Stephen McDannell Hillenburg (pronounciation of Stephen Hillenburg (help·info)) yɛ Amerikani a ɔwoo no (Ɔsanaa 21, 1961- owui wɔ Obubuo 26, 2018) na ɔyɛ sinitwa ho adwuma, afei nso na ɔyɛ abɔdeɛ mu nyansa pɛ kyerɛkyerɛni a na ɔkyerɛkyerɛ asuasua ho nsɛm.
Hillenburg na ɔyɛɛ Nickelodeon sini no ho adwuma. Ɛno mu no ɔsom sɛ sini no panin wɔ sini no mprɛnsasoɔ a ɛbaeɛ no mu nyinaa. Seisei, abɛyɛ AmeriKa sini a akyɛ na agye ne din paa yie a ɛtɔ so num.
Ɔwoo Hillenburg wɔ Lawton, Oklahoma aburokyiman mu, nna ɔtetee no wɔ Anaheim, California. Ɛwɔ Hillenburg mmɔfra berɛ mu no, na ɔbɛn asuasua, ɛnam so maa ɔbɛnyaa ɔdɔ maa asuasua na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔde ne nfonini ɛtoto krataa so. Ɔhyɛɛ n'adwuma ankasa ase wɔ afe apem aha-nkron aduowɔtwe nan (1984) mu.
Ɔwoo Hillenburg wɔ Ɔsanaa bosome a ɛtɔ so aduonu baako, wɔ afe apem aha-nkron aduosia baako mu (August 21, 1961) wɔ Fort sill, a ɛyɛ United States Army post a ɛwɔ Lawton, Oklahoma, baabia na ne papa Kelly N. Hillenburg Jr. yɛ adwuma ma U.S Asraafoɔ kuo no. Na ne maame Nancy yɛ ɔkyerɛkyerɛni a ɔkyerɛ mmɔfra a w'adidɛm adeɛ. Hillenburg nyaa afe baako no, abusua no firii hɔ kɔɔ Orange County, California, ɛhɔ na ne papa bɛyɛɛ draftsman ɛna designer.
Hillenburg wiee kɔlegi no, ɔbɛyɛɛ panin wɔ nnwuma bebree so wɔ afe apem aha-nkron aduowɔtwe nan mu, ebi ne, "park service attendant" wɔ Utah ɛne "art director" wɔ San Francisco, ansana ɔrebɛnya adwuma ankasa a ɔpɛ: ɔkyerɛ nkɔdaa adeɛ. Na ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛyɛ adwuma wɔ "National park on the coast".
This article uses material from the Wikipedia Twi article Stephen Hillenburg, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.