Zaragoza

Zaragoza(pronounciation of Zaragoza (help·info)) yε kuro a ɛwɔ Spain man mu.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Zaragoza
Zaragoza

Zaragoza, a borɔfo kasa mu no wɔka no sɛ Saragossa, ɛyɛ kuro a ɛso yie pa ara wɔ Zaragoza Province no mu na ɛsane nso yɛ kuro a ɛde ne ho wɔ Aragon, a ɛwɔ Spain. Kuro yi da asubɔten ɛne ne tributaries nkyɛn, wɔ Huerva ne Gállego, a wobɛtumi aka sɛ ɛda Aragon ne Ebro mfimfin. Wɔ ɔpɛpɔn bosome no da a ɛdi kan wɔ afe mpem mmienu ne du nkron mu no (2019), na nnipa dodoɔ wɔwɔ kuro Zaragoza no mu no yɛ 706,904, (ɛno ne kuro a ɛtɔ so num a ɛso yie pa ara wɔ ɔman Spain mu) a ɛwɔ asaatam bɛyɛ 973.78|km² so.

Abɔseɛ

Kane Iberian kuro a ɛdii kan bae ansa na Roman foɔ rebɛdi kuro no so no na wɔfrɛ no Salduie anaa Salduba. Roman foɔ ne Greek foɔ nso frɛɛ saa tete kuro yi sɛ Caesaraugusta (wɔ Greek mu no ɛyɛ Καισαραυγοῦστα), ɛno mu na yɛnyaa Arabic din Saraqusṭa ( a na wɔka no wɔ Al-Andalus berɛ mu), ɛno ne medieval Çaragoça, ɛne mprɛmprɛn Zaragoza.

Abakwasɛm

Roman Caesaraugusta

Zaragoza 
Roman theatre
Zaragoza 
Roman Caesaraugusta 1.- Decumano; 2.- Cardo ; 3.- Forum ; 4.- Port; 5.- Thermal baths; 6.- Theatre; 7.- Walls

Sedetani foɔ, ɛyɛ abusuakuo a wɔwɔ ancient Iberians, a na wɔtete kuro bi a yɛfrɛ no Salduie ( wɔka no sɛ Salduba Roman kasa mu). ɛkyire yi no, Augustus bɛtɛɛ kuro bi a yɛfrɛ no sɛ Caesaraugusta. wɔ saa beaeɛ korɔ no ara sɛ ɔde rema asraafoɔ a wɔfiri Cantabrian ako abɛduru. ɛda korɔ pɔtee a wɔtee kuro a yɛfrɛ no sɛ Caesaraugusta no deɛ obiara nnim, ɛwom sɛ yɛsusu sɛ ɛhyɛ 25 BC ne 11 BC ntam.


Ɔsom ahodoɔ

Nhwewɛmu a Centro de Investigaciones Sociológicas (CIS) foɔ yɛeɛ wɔ afe mpem mmienu ne du nkron (2019 ) mu no kyerɛ sɛ wofa nnipa ahaasa (300) biara a, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu aduonum baako ne akyire pɔ hwee (51.0%) kyerɛɛ wɔ nhwehwɛmu no mu sɛ wɔyɛ non-practising Catholic, ɛmu ɔha nkyekyɛmu aduonu nan ne akyire pɔ hwee (24.0%) nso kyerɛ sɛ wɔyɛ practising Catholic, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu nsia ne akyire pɔ nson (6.7%) nso deɛ wɔn nni gyidie yi mu biara, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu num (5.0%) nso kyerɛ sɛ wɔyɛ agnostic, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu nan ne akyire pɔ mmiensa (4.3%) nso yɛ atheist ɛna ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu mmienu ne akyire pɔ mmiensa ( 2.3%) nso som da nso, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu nsia ne akyire pɔ nson (6.7%) nso deɛ na wɔnni mmuaeɛ biara.


Tukɔtenafoɔ

Wɔ afe mpem mmienu ne du nson mu no (2017) na amanfrafoɔ a watutu afiri wɔn aman so bɛyɛ 64,003 na na wɔwɔ Zaragoza, a na ɛgyina hɔ ma kuro mu nnipa dodoɔ no mu ɔha nkyekyɛmu nkron ne akyire pɔ nsia (9.6%). Firi afe mpem mmienu ne du mu (2010) kɔsi afe mpem mmienu ne du nson mu no (2017), atukɔtena foɔ a wɔtutu ba kuro no mu no so te baa fam, ɛte firii nnipa 87,735 ɛbaa 64,003 , a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu aduonu nson (27%) na ɛteeɛ. Romanian foɔ nko ara wɔ mu ɔha mu nkyekyɛmu aduonkron ne akyire pɔ nwɔtwe (29.8%) na na watu akɔtena Zaragoza, anaa wɔyɛ kuro no nyinaa nnipa dodoɔ no mu ɔha nkyekyɛmu mmienu ne akyire pɔ nkron (2.9%) woyi wɔn firi hɔ a Moroccan foɔ nso na wɔtɔ so a wɔyɛ ɔha nkyekyɛmu nkron ne akyire pɔ baako (9.1%) ɛna Chinese foɔ nso yɛ ɔha mu nkyekyɛmu nson (7%).


Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Zaragoza AbɔseɛZaragoza AbakwasɛmZaragoza Baabi a menyaa mmoa firiiɛZaragozaAbout this soundFile:Tw-Zaragoza.oggSpainTw-Zaragoza.ogg

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Lady GaGaYaaNkuro a ɛwɔ GhanaAkosuaPiacenzaƆpɛnimaaJapanAfiaAzerbaijanLouis JoxeWim nsakrae wɔ GhanaUniversité de VersaillesAsɔre danMohammed Adamu RamadanNtaafoɔAsaanaBolognaSaint PetersburgJason Moore (Wikipedia samufo)IllinoisPandemicNkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa(Sustainable development)ColombiaEdward Akufo-AddoBasilica di San PietroKwadwo Baah AgyemangKairoAbusuaModestus Yao Z. AhiableAminiaFranceTswanaSɛnkyerɛnneViennaBonwireRoger FedererNsoromaAbenaZaragozaPakistanFrancis Adu-PokuLeptis Magna a wɔfrɛ no MagnaƐdanDoricoAshford Emmanuel InkumsahEskistaBukarestMarcel DesaillyMemenedaNyarewaRonald ReaganBuenɔs AiresIgnatius Kutu AcheampongNeymar na ɔkyerɛweeLopé National ParkAbawoVanessa ParadisJoseph Cudjoe (politician)BariSierra LeoneKojo Thompson🡆 More