Kojo Oppong Nkrumah: Ghana amanyɔni

Kojo Oppong Nkrumah ( wɔwoo no Oforisuo da etɔ  so 5, afe 1982) yɛ Ghanani amanyɔni  ne mmaranimfoɔ.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Na ɔyɛ mmarahyɛ bedwani a ogyina hɔ ma Ofoase-Ayirebi mpesua wɔ Ghana mmarahyɛbadwam.

Hon.
Kojo Oppong Nkrumah
Member of Parliament
for Ofoase-Ayirebi
Mprenpren
Bere
7 January 2017
Minister for Information
Mprenpren
Bere
2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoMustapha Abdul-Hamid
Ne ho asɛm
Awo bere
Kojo Vincent Oppong Nkrumah

5 April 1982 (1982-04-05) (age 42)
Koforidua, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniAkua Oppong Nkrumah
Mma3
Sukuu a w'akɔPope John Senior High School
University of Cape Coast
University of Ghana
GIMPA
N'adwumaNsɛmtwerɛni, Amanyɔni, Mmranimfoɔ
Websitehttp://www.konkrumah.org/

Ne mmɔfrase ho nsɛm

Wɔ woo Kojo Oppong Nkrumah, Oforisuo da etɔ  so 5, afe 1982 wɔ Koforidua a ɛwɔ apuei fam wɔ Ghana. N'awofo ne Kwame Oppong Nkrumah ne Felicia Oppong Nkrumah. Na ne maame yɛ ɔkyerɛkyerɛni. Na ne papa nso kyerɛ ade nanso, akyirI ogyae ade kyerɛ kɔyɛɛ adwuma wɔ sika korabea. Ɛwom sɛ wɔwoo Nkrumah wɔ Koforidua de nanso Nkrumah fi Akyim Anyinase.

Adesua ho nsɛm

Nkrumah hyɛɛ ne sukuu ase wɔ St. Bernadette Sukuu a ɛwɔ Dansoman na ɔtoaa so kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Pope John Senior High School a ɛwɔ Koforidua. Kojo toa n'adesua no so kɔɔ sukuupɔn wɔ Cape Suapɔn no mu ma no gyee abodin krataa.

Wɔ afe 2012 mu no, Kojo wie Suapɔn a ɛwɔ Nkran mantan mu; University of Ghana ma no nyaa abodin krataa wɔ edwadie ho nsem mu.

Wɔ afe 2014 mu no,  Kojo san nyaa abodin krataa a ɛfa mmaranim ho, a ɛyɛ (LLB) fi suapon a ne din Gimpa hɔ. Mfie mienu na ɔde suaa ade de gyee saa abodin krataa no.

Wɔ mfie 2016 mu, asemdibea kunini a ɛwɔ ɔman Ghana mu de abodin krataa maa Kojo se Ghana mmaranimfo.

Adwuma ho nsɛm

Nkrumah hyɛɛ n’adwumayɛ ase wɔ adwumakuo bi a ne din de British American Tobaco wɔ afe 2006 mu. Na saa adwumakuo yɛ tawa ho nnwuma. Ofii hɔ kɔɔ Joy Fm, kɔyɛɛ adwuma sɛ sɛmkyerɛwfoɔ. Akyiri wɔfaa no sɛ otitenani ma wɔn anɔpa dwumadie, bere a nea na  odi saa dwumdie  a ne din de Komla Dumor firi hɔ. Wɔ afe 2014 mu no, Nkrumah de ne dwumadie sɛ sɛmkyerɛfoɔ no too hɔ na obue ɔno ankasa n'adwumakuo a wɔfrɛ no West Brown Stone Capital.

Wɔ afe 2016 mu no, ɔhyɛ aseɛ yɛɛ adwuma sɛ mmaranimfoɔ wɔ mmarahye adwumakuo a wɔfrɛ no Kulendi, Attefuah and Amponsah.

Amanyɔsɛm

Wɔ afe 2015 mu no, Kojo Oppong Nkruma kɔgyinae wɔ New Patriotic Party(NPP) din mu sɛ wɔnto ne so aba, na watumi abɛyɛ mmarahyɛ beguafo a ogina hɔ ma Ofoase-Ayirebi abatoɔ mpesua so wɔ Ghana ma NPP amanyɔkuo no. Odii nkunim wɔ 2016 Ghana Mpesua abatoɔ mu sɛ mmarahyɛ bedwani ma Ofoase-Ayirebi mpesua wɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔsan paw no sɛ mmarahyɛ badwani ma saa abatoɔ mpesua yi wɔ Ghana 2020 Mpesua Abatoɔ mu.

Sesei, ɔresom sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ amaniebɔ so wo Ghana. Ɔsan yɛ kasamafo ma aban no wɔ sikasem ho amaneɛbɔ ho. Wɔ mmarahyɛ bedwam no ɔka kuo a wɔhwɛ sikasem ntotoe ho.

N'abrabɔ mu nsɛm

Nkrumah yɛ Kristoni.

Beae a menyaa mmoa fii

Tags:

Kojo Oppong Nkrumah Ne mmɔfrase ho nsɛmKojo Oppong Nkrumah Adesua ho nsɛmKojo Oppong Nkrumah Adwuma ho nsɛmKojo Oppong Nkrumah AmanyɔsɛmKojo Oppong Nkrumah Nabrabɔ mu nsɛmKojo Oppong Nkrumah Beae a menyaa mmoa fiiKojo Oppong NkrumahAmanyɔniOforisuo

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

BristolKɔdognoEric Christopher DjamsonSan AntonioLodiCaselle LuraniBulgariaBangladeshAwuradeY'apaw ObiTwiShaibu Mahama KalbaAdelaideTeheranAngelino AlfanoSikakorabeaMarcel DesaillyCastrovillariJulius CaesarAbawoLungroAkomaPittsburghAnna NetrebkoNepalAkan (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)St. LouisAgona West (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)BrasilNetherlandsPiloloRennesRostov-na-DonuSekou NkrumahKwadwo SafoCubaEugenia aromaticaGhana kasa ahodoɔExodusPapa Owusu AnkomahAngélique KidjoNhwerenRas DashenJohn MahamaMmɔfraIndianapolisNnuaNantesMaliButanEεrεwanSanto Stefano LodigianoBotswanaAduroFanteakwa South (Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)CooperstownHelen NtosoMalawiNapoléon BonapartePaltogaBremenJoseph Kofi AddaKofi AdamsAlban Sumana BagbinQin Shi HuangNyinsɛnAmɑnɑmɑn NkɑbɔmuHesekiel🡆 More