Kraman Yare

Nhwɛsoɔ:Merge Nhwɛsoɔ:Infobox disease Kraman yare yɛ Yare Mmoawa a ɛde encephalitis, kyerɛ sɛ adwene no a baabi ahono wͻ nipa ne mmoa afoforo mu.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Mfiase nsɛnkyerɛnne bi ne ahoͻhyew ne obi ho a ɛyɛ no dɛ boro so. Nsɛnkyerɛnne binom a edi eyi akyi ne: ahokeka, anigye mmoroso, nsu a obi suro , nipadua akwaa a entumi nkeka ne ho, adwenemhaw, ne nim a onnim nea ɛrekͻ so . Bere a nsɛnkyerɛnne no ada adi awie no, mpɛn pii no kraman yare taa kowie owu mu. Mpɛn pii no ɛtaa di asram biako kosi abiɛsa fi bere a obi nya yare no kosi bere a nsɛnkyerɛnne no da adi no. Nanso, bere yi betumi ayɛ nea ennu nnawͻtwe biako kosi nea ɛboro afe biako. Bere dodow a ebedi no gyina bere a mmoawa no de bedu adwene no ne akyi dompe no mu.

Nea ɛde ba ne sɛnea wohu

Nipa taa nya kraman yare fi mmoa afoforo ho. Wotumi de kraman yare ma bere a aboa a ͻwͻ bi tiw anaa ͻka aboa foforo anaa nipa no. Ntasu a efi aboa a wanya bi a ɛka aboa anaa nipa foforo nso betumi ama wanya yare yi bi. Mpɛn pii no, nipa a wonya yare yi taa nya fi kraman a waka wͻn no. Wͻ aman a nkraman a wͻwͻ yare yi bi dͻͻso wom no, nipa a wonya yare yi bi no ͻha mu nkyekyem aduokrͻn akrͻn na wonya fi kraman a waka wͻn no. Wͻ Amɛrika aman mu no , ampan a waka obi na ɛtaa de yare yi ma nipa, na nipa a wonya bi a wonnu ͻha mu nkyekyem anum na wonya fi kraman a waka wͻn mu. Ɛyɛ den sɛ nkura ne mmoa a wotete saa no benya yare yi. Nea ɛne mmoawa a wͻde kraman yare ba no nam so kͻ adwene no mu . Bere a nsɛnkyerɛnne no afi ase nkutoo na wobetumi ahwehwɛ yare yi mu ahu.

Sɛnea Wosiw ano ne ayaresa

Wͻnam mmoa a wͻhyɛ wͻn so ne nsu a wͻde siw yare kwan nhyehyɛe ahorow so brɛ yare yi ase wͻ aman pii mu. Wͻhyɛ nkuran sɛ wͻde nsu a wͻde siw yare kwan no bɛwͻ wͻn a wobetumi anya bi no paane. Nipa a wobetumi anya bi ne wͻn a wͻwͻ mmeae a mpan wͻ anaa wodi mmere pii wͻ mmeae a yare yi abu so. Ɛdefa nipa a wobetumi anya yare yi no, nsu a wͻde siw kraman yare ano ne ɛtͻ mmere bi a nipaduam akode taa siw yare yi kwan sɛ onipa no nya eyi ansa na nsɛnkyerɛnne no afi ase a. Beae a aboa no aka anaa watiw no a wͻde nsu ne samina bɛhohoro simma dunum, povidone iodine , betumi aboa asiw yare yi kwan. Nnipa kakraa bi a wͻanya yare no ho nsɛnkyerɛnne no na watena ase. Eyinom yɛ wͻn a wͻanya ayaresa a ɛkͻ akyiri a wͻfrɛ no Milwaukee protocol no.

Nsu a wͻde siw yare kwan

Wͻde nsu a wͻde siw kraman yare kwan na esiw kraman yare . Yɛwͻ eyinom ahorow wͻ hͻ a edi dwuma yiye. Wobetumi de asiw kraman yare kwan ansa na aboa no aka obi anaa wͻ ɛno akyi bere dodow bi. Bammͻ a obi nya wͻ yare yi ho no taa kyɛ bere a wͻde nsu no ama mpɛn abiɛsa no. Mpɛn pii no wͻtaa de nsu no wͻ obi paane wͻ ne honam mu. Wͻtaa de nsu a wͻde siw yare kwan no ne nnuru afoforo ka ho . Wͻhyɛ nyansa sɛ wͻn a wobetumi anya bi no begye paane yi bi ansa na wͻakͻ beae hͻ. Nsu a wͻde siw yare kwan no yɛ adwuma yiye wͻ nipa ne mmoa afoforo mu. Nkraman a wͻbɛwͻ wͻn paane boa ma asiw yare yi a wͻde ma nipa kwan.

Ahobammͻ

Nipa ͻpepem pii na wͻawͻ wͻn paane yi, na wͻka sɛ eyi asiw yare yi kwan wͻ nipa bɛboro mpem ahanu aduonum afe biara mu. Wobetumi de adi dwuma wͻ nipa a ɛsono wͻn mfe a wͻadi. Wͻn a wͻwͻ wͻn paane no bɛyɛ ͻha mu nkyekyem aduasa anum kosi aduanan anum taa nya yaw kakra wͻ beae a wͻwͻͻ wͻn paane no. Nipa bɛyɛ ͻha mu nkyekyem anum kosi dunum betumi anya ahoͻhyew ,atipae , anaa te a obi te nka sɛ ͻbɛfe . Biribiara nsiw obi kwan sɛ wͻbɛma no eyi bere a wanya yare no. Nsu a wͻde siw yare no kwan no pii nni thimerosal . Aman binom de nsu a wͻde siw yare kwan a wonya fi nipaduam ntini mu di dwuma, titiriw wͻ Asia ne Latin Amɛrika, nanso ɛnyɛ adwuma yiye na asiane kakra wom. Eyi nti Wiase Akwanhosan Ahyehyɛde nhyɛ ho nkuran.

Ayaresa yi bo yɛ US Dͻla aduanan anan kosi aduosͻn awotwe wͻ afe 2014 mu. Wͻ United States no, nsu a wͻde siw kraman yare ano no bo boro Dͻla ahansͻn aduonum.

Yare Anosiw ho Adesua

Kraman yare kunkum nipa bɛyɛ mpem aduonu asia kosi mpem aduonum anum afe biara wͻ wiase nyinaa. Owu yi ͻha mu nkyekyem bɛboro aduokrͻn anum si wͻ Asia ne Afrika . Kraman yare wͻ aman bɛboro ͻha aduonum wͻ amantam nyinaa gye Antarctica nkutoo. Nipa bɛboro ͻpepepem abiɛsa na wͻtete mmeae a kraman yare wͻ wͻ wiase nyinaa. Wͻ Europa ne Australia mu no, mpan nkutoo mu na yare yi wͻ. Aman nketewa a nsu atwa wͻn ho ahyia pii wͻ hͻ a kraman yare yi bi nni hͻ.

Nsɛm afoforo

Nkyekyem:Gao lazamankwala

Tags:

Kraman Yare Nea ɛde ba ne sɛnea wohuKraman Yare Sɛnea Wosiw ano ne ayaresaKraman Yare Yare Anosiw ho AdesuaKraman Yare Nsɛm afoforoKraman Yare

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

TansaniaFogo Bepɔw (Pico do Fogo)OxfordJohn Atta MillsOrléansAsante KasaNene Anorkwei IIMonakoAsiane a ɛde baKairoKorea anaafoɔStockholmPycnanthus angolensisBrigitte DzogbenukuDavid Tetteh AssumengSamarra na ɔkyerɛweeIgnatius Kutu AcheampongIrakShangaiAlban Sumana BagbinMeqemaleRussiaRotterdamEphraim AmuJoseph Kofi AddaBaghdadUnited StatesVladivostokƐbenadaAhwehwɛAwuradeTomislav KaramarkoBostonBintou KeitaNorgeAlesandriaJoseph Yaani LabikOmskAsebu AmanfiEmma MorrisonỲesu Asafo AnkasaankasaBeatrice GyamanAbɛbuoMonaatoɔSt. LouisAkwasi AfrifaTu FuRío Plátano Nkwammoaa a Wɔkora SoNyinsɛn a wɔhyɛ da yiAdelaideBotswana Telefon Nkitahodi Adwumayɛfo Kuw (Botswana Telecommunication Employees' Union)MoritaKonyaGifty Eugenia KwofieNyarewaPaltogaSamira BawumiaCentral TonguAsɔredan Ahorow a Wɔasen Abotan, LalibelaƐlɛktrisitiNana Akufo-AddoHungaryMemeneda🡆 More