University of Ghana(pronounciation of University of Ghana (help·info)) yɛ suapɔn a akyɛre yie na ɛsan so wɔ Ghana aban asuapɔn dummiɛnsa no.
Wɔtee sukuu no wɔ afe 1948 mu, bere a na Britaniafoɔ no redi Gold Coast so no na wɔtoo no din "University College of the Gold Coast" a efirii University of London a ɔmo hwɛ adesua nhyehyeɛ so ɛne dikrii abɔsobɔdeɛ so.
Berɛ a yɛ nyaa fahodie wɔ afe 1957 mu no, sukuupɔn no din no sesae bɛyɛɛ University College of Ghana. Edin no san sesae bɛyɛɛ University of Ghana wɔ afe 1961 mu a afei deɛ edi mu sɛ suapɔn. University of Ghana wɔ atɔeɛ fam wɔ Nkran Legon hills ne atifiapuei finimfin wɔ Nkran, seisei ɛwɔ nkorabata bebiree a wɔwɔ asukufoɔ a wɔboro bɔyɛ mpem aduanan.
Mprɛmprɛn yi deɛ, Mrs. Mary Chinery-Hesse na ɔyɛ Chancellor de ma suapɔn no. Wɔtoo aba maa no mmara kwan so de no sii akonnwa so sɛ suapɔn no chancellor wɔ ɔsanaa bosome no da a ɛdi kan a na ɛyɛ Wukuada, wɔ afe mpem mmienu ne du nwɔtwe mu (2018), berɛ a suapɔn no bɔɔ dwa dataa de gyee no too mu wɔ suapɔn no hyiadan kɛseɛ no mu.
Mfie beberee a ɛtwaa mu no de bɛsi afe apem ahankron aduokron nwɔtwe mu no (1998), na ɔman Ghana panin a ɔdi ɔman no so a yɛfrɛ no sɛ Head of State no na na ɔsane di dwuma sɛ Chancellor de ma University of Ghana. Ene sɛ, ɛfiri afe apem ahankron aduosia baabko mu no (1961) wɔnam mmarakwan so tee University of Ghana no, ɔman Ghana panin a ɔdi ɔman no so a yɛfrɛ no sɛ Head of State a ɔdi kan wɔ berɛ a na Ghana anya fawohodie no, ɔsagyefo Dr. Kwame Nkrumah na ɔbɛyɛɛ Chancellor a ɔdi kan de maa University of Ghana.
.Wɔn a wɔdidi soɔ yi nyinaa akura diberɛ no mu sɛ Chancellor de ama suapɔn no:
Nana Aba Appiah Amfo na mprɛmprɛn yi ɔyɛ Vice-Chancellor de ma University of Ghana.
The Logo no wɔde ahosuo ahodoɔ mmienu na ayɛ; Indigo Dye ɛne Camel. ɛwɔ wiem ahosuo bi nso wɔ mu a ''AYA'' ahodoɔ mmiensa gyinagyina mu wɔ ne soro fa baabi ɛna ''DWENINMENTOASO'' nso da mfimfini ɛreba fam kakra no a akyɛ mu mmienu, a ne nyinaa nso wɔde sika kɔkɔɔ ahosuo na ayɛ. Nnipa a ɔyɛɛ Logo yi din de A. M. Opoku. ''AYA'' ( Akan asɛmfua a ɛkyerɛ fern) yɛ Adinkra ahyɛnsodɛ no bia. ''AYA'' nyini kɔ soro teee a, wɔ Logo yi mu no wɔde rekyerɛ nokwaredie ne tumi a wɔtumi di mmara so yɛ nnoɔma a ɛtene nko ara.
'Dweninmen (Ram's Horn) nso yɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ no bi. Ɛha nso DWENINMENTOASO ahodoɔ mmiensu a apem anim no nso kyerɛ ahoɔden ne ɔfrɛ a yɛde kura nokwaredie mu.
Wɔsii Balme Library no wɔ afe apem ahankron aduanan nwɔtwe mu (1948) sɛ nka ɛnyɛ Achimota College no Library. ɛno ne baabi titirew a ɛdi a wɔkora nwoma, a nwoma korabea nkae no nyinaa bɛtoo no. Saa Balme library yi hyɛ suapɔn no mu ankasa.
Yɛwɔ sukuu ahodoɔ nsia ne Research Institute baako na wɔhyɛ saa kɔlegy yi ase. Yeinom ne:
College of Basic and Applied Sciences
Yɛwɔ sukuu ahodoɔ num, Centres nsia (3 research based) ɛne Institutes mmienu na wɔhyɛ kɔlegy yi ase. Yeinom ne:
Ɛdi firi 2014/2015 nwomasua afe no mu no, University of Ghana agye collegiate kwan a wɔfa so sua adeɛ no nso atom na wakyekyɛ sukuu ahodoɔ ne departments ahodoɔ no mu ahyɛ kɔlɛgy ahodoɔ nan ase, Yeinom ne:
Yɛwɔ faculties ahodoɔ num a wɔnhyɛ kɔlɛgy a yɛadikan abobɔ din yi mu biara ase, Yeinom ne:
This article uses material from the Wikipedia Twi article University of Ghana, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.