Sekune-Takorade

Sekondi-Takoradi(Audio file tw-Sekondi-Takoradi.ogg not foundNhwɛsoɔ:Category handler yɛ kuro kɛseɛ a ɛwɔ Ghana.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛyɛ nkuro mmienu, Sekondi ne Takoradi. N'ahenkro Sekondi-Takoradi mansini adantam ne Atɔe mantam wɔ Ghana. Sekondi-Takoradi yɛ mantam hɔ nkuro akɛseɛ a ɛwɔ mfidi nnwuma beaɛ a nnipa a ɛwɔ hɔ bɛyɛ mpem nan ne aduanan num, ahanu ne num (2012). Mfidi nnwuma titire a ɛwɔ Sekondi-Takoradi ne nnua, kookoo, plywood, shipbuilding, akwan asiesie ne fangoo. Adwuma titire a ɛwɔ hɔ paa ara ne nam yie. Sekondi-Takoradi da keteke kwan a ɛwɔ Kumase ne Nkran.

Sekune-Takorade
Sekune-Takorade, Ghana

ABAKƆSƐM

Sekondi yɛ a akyɛ na Ahanta nso mu trɛ, na ɛyɛ beaeɛ ma Dutch Fort wɔ(afe apem aha nsia ne aduanan mmienu) ne England Fort Sekondi wɔ (afe apem ahankron nsia ne aduowɔtwe mmienu). Ɛtuu mpɔn firii keteke kwan a wɔsii no wɔ afe apem ahankron ne mmiɛnsa de kɔɔ hinterland fangoo ne nnua nnoɔma. Na Takoradi a ɛsane yɛ Ahanta kuro yɛ beaɛ ma Dutch Fort Witson wɔ (afe apem ahannsia ne aduosia num) na ɛwɔ nsuo donko bi a ɛwɔ mfasoɔ ne beaɛ a "ship" fa kɔ, a ɛdikan a Ghana sii no wɔ afe apem ahankron ne aduonu nnwɔtwe. Ewiase ntɔwa a ɛtɔso mmienu berɛ mu no, na RAF Takoradi yɛ beaɛ a ɛho wɔ mfasoɔ ma British wiemhyɛn a yɛayɛ ama Egypt. Wɔnyaa wiemhyɛn akodeɛ bi firii Engressi Aburokyire kɔɔ Takoradi baabi a wɔkɔhyiaeɛ a ɔfaa Nigeria ne Sudan kɔɔ Libya ntɔkwa no mu. Na squadron SAAF aduonu nsia nso wɔ Takoradi aberɛ a ntɔkwa a ɛtɔso mmienu akwantuo ahobammɔ no rekɔ so. Wɔsiee South Africa wiemkafoɔ bebree wɔ Takoradi European amusieeɛ. Nkuro nkuro no kaa wɔn ho bom wɔ afe apem ahankron ne aduanan nsia. Wɔ obubuo bosome da a ɛtɔ so aduonu, afe apem ahankron ne aduosia nkron mu no, kuro no bɛyɛɛ Roman catholic Diocese beaɛ wɔ Sekondi-Takoradi. Seesei yɛfrɛ kuro no (ɛwom sɛ ɛnsii pi deɛ) fangoo kuro wɔ Ghana ɛnam anamɔn kɛseɛ a wɔtuiɛ a wɔde nyaa fangoo wɔ atɔeɛ mantam ɛna asane atwe amanfrafoɔ bebree wɔ wiase afanan nyinaa. Nhwɛsoɔ, wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mu no, nnipa mpɛn mmienu ne aduanan nwɔtwe, ahasia ne aduowɔtwe a na ɛwɔ Sekondi-Takoradi mpɔtam, apem ne aduanan nwɔtwe anaa nea ɛboro saa na na ɛyɛ Ahantafoɔ ankasa, na mpem aduasa firi Ghana mfimfini mantam, ɛna mpem aduosia nso firi Ghana mantam baabi, ɛna na mpem du nso yɛ amanfrafoɔ.

NNIPA DODOƆ.

Nnipa pii no ara ɛwɔ Sekondi-Takoradi no yɛ akristofoɔ. Mantam ɔhamu nkyekyɛmu aduasa num yɛ pentecostfoɔ/charismaticfoɔ, ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nsia yɛ protestant ɛna ɔhamu nkyekyɛmu du nan nso yɛ catholic ɛna ɔhamu du mmienu a aka no nso yɛ nnipa bebree a ɛkɔ nsɔrensɔre nketenkete a aka. Nnipa bɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nkron yɛ nkramofoɔ, ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa akyirepɔ num nni ɔsom biara mu ɛna hwee akyirepɔ mmienu yɛ abosonsomfoɔ. Mmusuakuo titire a wɔhunuu no wɔ Sekondi yɛ Ahantafoɔ.

SIKASƐM.

Na Takoradi na ɛhwɛ beaɛ a yɛfa nnoɔma firi, nnua, nyanama ahoɔden, abɛɛfo nnwuma. Mfeɛ bi a atwam no, ɛtwee nnipa pii a na wɔn a wɔtu sika kɔkɔɔ ka ho, ɛnam sɛ na kuro no bɛn beaɛ a wɔtu agudie wɔ Ghana atɔeɛ mantam. Seesei Ghana nhwehwɛmu wɔ fangoo ho maa Sekondi-Takoradi bɛyɛɛ kuro a yɛfrɛ no fangoo kuro.

AKWANTUSƐM

Wɔn wɔ aban ahyɛn a ɛfiri Takoradi kɔ nkuro akɛseɛ te sɛ Nkran, Kumase, Mim, Ahafo, Cape Coast, Sunyani, Tamale, Tema,Ho, Wa, Bolgatanga, Elubo, Aflao, Techiman.

NSRAHWƐ AHODOƆ.

Sekondi-Takoradi wɔ "beaches" bebree nanso ɛnyɛ ɛno ne nsrahwɛ titire a ɛwɔ hɔ. "Beaches" dodoɔ no ara wɔ Takoradi atɔeɛ, a ɛwɔ baabi ketewa bi a wɔgye wɔn ani a yɛfrɛ no Fanta's Folly, Hideout, ne Green Turtle Lodge a ɛyɛ akɛseɛ a yɛfrɛ no "Busua Beach", Lou Moon Lodge, Axim Beach anigyebea ɛna beaɛ a ɛyɛ ahomeka a yɛdidi wɔ hɔ a yɛfrɛ no scoops bar, paragon bar ne Grill. Ɛsane wɔ afahyɛ bi a wɔdi no mprɛ baako afe no mu nyinaa a wɔn a wɔkɔ nsrahwɛ no nim. Wɔsane nso wɔ akura a wɔfrɛ no Nzuleze(akura a ɛwɔ nsuo so) a ɛyɛ nsrahwɛ a agyedin wɔ atɔeɛ mantam.

BEAƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ

Tags:

Sekune-Takorade ABAKƆSƐMSekune-Takorade NNIPA DODOƆ.Sekune-Takorade SIKASƐM.Sekune-Takorade AKWANTUSƐMSekune-Takorade NSRAHWƐ AHODOƆ.Sekune-Takorade BEAƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐSekune-TakoradeGaanaGhanaKumaseNkran

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Apuei Mantam (Ghana)Burkina FasoNauruKwadwo Adjei DarkoTobagoSekune-TakoradeSikakorabeaMisrimBukari Nikpe JosephPalisota hirsutaAdwumayɛfo kuw (Trade union)TrajanMalaysiaAbibremShatta WaleCristiano RonaldoNigeriaSlovakiaEbola yare🡆 More