Papa Owusu-Ankomah

Papa Owusu-Ankomah (wɔwoo no 27 Ayɛwohomumɔ 1958) yɛ Ghana mmaranimfoɔ ne amanyɔfoɔ.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔyɛ Ɔsono amanyɔkuo NPP kuo ba. Ɔyɛɛ mmarahyɛbadwani ma Sekondi mansini no firi afe 1996 kɔsi afe 2016. Wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ afe 2017 mu no, wɔyii Papa Owusu-Ankomah sɛ Ghana Ɔmanpanyin anaa ananmusifoɔ wɔ UK ne Ireland. Ne akwantuo a ɔde yɛɛ adwuma no baa awieeɛ wɔ Obubuo bosome no da a ɛtɔ so aduasa wɔ afe 2020 mu nanso wɔsan yii no sɛ ɔnyɛ saa dibea korɔ no ara wɔ afe 2021 mu na ɔyɛ High Commissioner de bɛsi nnɛ. ɔhyiaa Ɔhemmaa Elizabeth II bere a na ɔde ne Letters of Credence rema wɔ Buckingham Ahemfie wɔ London.

Papa Owusu-Ankomah
Owusu-Ankomah in 2017
Owusu-Ankomah in 2017
Ghana  Member of Parliament
Bere
January 1997 – January 2017
OdikanfoAlbert Bosomtwi-Sam
AnanmusiniEgyapa Mercer
MpɛsoaSekondi
Deputy Majority Leader and Deputy Minister for Government Business
Bere
10 January 2001 – 30 July 2001
Minister for Youth and Sports
Bere
August 2001 – September 2001
Majority Leader and Minister for Parliamentary Affairs
Bere
October 2001 – March 2003
17th Attorney-General and Minister for Justice
Bere
April 2003 – 3 February 2005
ƆmanpanyinJohn Kufour
OdikanfoNana Akufo-Addo
AnanmusiniAyikoi Otoo
Minister for Interior
Bere
11 January 2005 – 27 April 2006
Minister for Education, Science and Sports
Bere
5 February 2006 – 2008
Minister of Trade and Industry
Bere
June 2008 – 6 January 2009
Ne ho asɛm
Awo bere27 April 1958 (1958-04-27) (age 66)
Ghana Sekondi, Western Region
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniAugustina Owusu-Ankomah
Mma3
Sukuu a w'akɔ
N'adwumaBarrister
Websitewww.papaowusuankomah.com

Mfitiaseɛ asetena

Wɔwoo Owusu-Ankomah wɔ Sekondi-Takoradi, Ghana, wɔ Oforisuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ afe 1958. Ne papa, Yaw Owusu-Ankomah, firi Atibie wɔ Kwahu Mansini no mu wɔ Apueeɛ Mantam mu, berɛ a ne maame, Araba Owomoye Owusu-Ankomah, firi Dixcove wɔ Atɔeɛ Mantam mu.

Nwomasua

Owusu-Ankomah hyɛɛ n’adesua ase wɔ mfitiaseɛ sukuu ahodoɔ mu wɔ Takoradi, na ɔkɔɔ so kɔɔ ntoaso sukuu kɔɔ Mfantsipim Sukuu, faako a ɔnyaa West African Examination Council’s Advanced-Level Examination adansedie krataa de kɔɔ sukuupɔn mu.

Wɔ Ghana Suapɔn a ɛwɔ Legon no, ɔsuaa mmara de nyaa ne bachelor’s degree. Ɔwiee LL.B (Hons) 2nd Class Upper Division wɔ afe 1979 mu kɔɔ Ghana School of Law, na ɔwiee n’adwumayɛ adesua wɔ Law mu wɔ afe 1981. Wɔfrɛɛ no kɔɔ Ghana Bar saa afe no ara mu.

Adwumayɛfo adwuma

Owusu-Ankomah yɛɛ Ghana Mmaranimfoɔ Panyin firi afe 2003 kɔsi afe 2005. Ansa na ɔrehyɛn amannyɔsɛm mu no, na ɔyɛ adwuma sohwɛfoɔ wɔ Owusu-Ankomah, Amanquah & Co.

Party activism a wɔyɛ

Owusu-Ankomah yɛ obi a ɔhyehyɛɛ no, na bere bi na ɔyɛ dwamtrani, wɔ Atɔe Fam Mantam baa dwumadibea a ɛwɔ Ɔsono amanyɔkuo NPP no mu, na ɔsane yɛ Danquah-Busia Kuo no mu ni a ɔhyehyɛɛ ne Atɔe Fam mantam Ɔsatuo kuo no mu ni wɔ afe 1992 ne 1996. Na ɔyɛ NPP Camp Board no Publicity Committee no mu ni wɔ afe 2000 abatoɔ no mu, na ɛfiri Ahinime bosome no mu wɔ afe 2001 kɔsi ɔbenem bosome no mu wɔ afe 2003 no na ɔyɛ Nkitahodiɛ badwakuo no Titenani ne Ɔman Akwankyerɛ badwakuo no mu ni – a na wɔde "Positive Change" asɛmti no bae. Ɔyɛ NPP man Adwumayɛkuo no mu ni na ɔyɛ NPP Ɔman Badwa no mu ni firi afe 1997. Wɔ afe 2006 mu no, na ɔyɛ ɔman no Ɔsatuo badwakuo a ɛwɔ ɔman no mu no mu ni.

Owusu-Ankomah nyaa abatoɔ no mu mma 28,802 wɔ abatoɔ a nnipa dodoɔ a wɔtoeɛ nyinaa yɛ 44,507, a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 53.80% sene n’asɔretiafoɔ Albert Bosomtwi-Sam, NDC mu ni a ɔnyaa aba no mu 14,990, ne Anthony Ackah, PNC mu ni a ɔnyaa aba no mu 715 wɔ afe 1996 Ghana Amansan Abatoɔ no mu .

Wɔ afe 2000 Abatoɔ mu no, ɔnyaa abatoɔ no mu mma 28,434, a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 67.60% sene n’asɔretiafoɔ Anthony Richard Cudjoe, NDC mu ni a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 11,661 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 27.70%, Charles Van Dyck, CPP mu ni a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 1,223 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 2.90%, ne Abu Seidu, . PNC mu ni bi a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 759 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 1.80%.

Ɔdii nkonim wɔ afe 2004 Amansan abatoɔ no mu a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 17,433 wɔ abatoɔ a nnipa dodoɔ a wɔtoeɛ nyinaa yɛ 26,307, a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 66.30% sene n’asɔretiafoɔ Betty Busumtwi-Dam, NDC mu ni a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 8,086, Omar Ahmed Bekure a ɔyɛ PNC mu ni a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 444, ne Joe Victor Eghan a ɔyɛ CPP mu ni a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 344.

Ɔsane dii nkonim bio wɔ afe 2008 abatoɔ no mu a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 13,005 wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 55.41% sene n’asɔretiafoɔ Betty Busumtwi-Sam a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 9,578, Awuraa Hildergard Krakue a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 727, Frederick Akor Larbi a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 88, ne Oliver Peter Vanderpuye-Orgle a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 72.

Owusu-Ankomah ayɛ Western Region NPP no mu ni firi bere a wɔhyehyɛɛ no; ɔne wɔn a wɔhyehyɛɛ kuo no, a owufoɔ Owura Stephen Krakue ka ho, yɛɛ adwuma de hyehyɛɛ amammuo kuo bi de sii akan wɔ National Democratic Congress no ho. Wɔ afe 1996 mu no, Owusu-Ankomah dii nkonim wɔ Sekondi mansini no mu wɔ NPP tekiti so na bere a na ɔwɔ ɔsɔretia no mu no, ɔyɛɛ sunsuma soafoɔ a ɔhwɛ Amanneɛbɔ so.

Mmarahyɛ Bagua adwuma

Bere a New Patriotic Party dii nkonim wɔ afe 2000 Ghana Amansan Abatow mu no, wɔyii Owusu-Ankomah sɛ mmarahyɛbadwam dɔm Dodoɔ no kannifoɔ abadiakyiri na akyiri yi wɔyii no sɛ dɔm Dodoɔ no kannifoɔ wɔ mmarahyɛ badwa mu.

Bere a na ɔwɔ mmarahyɛ badwa mu no, ɔsom wɔ badwakuo ahodoɔ bi mu, a nea ɛka ho ne Daa badwakuo a ɛhwɛ Mmarahyɛ Badwa So, badwakuo a Wɔapaw a Ɛhwɛ Amannɔne Nsɛm So, Sikasɛm badwakuo ne badwakuo a Ɛhwɛ Amansan Mmara, Mmara ne Mmarahyɛ Badwa Nsɛm So.

Amamuo mu suahunu

Wɔ Aban adwumayɛkuo no mu no, Owusu-Ankomah adi adwumayɛfoɔ a wɔaka abom anim wɔ Ministry of Justice, Youth and Sports, Parliamentary Affairs, Interior; Nwomasua, Nyansahu ne Agodie, ne Adwadie, Nnwuma, Ankorankoro Nkɔsoɔ ne Ɔmampanyin Nnwuma Titiriw Dwumadibea. Wɔ ne dibea sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nwomasua, Nyansahunu ne Agodie so no, Ghana Black Stars no yɛɛ wɔn abakɔsɛm wɔ amanaman nyinaa bɔɔlobɔ nyiyimu akansie a wɔtumi kɔduruu ɔfa a ɛkaa aman dunsia wɔ Wiase Kupɔn no mu wɔ afe 2006. Ɔno nso na ɔhwɛɛ mfitiaseɛ nwomasua mu nsakraeɛ wɔ Ghana. Ɔgyaee adwuma wɔ afe 2007 mu sɛ ɔrekɔpere ne kuo New Patriotic Party no frankaa. Ne mmɔdenbɔ no ankɔsi hwee ɛfiri sɛ ɔdii kan dii akuo afoforo a wɔrepere wɔn ho no anim. Na saa bere no ɔmampanyin, John Agyekum Kufour yii no sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Adwadie nnwuma, Ankorankoro Nkɔsoɔ ne Ɔmampanyin Nnwuma Titiriw so. Owusu-Ankomah yɛɛ Sekondi mmarahyɛbadwani bɛboro mfeɛ aduonu.

Ankorankoro asetena

Owusu-Ankomah aware Augustina Owusu-Ankomah na awarefoɔ yi wɔ mma mmiɛnsa a wɔanyinyin a wɔn nyinaa yɛ mmaranimfoɔ.

Owusu-Ankomah nyaa COVID-19 wɔ Oforisuo bosome no da a ɛtɔ so du mu wɔ afe 2020 na wɔde no kɔɔ Intensive Care Unit a ɛwɔ Royal Free Hospital wɔ London. Akyiri yi ne ho tɔɔ no.

baabi a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Papa Owusu-Ankomah Mfitiaseɛ asetenaPapa Owusu-Ankomah NwomasuaPapa Owusu-Ankomah Adwumayɛfo adwumaPapa Owusu-Ankomah Party activism a wɔyɛPapa Owusu-Ankomah Mmarahyɛ Bagua adwumaPapa Owusu-Ankomah Amamuo mu suahunuPapa Owusu-Ankomah Ankorankoro asetenaPapa Owusu-Ankomah baabi a menyaa mmoa firiiɛPapa Owusu-AnkomahAyɛwohummumɔSekondi (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

MoritaMantamu a ɛwɔ GhanaCrystal Mountains Ɔman Mmoa YɛmmeaLoango Ɔman Mmoa YɛmmeaAmanipiladeNyarewaMéralTogoThailandAnnecyAmaHenutirdisShangaiFirenzeProvidence, Rhode IslandAndriy ShevchenkoCervignano d'AddaIndiaKolkataAndorraAvignonUfaOti Asubɔnten (River)KobeAbawoMmarahyɛbadwafieAngolaPandemicNational Democratic Congress (Ghana)XwalileChinaAmanikhatashanSikakorabeaFrancis Edward Techie-MensonTorinoTallinnAlbaniaKratafa TitiriwGhanaAdamfofaAdinkra AhyɛnsodeɛTipayɛMunisipalAtakhebaskenLopé National ParkTiranaCanadaBremenBeppe GrilloƆhotefo George Asɔredan, LalibelaAbaayewaBradley CooperUkraineBɔsrɛmkaFort PrinzensteinJoyce AryeeSakumono LagoonMario BeccariaBatn-El-HajarAwuradeMonakoBristolCardiffAprawaAwusone YekeniMdinaMichael Teye NyanuaDenwer🡆 More