Joseph Ampah Kojo Essel

Joseph Ampah Kojo Esse yɛ kane Ghana mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dompim abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1965 kosii afe 1966 mu.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

N'asetena mu nsɛm

Wɔ woo Essel wɔ afe 1921 mu wɔ Sefwi Bekwai a ɛwɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana (Kane Gold Coast). Ɔkɔɔ sukuu wɔ aban sukuu a ɛwɔ Sefwi-Wiaso maa no nyaa abodin krataa a ɛne san 7 (Standard Seven) wɔ afe 1937 mu.  ɔtoaa so kɔɔ Wesley College a ɛwɔ Kumasi wɔ afe 1938 mu nanso woyii no kɔɔ Adisadel College wɔ saa afe no ara mu. N’asetana wɔ Adisadel College no baa awie bre a nea na ɔhwɛ ne so no wui.

Nnwuma ne Amanyɔsɛm

Essel hyɛɛ n’adwuma ase wɔ adwumakuo a ɛne Gold Coast Asraafo sɛ hyɛn siesiefo wɔ asiesiebea wɔ afe 1942 mu wɔ Nkran. ɔne asraafo yɛ adwumu kosii afe 1946. Wɔ afe akyiri no, onyaa adwuma sɛ afidie dwomfo wɔ adwumakuo a ɛne C.F.AO wɔ Kumasi. Wɔ saa afe no me, ogyae afidie dwomfo adwuma no too hɔ kɔyɛɛ kookoo tɔ adwuma ase. Obenyaa adansedie krataa kookoo dwadini ananmusini firii Opanyin Adofoasa wo Ntroso a ɛwɔ Bone ne Ahafo Mantam mu, wɔ kookoo bre so wɔ afe 1947 kosii1948. Wɔ afe 1949 mu no, ogyae saa adwuma no na ɔhyɛɛ ase tontɔn nneɛma bodwabodwa. Bre a ɔyɛ bodwabodwa no, ɔde ne ho hyɛɛ kookoo kuayɛ mu wɔ afe 1950 wɔ Ahiam, akura a ɛwɔ Sefwi-bekwai.

Wɔ Junuary afe 1955 mu no, wɔpaw no mansin kyerɛwfo wɔ adwumakuo a ɛne United Ghana Farmers Council. ɔsan nso soom sɛ kuo so kyerɛwfo ne ɔkandifo abediakyire wɔ Atɔe Mantam mu ansa na wɔpaw no sɛ mansin soafo wɔ Bibiani wɔ afe 1959. Akyire, ɔbɛyɛɛ Mantam mu kyerɛwfo maa amanyɔkuo Conventions People’s Party. Wɔ afe 1962 ne June afe 1965, wɔ paw no sɛ mmarhyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dompim abatoɔ mpɛsoa so. Okuraa dibea mienu no mu kosii February afe 1966 bre a wotuu Nkruma aban gui.

N'asetena mu nsɛm

Essel waree awura Abena Kunadu a wɔ san nso frɛ no Mary Acquah wɔ afe 1949 mu nanso, awareɛ gui afe 1955. ɔne no woo mmɔfra miensa. Wɔ afe 1950 mu no, ɔwaree awura Yaa Wiredua ma ɔne no nso woo mmɔfra miensa. N’awaree a ɛtɔ so mienu no nso gui wɔ afe 1958. N’aware a ɛtɔ so miensa ne ɔne Theresa Yaa Mensah wɔ afe 1954. ɔne no nso wɔ mmɔfra miensa.

Nkekaho

Tags:

Joseph Ampah Kojo Essel Nasetena mu nsɛmJoseph Ampah Kojo Essel Nnwuma ne AmanyɔsɛmJoseph Ampah Kojo Essel Nasetena mu nsɛmJoseph Ampah Kojo Essel NkekahoJoseph Ampah Kojo EsselGhana

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

CubaJuabeso (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)EssenAgbadzaAlençonMmoaAma Benyiwa-DoeMunisipalGifty Eugenia KusiBonsaasoUniversal code of conductPolandRichard Dornu NarteyAbusuaAsaasePiacenzaKurówVeneziaZaragozaAyamtunini/KɔleraIranKratafa TitiriwJerry John RawlingsRussiaAlgerNew YorkBɛlgyiomDennis Edward AboagyeNauruMarrakechTwiAkwasiWikipediaOphelia CrosslandAmidu SulemanaAustriaNkyifie AfahyɛJackie ChanBetty Crosby MensahZingiber officinaleKusebko Larere AfahyɛItaliHambɔgTunisPapa Owusu-AnkomahHamdya AbassNapoléon BonaparteƐdwoadaWillis TowerNigeriaAhinimeBremenGhanafoɔ aa ɛwɔ GermanyƆbarima ne ɔbaa nna mu banbɔSyriaLatviaGhana AkannifoNorwayChan ChanAbibremMinneapolisSanaaOforisuo🡆 More