Nobel Prize in Literature.
sex or gender | male |
---|---|
country of citizenship | Somalia |
given name | Nuruddin |
family name | Farah |
date of birth | 24 Obubuo 1945 |
place of birth | Baidoa |
spouse | Amina Mama |
languages spoken, written or signed | English, Italian |
occupation | writer, novelist |
educated at | Panjab University, University of Essex, University of London |
ethnic group | Somalis |
notable work | From a Crooked Rib |
member of | American Academy of Arts and Sciences |
award received | Neustadt International Prize for Literature, Kurt Tucholsky Prize |
Nuruddin Farah (Somali kasa: Nuuradiin Faarax, Arabic kasa: نورالدين فارح) a wɔwoo no Obubuo 24, 1945)yɛ Somalia ayɛsɛm twerɛfoɔ. Wɔtintim n'ayɛsɛm a edi kan, "From a Crooked Rib", wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduoson (1970) mu na wɔaka ho asɛm sɛ "nnɛyi Afrika apueɛ fam nhoma ahodoɔ no tweatiboɔ baako nnɛ". Watwerɛ agorɔ ahodoɔ a wɔayɛ wɔ stage so ne kasafidie so nyinaa, afei ayɛsɛm tiawa ne susutwerɛ nso. Efiri berɛ a ofii Somalia wɔ afe Apem, Ahankron Aduɔson (1970) mu. Watena aman pii so na wakyerɛ adeɛ wɔ hɔ a "United States, Britain, Germany, Italy, Sweden, Sudan, India, Uganda, Nigeria" ne "South Africa" nso ka ho bi.
Wagye Farah atom sɛ nnɛ yi atwerɛfoɔ akɛseɛ a wɔwɔ wiase no mu baako, Ne nsɛm a ɔtwerɛeɛ no ama wanya nkamfoɔ a Premio Cavour a ɔgyee no wɔ Italy, Kurt Tucholsky Nkonimdie a ɔnyaa no wɔ Germany, Lettre Ulysses Abasobɔdeɛ a ɔnyaa no wɔ Berlin, afe Apem, Ahankron Aduɔkron-Nwɔtwe (1998) mu ne Neustadt Amanaman Ntam Nwoma Nkonimdie a agye din. Saa afe no ara mu no, Franse kasa mu n’ayɛsɛm "Gifts" no nyaa "St Malo Literature Festival" abasobɔdeɛ. Bio nso, Farah yɛ obi a wɔpaw no daa sɛ onnya animuonyam akyɛde wɔ nhomakorabea.
Wɔwoo Nuruddin Farah wɔ afe Apem, Ahankron Aduanan Num (1945) mu wɔ Baidoa, wɔ Italy beaeɛ a na Somaliafol teɛ. Na ne papa Hassan Farah yɛ dwadini. Na ne maame Aleeli (née Faduma) yɛ anwensɛm twerɛfoɔ a na ɔsan yɛ anumsɛm anwonsɛm twerɛfoɔ. Farah yɛ n'awofɔ mma mmarima o mu deɛ ɔtɔ so nnan.
Bere a Farah yɛ abofra no, na ɔtaa kɔ sukuu ahodoɔ wɔ Somalia ne Ethiopia , na ɔkɔ adesua wɔ "Kallafo" wɔ Somalia Mantam mu. Ɔsuaa Borɔfo, Arabic ne Amharic kasa. Wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduosia Mmeɛnsa (1963) mu, wɔ wɔ mfeɛ mmeɛnsa a edi Somalia fahodie akyiri no, wɔhyɛɛ no ma ɔdwane firii Somalia Galbeed wɔ ɔhye so ntawntawdie a emu yɛ den bi akyi.
Efiri afe Apem, Ahankron Aduosia Nsia ( 1966) kosi afe Apem, Ahankron ne Aduoson ( 1970) no, Ɔnyaa abodin krataa wɔ nyansapɛ, nhoma ne asetena ho adesua mu wɔ "Panjab" Sukuupɔn a ɛwɔ Chandigarh, India, faako a ɔhyiaa ne yere a ɔdi kan,Chitra Muliyil Farah, a ɔne no woo ɔba barima (akyire yi awareɛ no baa awieɛ).Akyire yi, Farah kɔɔ England, kɔɔ London Sukuupɔn (1974–75). Ɔsuaa adeɛ faa agodie ho nyaa ho abodin krataa wɔ "Essex" Sukuupɔn mu (1975–76). Ne maame wuu wɔ afe Apem Ahankron ne Aduɔkron "1990" mu, na afe Apem Ahankron Aduɔkron Mmienu ( 1992) mu no ɔwaree "Britania-Nigeria" nhomanimfoɔ Amina Mama na wɔwoo baarima ne babaa.
Wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron (1990) mu no, Ɔnyaa mmoa firii Germany Adesua Nsesa Dwumadibea hɔ na ɔtu kɔɔ Berlin. Wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron Nsia (1996) mu no, ɔkɔɔ Somalia deɛ ɛdi kan wɔ bɛboro mfeɛ 20 mu.
Farah nuabea Basra Farah Hassan a ɔyɛ ɔman nanmusifoɔ no, wɔkumm no wɔ topaeɛ a wɔtoo wɔ Ɔpɛpɔn, afe Mpenu ne Dunan ( 2014) no mu berɛ a na ɔne amanaman Nkabom Kuo no reyɛ adwuma wɔ Kabul a ɛwɔ "Afghanistan".
Berɛ a Farah yii abasɛm tiawa bi a edi kan adi wɔ Somali kasa mu akyi no, ɔdane firii Somali kasa a ɔde twerɛ no ho bɛfaa Borɔfo kasa dii dwuma wɔ n'atwerɛ mu bere a na ɔda so ara kɔ sukuupɔn wɔ India no. Wɔakyerɛ ne nhoma ahodoɔ no ase akɔ kasa du-nson (17) mu.
N’ayɛsɛm a edi kan, From a Crooked Rib (1970) no kaa abeawa bi a ɔtu kwan a odwane firii awareɛ a wɔayɛ ho nhyehyɛeɛ mu kɔ ɔbarima bi a ne mfeɛ akɔ anim koraa mu ho asɛm. Heinemann Educational Books (HEB) na wotintim wɔ wɔn African Writers Series mu, na ayɛsɛm no maa wɔkamfoo no bebree amanaman ntam. Wɔ Europa akwantu bi mu wɔ A Naked Needle (HEB, 1976) a wotintimii akyi no, wɔbɔɔ Farah kɔkɔ sɛ Somalia aban no ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛkye no wɔ emu nsɛm no ho. Sɛ anka Farah bɛsan aba na wahyia afiasetena no, ofii nnommumfa a ɔde ne ho too so a ɛbɛkɔ so mfeɛ 22 ase, na saa bere no mu no ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ United States, Germany, Italy, Sweden, Sudan, India ne Nigeria.
Farah ka ne tirimpɔ a ɔde twerɛ no ho asɛm sɛ mmɔden a ɔbɔeɛ sɛ "ɔbɛma ne man akɔ so atena ase denam ho a ɔtwerɛ so". Na wɔ Nadine Gordimer fam no na ɔyɛ asasepɔn no so "nokorɛ nkyerɛasefoɔ" no mu biako.N'ayɛsɛm mmɛensa– "Variations on the Theme of an African Dictatorship" (1980–83) ne "Blood in the Sun" (1986–99) – na ɛyɛ n'adwuma no mu ade titiriw. Allison ne Busby na wodii kan tintimm. "Variations" no bi ne "Sweet and Sour Milk (1979), "Sardines" (1981) ne Close Sesame (1983), na wogyee no yie wɔ aman dohodoɔ bi mu. Farah din no, n'ayɛsɛm a agye din sen biara, Maps (1986), a ɛyɛ ne "Blood in the Sun" nhoma mmeɛnsa no fa a edi kan no na ɛhyɛɛ no den. Maps a wɔde sii hɔ wɔ Ogaden ntawntawdi a ɛkɔɔ so wɔ 1977 mu no de kwan foforɔ a wɔfa so ka onipa a ɔtɔ so mmienu asɛm no di dwuma de hwehwɛ nsɛmmisa a ɛfa amammerɛ mu nipasu ho wɔ wiase a ɛwɔ fahodie akyi mu. Farah dii yei akyi de ne nnwoma "Gifts"(1993) ne " Secrets" (1998), a mmienu no nyinaa nyaa abasobɔdeɛ . Ne "Past Imperfect" nnwoma mmeɛnsa a edi hɔ no yɛ Links (2004), Knots (2007) ne Crossbones (2011). N’ayɛsɛm a ɔtwerɛeɛ nnansa yi ara ne "Hiding in Plain Sight," a wotintimm wɔ afe 2014 mu, ne "North of Dawn" (2018).[13][14] Bere a Bhakti Shringarpure retwerɛ wɔ Los Angeles Review of Books mu no, ɔkaa sɛ: "Ɔtwerɛfoɔ a ɔyɛ adwumaden sen obias a Somalia ayɛ pɛn, Farah ama ne man no atena ase ampa wɔ yɛn adwene a yɛabom ayɛ mu mfe 40 a atwam ni. ... North of Dawn ka nea abu so no ho asɛm fɛfɛɛfɛ dadwen ne ehu tebea a ɛma obi yɛ otubrafo."
Farah nso yɛ agodie twerɛfoɔ a n’agorɔ ahodoɔ no bi ne ɔyɛkyerɛ — A Dagger in Vacuum (wɔyɛɛ no Mogadiscio, 1970), The Offering (wɔyɛɛ no Colchester, Essex, 1975), Yussuf ne Ne Nuanom (wɔyɛɛ no Jos, Nigeria, 1982). Ebi nso ne deɛ wobɔ no wɔ radio so " Tartar Delight", 1980 (Germany), ne " A Spread of Butter".[ɛho hia sɛ wɔtwe adwene si so].
Sɛ nnwoma da nkyɛn a, Farah yɛ nhomanimfoɔ a ne ho hia wɔ Somalia adesua mu. Ɔsom wɔ amanaman ntam afotufo badwa a ɛwɔ Billdhaan: Amanaman Ntam Nsɛmma Nhoma a Ɛfa Somalia Adesua Ho, a Macalester College tintimii no mu.
Wagye Farah atom sɛ nnɛ yi atwerɛfoɔ akɛseɛ a wɔwɔ wiase no mu baako,[3]. Ne nsɛm a ɔterɛɛeɛ no ama wanya nkamfoɔ a Premio Cavour a ɔgyee no wɔ Italy, Kurt Tucholsky Nkonimdie a ɔnyaa no wɔ Germany, Lettre Ulysses Abasobɔdeɛ a ɔnyaa no wɔ Berlin, 1998 mu ne Neustadt Amanaman Ntam Nwoma Nkonimdie a agye din. Saa afe no ara mu no, Franse kasa mu n’ayɛsɛm "Gifts" no nyaa "St Malo Literature Festival" abasobɔdeɛ.[4] Bio nso, Farah yɛ obi a wɔpaw no daa sɛ onnya animuonyam akyɛde wɔ nhomakorabea.[5]
bɛboro mfeɛ aduonu mu.
27|url=http://www.newyorker.com/magazine/2013/12/16/nelson-mandela-3 }}
"Bastards of Empire", Transition, vol. 65, 1995, pp. 26–35.
This article uses material from the Wikipedia Twi article Nuruddeen Farah, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.