinary |
Ntoasoɔ sukuu
Tertiary Institutions 1). Bolgatanga Technical University 2). St. John Bosco's College of Education 3). Gbewaa College of Education, Pusiga 4). UDS (University for Applied Science & Technology), Navrongo.
Notable native citizens of Upper East region | ||
---|---|---|
# | Citizen | Settlement |
1 | Joseph Kofi Adda | Navrongo |
2 | Roland Agambire | Sirigu |
3 | Roger A. Agana | Soe |
4 | David Atanga | Namoo |
5 | Theresa Lardi Awuni | Winkongo |
6 | Adam Kwarasey | Navrongo |
7 | Abedi Pele | Paga |
8 | Mark Woyongo | Navrongo |
9 | Hawa Yakubu | Kulungungu |
10 | Stephen Yakubu | Binduri |
11 | Adabere Adabre Donald | Bolgatanga |
This article uses material from the Wikipedia Twi article Upper East Region, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.