Ɔpɛnimaa

Ɔpɛnimaa(pronounciation of Ɔpɛnimaa (help·info)) yɛ bosome a ɛtwatoɔ wɔ afe mu.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so du mmienu ɛna ɛsane nso wɔ nna aduasa-baako. Ɔpɛnimaa bosome no na ɛdi Obubuo akyi ɛna ɛsane di Ɔpɛpɔn anim

Abakɔsɛm

Ɔpɛnimaa yɛ edin a Akanfoɔ de ma bosome a ɛtɔ so du mmienu. Wɔ brɔfo mu no wɔfrɛ saa bosome yi 'December'. Ɔpɛnimaa kyerɛ sɛ ɔpɛ ketewa. Ɛya saa bosome wei na ɔpɛ no hyɛ aseɛ ba nketenkete ansana ayi ne ti kɛse paa wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu. Sɛ eduru Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔso aduonu-num a nnipa pii noa de saa da yi si hɔ de kae Yesu awoda ɛno nti akristofoɔ ne nnipa pii mfa saa da no nni agorɔ koraa. Wɔ bosome yi mu wɔ Ghana no, ɔpɛ bere no hyɛ ase wɔ Ghana atɔe fan nanso wɔ Ghana atifi fam no ɛyɛ ɔpɛ bere dedaw.

Nna atitirew anaa nnapɔnna wɔ bosome no mu

Nna atitirew bi ne nnapɔnna ahorow a wɔhyɛ ho fa wɔ Ɔpɛnimaa bosome mu wɔ ɔman Ghana mu. Ebi ne:

  • Farmer’s Day (3rd December), Akuafo Da - wɔhyɛ ho fa Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so mmiensa. Ɛyɛ da a wɔayi asi hɔ de ma akuafo nyinaa ayekoo wɔ wɔn adwumaden ho.
  • Christmas Day (25th December), Bronya Da - wɔhyɛ ho fa Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduonu anum. Ɛyɛ da a Kristofo de kae Yesu Kristo awoɔ.
  • Boxing Day (26th December), Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so adounum asia. Ɛtaa yɛ nnapɔnna wɔ Ghana.
  • Feok anaa Fiok afahyɛ. Ɛyɛ afahyɛ a wɔn a wofi Sandema wɔ Ghana di. Wɔsan frɛ no Ɔko afahyɛ. Wɔtaa hyɛ ho fa wɔ Ɔpɛnimaa bosome no mu. ; ne
  • Kwafie afahyɛ . Ɛyɛ afahyɛ a wɔn a wofi Dormaa wɔ Ghana hyɛ ho fa de kae sɛnea wɔn nananom de ogya bae. Wɔtaa hyɛ ho fa Ɔpɛnimaa anaa Obubuo bosome no mu.

Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu

Tags:

About this soundFile:Tw-Ɔpɛnimaa.oggObubuoTw-Ɔpɛnimaa.ogg

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Norbert ZongoTorinoAgyentinaPaul OkohƆtare Togo (Lake Togo)Hanna TettehMinskWarsawNatalia OreiroMilanoKwabenaKeteke gyinabeaBolognaAdelaideCaselle LuraniSlovakiaAnuanomGiorgio NapolitanoKofi Konadu AprakuKokoramKokonteNsamanwaMohammed Adamu RamadanBaghdadJustice Joe AppiahNigeriaMisrimAdanSão PauloMarseilleBɛɛlinJohn Dramani MahamaVivian Kai LokkoMarleen HutchfulAdwumayɛfo kuw (Trade union)ƆbɛnemYunyoo(Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)UfaGyaamanAdwoaTorontoƐmo tuoNhwerenDεnmaakAlima MahamaKwasiadaKɛnɛt Ofori-AttaKwaku Ampratwum-SarpongAkuapem TwiGyean-Marie Lɛ PɛnNkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa(Sustainable development)AbawoƆbosome🡆 More