Vaccine yɛ aduro bi a yareɛ mmoawa a won ahuoden ayɛ mere anaa sɛ won awu wo mu.
Sɛ saa aduro yi a kɔ nnipa mu a, ekayan nnipa dua ne mu ahuoden mmoa ma wo sɔre tia yareɛ mmoawa biara daakye biara no ɛbeba nnipa dua no mu. Wotumi de aduro no so anum anaa sɛ wo de fa panie mu wɔ nnipa no. Saa kwan yi boa ma wotumi si yareɛ bebree ano. Yareɛ no bi ne small pox, polio, ntobro (measles) ɛne tetanus. Aduro a ahuoden wo mu na aboa ama yareɛ bi abrɛ se ne influenza aduro, HPV aduro and chicken pox aduro.
Vaccines yɛ ma nnipadua no na n’ahuoden tumi ko tia nsaa yareɛ bebree. Na mmom, wo kwan bi so no, won ahuoden no tumi brɛ ase. Vaccines ahuoden gyina ɛneɛma a edidi so yi so:
Sɛ nnipa a w’asɔ no vaccine yi san ya yareɛ a, saa yareɛ no ahuoden ba fam sen nea yen sɔɔ no vaccine no bi. Nea edidi so yi yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛ hyɛ no nso sɛ yɛ pɛ sɛ vaccine a yɛde sɔ nnipa bɛ kɔ yiye.
Ɛnam vaccine so nti, yareɛ a yɛfrɛ no smallpox yetumi tu n’ase. Saa yareɛ smallpox yi yɛ owuo ne nsae yareɛ a ɛka nnipa. Yareɛ bi te sɛ rubella, polio, ntobro, mumps, chickenpox ne typhoid ayɛ nna sene nfie beyɛ oha a atwa mu yi esane sɛ wo de vaccine sɔɔ nnipa bebree ano.
Sɛ yɛde yareɛ bi ho vaccine so nnipa bebree ano a, ɛbedu mmerɛ bi no, ɛbɛyɛ den sɛ saa yareɛ no bɛsan aba saa nnipa kuo no mu. Vaccines nso tumi boa ma nnipadua no ko tia mmoawa a ɛsore tia nnuro bi a ɛsan sɛ wone saa nnuro no anya nkitahodie bebree wo mmre bi a atwa mu no nti. Bio nso, vaccine aboa ama yareɛ bi a na penicillin ahuoden ayɛ mmerɛ wo so no wo ko tia. Mpo sɛ yɛ hwɛ ntobro yareɛ a, aduro a yɛ de sɔ anoo no abɔ nnipa bebree ho ban afi owuo mu afe biara mu.
Aduro a yɛde sɔ nnipa wo mmerɛ a ɔyɛ abofra no mpen pii no ɛyɛ a nsunsuanso bɔne biara nni akyiri. Mpo sɛ biribi wo ho saa, ɛyɛ na ano nyɛ den. Nea ɛtaa esi no bi ne ahuohyeɛ, yaw wo faako a yɛde panie no wɔɔ yɛ, ɛne honam yaw. Yɛ wo nnipa bi a won nnipadua no ne ahuoden duro a ɛwɔ vaccine no mu nhyia. Nanso nsunsuanso a ano yɛ den no ntaa nsi.
Aduro yɛde so yareɛ ano anaa vaccine yi gu ahohoro. Ebi yɛ yareɛ mmoawa a won awu anaa sɛ wontumi nkayan won ho. Ebi so yɛ akyi ade a ɛho te krogyeen.
Aduro a yɛde sɔ yareɛ ano bi wo hɔ a, wode yareɛ mmoawa a won awu esan sɛ wode aduro anaa ohyew aka won na ayɛ.
Aduro a yɛde sɔ yareɛ ano bi wo hɔ a, wode yareɛ mmoawa a wo te ase na mmom wontumi nkanyan won ho na ayɛ. Saa aduro yi tumi kanyan nnipadua no ahobanbo nanso won a won nnipadua no ayɛ mmere deɛ, ɛnnyɛ mma won.
Vaccines no bi nso wo ho a, wonfa, yareɛ mmoawa a won ano ayɛ mmerɛ na ɛyɛ, na ɛmom, wode adu bɔne a ɛtumi de yareɛ ba na ɛyɛ.
Wotumi pone mmoawa ho bi de kanyan nnipadua no ahobanbo fuo. Wofrɛ no subunit vaccine
Wo nam abɛɛfo kwan so de vaccines afoforo a wonfa mmoawa na ɛyɛ. Wode won nyansa ne won nsa na ɛyɛ saa vaccine no.
Woyɛ vaccine no bi wɔ kwan bi so a, ɛmma no ko tia yareɛ mmoawa baako pɛ. Vaccines no nso bi wo hɔ a ahuoden a ɛwɔ mu nti, etumi ko tia yareɛ mmoawa bebree a wɔbɔ abusua baako.
Vaccines no bi wo hɔ a wode mmoawa bi a wonya fi mmoa mu na ɛyɛ. Saa mmoawa yi nfa yareɛ biara mma nnipadua no mu anaase nsunsuansoɔ bɔne bi
Nnipadua no ahobanbofuo a wɔ ko tia yareɛ no hu vaccine sɛ ahohodeɛ a aba nnipadua no mu. Ne saa nti no, wosei no na afei nso wo hyɛ no nso. Saa yareɛ mmoawa a wo de yaa saa vaccine no bi san ba nnipadua no mu a, ahobanbofuo no hu no a, wosi no kwan sɛ nea ɛmma wɔn asi ntrɛ wo nnipadua no mu.
Mmoawa bi wo vaccine mu a ɛboa ma wotumi kayan won ho ma wotumi bɔ nnipa ho ban. Wo san nso de aduro bi hyɛ vaccine no mu se nea ɛmma no nsei ntɛm.
Sɛ nea yɛ bɛ nya banbo a edi mu nti, ɛyɛ sɛ yɛ de vaccine no so mmofra ntɛm pa ara na won ntwen kosi sɛ wobɛ nyin. Mmerɛ ne mmerɛ rekɔ no, ɛho bɛ hia sɛ wo bɛ san ama no aduro a ɛbɛhyɛ vaccine no mu kina. Vaccines bebree wo ho a w’ahyehyɛ no wɔ kwan bi so a, mmere ne mmere mu no, wode ma nnipa anaa sɛ onipa no di nfie bi a ansaa na wo betumi ama no saa vaccine no. Nfatohoo ne ntobro, tetanus, influenza ne pneumonia vaccines
Akwansideɛ titiriw a ɛwɔ vaccine yɛ mu no ne nkrataasɛm. Wiase apomuden dwuma keseɛ nhwehwɛ mu kyerɛ sɛ akwansideɛ no bi ne sika sɛm ne nnipa a wo wɔ adwuma no ho sua hunu.
Mpuntuo aba wo kwan ne nhyehyeɛ a wode vaccine fa so ma nnipa. Mpuntuo a ɛda nso ne nea yetumi de so nnipa anum. Mfatoho ne polio vaccine a sɛ onipa a onni ntete yɛ mpo tumi de ma. Wo gu su de mmoa ɛyɛ nhwehwɛ mu fa vaccine a wonfa ngu panie mu nwo. Wo nam abɛɛfo nimdeɛ kwan so ɛyɛ adeɛ bi a nsoe a aduro wo ano a ani ntumi nhu na wotumi de tare nipa honam ho.
Mpuntuo bebree na aba wo vaccine yɛ mu
This article uses material from the Wikipedia Twi article Vaccine, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.