Samuel Kwame Amponsah

Samuel Kwame Amponsah yɛ amanyɔni , okuani ne mmrahyɛbɛdwani wɔ Ghana.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Na ɔyɛ mmrahyɛbɛdwani ma Mpohor-Wassa East abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu. Ɔka National Democratic Congress amanyɔkuo a ɛwɔ Ghana no ho.

Samuel Kwame Amponsah
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Mpohor-Wassa East Mpɛsoa so
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Ne manGhanaGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaSoldier / Amanyɔni

Mfitiaseɛ ne nhomasua

Amponsah firi Ghana Atɔeɛ mantam mu. Ɔsuaa Nkontaabuo nyaa ne PhD wɔ Kwame Nkrumah University of Science and TechnologyGhana.

Adwuma

Amposah yɛ ɔsraani.

Amanyɔsɛm

Na Amponsah ka Mmarahyɛbɛdwafie a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeɛ mmerɛ a ɛtɔ so nnan no ho. Amponsah ka National Democratic Congress amanyɔkuo no ho. Afei nso na ɔyɛ Mpohor-Wassa East abatoɔ mpasua no nanmusini wɔ aban mu. Ne dwumadi wɔ amanyɔsɛm mu no firii aseɛ berɛ a odii nkonim sɛ National Democratic Congress mmarahyɛbɛdwani wɔ Mpohor-Wassa East abatoɔ mpasua so wɔ afe 2000. Amponsah nyaa abatoɔ no mu dodoɔ 20,352 a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduanan ne akyiripɔw nson. Nnipa dodoɔ a wɔtoo aba wɔ saa abatoɔ mpasua so ma ɛyɛɛ yie no dodoɔ yɛ 38,121. Afoforɔ a wogyina maa wɔtoo wɔn so aba de kaa Amponsah ho saa berɛ no ne Mary Stella Ankomah, Paul King Arthur ne Alex Bessah Dogbeh a wɔn nso wonyaa 15288, 1612 ne 909.

Afe 2000 abatoɔ

Wɔtoo aba yii Amponsah sɛ mmarahyɛbɛdwani ma Mpohor-Wassa East abatoɔ mpasua no wɔ afe 2000 ɔman Ghana abatoɔ mmerɛ no mu. Odii nkonim sɛ National Democratic congress amanyɔkuo no mu ni wɔ aban mu. Na n'akonwa nu ka nkonwa du-nkron a amanyɔkuo National Democratic Congress nyaeɛ wɔ Atɔe mantam mu. National Democratic Congress nyaa nkonwa ahaanu nu mu dodoɔ aduokron mmienu wɔ aban mu, ɛno nti wɔbɛyɛɛ amanyɔkuo kumaa wɔ mmarahyɛbɛdwafie a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeɛ-mmerɛ a ɛtɔ so nnan wɔ afe 2000 no mu. Odii nkonim berɛ a onyaa mma 31,515 no mu 11,674 a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ mu aduasa ne akyiripɔw nnan. Afoforɔ a wogyina maa wɔtoo wɔn so aba kaa Amponsah ho ne Patrick Somiah Ehomah a ɔnyɛ amanyɔkuo biara mu ni, Peter Nnanwaan a na ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo mu ni, Abraham Yankson a na ɔyɛ Convention People's Party amanyɔkuo mu ni, Stephen Blay a na ɔyɛ National Reformed Party amanyɔkuo mu ni, Richard Aduko Raqib a na ɔyɛ People's National Convention amanyɔkuo mu ni ne Patrick Tandoh Williams a na ɔyɛ United Ghana Movement amanyɔkuo mu ni. Mma dodoɔ a wɔn mu biara nyae ne 10,454, 6,869, 1,263 ne 300 sɛnea wɔn din no nnidisoɔ te wɔ ɔkasamu a edi eyi anim no. Ɛmu biara yɔ ɔha mu nkyɛmu 34.2 , 22.5, 4.1 ne 1.0 pɛpɛɛpɛ.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Samuel Kwame Amponsah Mfitiaseɛ ne nhomasuaSamuel Kwame Amponsah AdwumaSamuel Kwame Amponsah AmanyɔsɛmSamuel Kwame Amponsah Afe 2000 abatoɔSamuel Kwame Amponsah Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛSamuel Kwame AmponsahAmanyɔkuoAmanyɔniGaanaMantamu a ɛwɔ GhanaNational Democratic Congress (Ghana)

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

African AmericansMohammed HarunaKwadwoTano South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Nana GbewonyoBlighia SapidaCharles Bintin BiniponCooperstownSecamone afzeliiOffinsoAmanyɔniTwiSenegalKwadwo SafoPalisota hirsutaIndiaRomaniaEmpire State BuildingRio de JaneiroAustralia🡆 More