William Bruce-Lyle

Na William Stacey Bruce-Lyle yɛ mmranimfoɔ ne ɔtemmufoɔ panin wɔ Ghana asɛnnibea baatan ne zambia asɛnniibea kunini no mu.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
William Bruce-Lyle
nnipa
sex or gendermale Sesa
given nameWilliam Sesa
date of birth1919 Sesa
place of birthGhana Sesa
position heldJustice of the Supreme Court of Ghana Sesa
educated atMfantsipim School Sesa

N'abrabɔ ahyɛaseɛ ne ne nimdepɛ.

Wɔwoo Bruce-Lyle wɔ afe mpem ɔha nkron ne du-nkron wɔ da a ɛtɔ so dummiɛnsa wɔ bosome du no mu wɔ Nkran man mu. Ɔhyɛɛ n'adesua ase wɔ Government Boys sukuu a ɛwɔ Nkran man mu. Ɔsane toaa n'adesua so wɔ Mfantsipim ntoasoɔ sukuu kɔsii sɛ ɔfirii hɔ afe mpem ɔha nkron ne aduasa nkron mu. Ɔsane toaa n'adesua no so wɔ mmranim sukuu a ɛwɔ London man mu a wɔ frɛ no The Inn of Court School of Law.

Adwuma

Wɔ ntoaso sukuu akyi no, Bruce-Lyle yɛɛ adwuma sɛ second division clerk wɔ Ghana Civil Service kosii afe mpem ɔha nkron ne aduanan nsia. Wɔpaw no sɛ ɔmantam ɔtemmufoɔ wɔ afe mpem, ɔtemmuafoɔ panin wɔ afe mpem ɔha nkron ne aduonum nwɔtwe mu ne ɔmansin temmuafo wɔ afe mpem ɔha nkron ne aduasia. Wɔpaw no sɛ asɛnnibea kunini no temmufo wɔ afe mpem du nkron ne aduasa baako mu na ɔno ɔsom wɔ saa dibea no mu mfeɛ miɛnsa. Wɔ afe mpem ɔha nkron ne aduasia nan mu no, wɔpaw no sɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no temmuafoɔ na ɔtraa saa dibea no mu kosii afe mpem ɔha nkron ne aduasia nsia bere a wotuu Nkrumah aban fii tumidi mu no. Ɔtu kɔɔ Zambia baabi a ɔbɛyɛɛ Zambia ɔtemmufoɔ panin firi afe mpem ɔha nkron ne aduasia nwɔtwe kɔsi afe mpem du nkron ne aduoson baako. Ɔbɛyɛɛ asɛnnibea kunini temmuafoɔ wɔ Zambia firi afe mpem ɔha nkron ne aduoson baako kɔsi afe mpem ɔha nkron ne aduoson nsia. Wɔpaw no sɛ Zambia Asɛnnibea Kunini no temmuafoɔ wɔ afe mpem ɔha nkron ne aduoson nsia mu kɔsii sɛ ɔkɔɔ pɛnhyen wɔ afe mpem ɔha nkron ne aduowɔtwe mu.

Ankorankoro asetra

Ansa na ɔreware Rosamond Alexandra Bannerman wɔ afe ɔha nkron ne aduonum baako mu no, na ɔwɔ babaa Emma Lilian. Ɔne Rosamond woo mmammarima baanu Leslie, Frederick ne ɔbabaa Desiree. Ne babarima a ɔtɔ so mmienu, owufoɔ N’animuonyam Owura Ɔtemmufoɔ Frederick Victor Bruce-Lyle yɛ mmaranimfoɔ wɔ Eastern Caribbean Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ Saint Vincent ne Grenadines na ne babaa Desiree Bruce-Lyle yɛ mmaranimfoɔ wɔ San Diego Asɛnnibea Kunini, United States.

N’anigyede ahorow bi ne akenkan ne golf.

Sɛnea ne babarima Frederick wu ho krataa bi kyerɛ no, William Bruce-Lyle nso awu.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

William Bruce-Lyle Nabrabɔ ahyɛaseɛ ne ne nimdepɛ.William Bruce-Lyle AdwumaWilliam Bruce-Lyle Ankorankoro asetraWilliam Bruce-Lyle Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛWilliam Bruce-LyleGaana

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Nana Konadu Agyemang-RawlingsSpainAguamansɛmCheops PyramidIrakAdowaKumase Wiemuhyɛn gyinabeaYaaSmolenskDamongoCanadaSan Jose, CaliforniaVaiano CremascoSamia NkrumahIranKrosby MensahZagrebOhum AfahyɛAblekuma North (Ghana mmrahyɛbedwam mpɛsoa)Kuli kuliEtuoUniversity of VersaillesSpanishCentral RegionGhana National AnthemAbena AmoahYawŁobezLukaMpesuaAdinkra AhyɛnsodeɛKwame Addo-KufuorUniversity of CambridgeSaint PetersburgAmɑnɑmɑn NkɑbɔmuSunyaniTu FuWietnamSuratTurkeyColosseoAmiensGrace AddoNgyiresiEwiaDzimbi AfahyɛJohn MahamaAtifi Mantam (Ghana)AtɛnsEdward Osei-KwakuStephen HillenburgBelarusUniversity of Cape CoastKwabenaƐdɔm kɛseɛKwameNyinsɛnSekune-TakoradeƆtɛnmuafoKofiReggie RockstoneChefren PyramidƆPƐNIMMAZaragozaRussiaDeborah Owusu-BonsuƐkrɔEnoch Teye MensahNana Akufo-AddoNsuoAbraham Ossei-Aidooh🡆 More