Warsaw

Warszawa yε kuro titiriw a ɛwɔ Poland.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Warszawa ɛyɛ Polandi ahenkuro a emu nipa ɛyɛ opipipi 1.729.119.

Warsaw
Warszawa
Warsaw
Warsaw
New World Street, one of the main shopping promenades in Warsaw
Warsaw
Neoclassical Commission Palace, the house of the city's government

Warsaw (Polish: Warszawa [varˈʂa.va] (listen)), mmara mu no Warsaw yɛ ahenkuro, na ɛno ne kuro a ɛso yie pa ara wɔ Poland man no mu. ɛyɛ metropolis a ɛda asubɔntene Vistula so wɔ Poland apuiɛ-mfimfin mantam (east-central ) no mu na nnipa a wɔtete kuro no mu no wode w'ani bubu a wɔn dodoɔ bɛyɛ Ɔpepepem baako ne akyire pɔ nwɔtwe (1.8 million), a wɔn nyinaa wotete greater metropolitan fa mu hɔ no nso bɛyɛ Ɔpepepem mmiensa ne akyire pɔ baako (3.1 million), a yei ma Warsaw kuro no bɛyɛ ahenkuro a ɛtɔ so nson a ɛmu nnipa dɔɔ so yie pa ara wɔ European Union.

Warsaw
Embassy of the Netherlands

Toponymy ne Edin ahodoɔ

Warsaw din ankasa wɔ Polish kasa mu ne Warszawa. Nkane no edin ahodoɔ a na nka wɔde frɛ kuro yi ne sɛdeɛ na wɔtwerɛ no no bi ne Warszewa, Warszowa, Worszewa anaa Werszewa. Edin yi abɔseɛ anaa baabi korɔ pɔtee a wɔnyaa saa edin yi firiiɛ deɛ, obiara nnim de bɛsi nnɛ. Nkane no, na Warszawa yɛ din a wɔde frɛ namyifoɔ beaeɛ bi a na ɛwɔ asubɔntene Vistula ano pɛɛ.

Ɔsom ahodoɔ

Ɛfiri mmerɛ a wɔkyekyeree kuro a yɛfrɛ no sɛ Warsaw no asom ahodoɔ beberee na wɔdi wɔn dwumadie wɔ hɔ ɛno nti ama kuro no ayɛ kuro a amammerɛ ahodoɔ ne ɔsom ahodoɔ adi afra. Afe apem ahankron ne baako nnipa ne adan akenkan (1901 census) dwumadie no kyerɛɛ sɛ, nnipa a wɔtete kuro no mu no dodoɔ yɛ 711,988 na ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu 56.2% na wɔkɔ Catholic asɔre no bi, ɛmu ɔha mu nkyekyɛ mu 35.7% nso yɛ Jewfoɔ, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu 5% nso yɛ Greek Orthodox akristofoɔ ɛna ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu 2.8% nso yɛ Protestantfoɔ. Mfie nwɔtwe akyi wɔ afe 1909 mu no,Jewsfoɔ no dodoɔ no kɔduruu 281,754 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (36.9%), Protestantfoɔ no nso dodoɔ no kɔduruu 18,189 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (2.4%) ɛna na nnipa no mu 2,818 nso yɛ Mariavites foɔ a wɔn dodoɔ no gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (0.4%). Yei nam so maa wɔsisii hyiadan ahodoɔ bɛboro ɔha ne akyire ne twaa kuro no mu nyinaa hyiaeɛ.

Warsaw 
The Lutheran Holy Trinity Church is an important landmark

Mfonin ahodoɔ

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Warsaw Toponymy ne Edin ahodoɔWarsaw Ɔsom ahodoɔWarsaw Mfonin ahodoɔWarsaw Baabi a menyaa mmoa firiiɛWarsawPoland

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

KwawuMmoaAhinimeNyinsɛnKlottey Korle (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)AyamtimShai Hills Resource ReserveSpanishSpainŽeljko JoksimovićGhanaian cuisineWinnipegSekou NkrumahAfromomum MeleguetaAni LorakPaviaWa Naa's PalaceYokohamaKharkivGeorge Kingsley AcquahNyinsɛn a wɔhyɛ da yiGhana kasa ahodoɔTswanaMpesuaZabid na ɔkyerɛweeMisrimMmaraSamira BawumiaNana Akufo-AddoTheodore Asare OwusuKojo BotsioPiacenzaJaman North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Universal code of conductNha TrangGyean-Marie Lɛ PɛnBuem (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)CPPKazanCristiano RonaldoMonakoQuébecOsakaSeattleBrkikisiTrabzonBristolIstanbulThanh HoaTallinnIrakTheresa KufuorCitrus aurantifoliaƆbosomeEhyiaUnited Ghana MovementGuineaAlbaniaFesNapoléon BonaparteSierra LeoneBesançonPeople's National Convention (PNC)Akenten Appiah-MenkaSyriaSan Martino SiccomarioDɛmografi (Nnipa dodoɔ)🡆 More