Nana Akua Oparabea

Wɔatwerɛ nsɛm wei wɔ Asante Kasa mu

Okomfohemmaa Nana Akua Oparebea (wɔwoo no wɔ afe 1900) yɛ okomfohemmaa a wɔgye di sɛ ɔno ne Akonedi kɔmfo panyin a ɔsene obiara a watena ase pɛn.

Mfitiaseɛ abrabɔ ne nwomasua

Ná ne papa ne ne maame nyinaa fi adehye mmusua a wɔagye din mu. Berɛ a na ɔda nufuo ano no, ne maame nuabaa a ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ akɔm nkɛntɛnsoɔ ase no bɔɔ amanneɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔkɔmfoɔbaa a dabi ɔbɛyɛ Akonedi asɔniɛso no Kɔmfo Panin.

Berɛ a ɔdii mfeɛ nson no, wɔbɔɔ no asu wɔ Adawso Presbyterian Asɔre mu na ɔkɔɔ Adawso Presbyterian Mfitiaseɛ Sukuu wɔ asubɔ no akyi.

Ɛbɛyɛ te sɛ nea ne maame nuabea nkɔmhyɛ no rebam. Ɛfirisɛ Oparebea bɛtumi ayera kɛkɛ. Afei na obɛpue mpɔfirim a ɔntumi nka baabi a wakɔ ne nea enti a ɔkɔeɛ. Berɛ bi duruiɛ a yeraeɛ koraa.

Berɛ a mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhu no nyinaa yɛɛ ɔkwa no, abusua no mufoɔ binom a wɔnyɛ Kristofoɔ kɔɔ ɔkɔmfoɔ bi hɔ abisa. Bere a wɔbɔɔ ntwene na wɔsa daa nnanson akyi no, ɔsan bae bio. Saa berɛ yi deɛ ɔkasae na ɔkae sɛ bosom Akonedi no ahyɛ no so na ɔde no akɔ.

Berɛ tiaa bi no, Oparebea nyini bɛyɛɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ paa na ɔwaree. Nanso nsɛm a ɛyɛ nwanwa a esisii a ɛda so ara da adi sɛ ɛyɛ kɔmfoɔ no maa awareɛ no sɛee na Oparebea kɔɔ ne maame nkyɛn kɔtenae. Ɛhɔ nso, na ɔtɔ koma mu bere ne berɛ mu, na ɛma ɔda kyɛ, ɛtɔ mmere bi a nna pii. Na sa nneyɛɛ ne suban no firi Akonedi nkɛntɛnsoɔ.

Ɛbɛdaa adi, sɛ ɔha no ano aduru baako pɛ ne sɛ wɔde no bɛkɔ Akonedi asɔniɛ so na awieiɛ koraa no ɔbɛyɛɛ ɔkɔmfoɔ a ɔretete ne ho wɔ hɔ.

Adwumayɛ

Berɛ a ɔwieeɛ akyi no ɔfiri aseɛ yɛɛ n'adwuma wɔ Dobro. Na mfeɛ mmiɛnsa akyi no ɔtu kɔtenaa Nkumkrom. Ɛhɔ na adwuma no puee hann mu. Ɔsii asɔniɛ maa Akonedi na ankyɛ na ɔgyee din kɛseɛ.

Nkurɔfoɔ fi akyirikyiri ne mmeaeɛ a ɛbɛn na wofiri asetena mu tebea hodoɔ nyinaa mu baa n'asɔniɛ no so hɔ sɛ wɔrebɛka akasa akyerɛ wɔn na wɔasa wɔn yare.

Nteteɛ dwumadie

Na Oparebea yɛ obi a ɔtumi tete akɔmfoɔ mmaa ne mmarima a wɔanya akɔm foforo a wɔtumi yɛ adwuma yie na wɔtu mpɔn.

Wɔ Nkumkrom kronkronbea hɔ no ɔtetee wɔn mu ɔhaha pii wɔ ɔkwan a ɛfata so na ɔyɛɛ no yie.

Sɛ wɔwie aɛ, ɔde wɔn kɔ mmeae ahodoɔ na wɔyɛɛ adwuma wɔ n’ase.

Asɔniɛ ahodoɔ

Ɔsisii asɔniɛ ahodoɔ wɔ New York, Philadelphia, Washington D.C., California ne Toronto, Canada.

N'akansa abrabɔ

Okomfohemmaa Akua Oparebea dwo na na ɔwɔ ahobrɛaseɛ. Na ɔhwɛɛ amammerɛ nneyɛeɛ ne akɔmfoɔ nhyehyɛeɛ a ɛwɔ Akondi asɔniɛ so hɔ no.

Akwantuo

Okomfohemmaa Akua Oparebea de akokoduru gyee Dinizulu nsato a ɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛsra Amerika no toom. Ɔfirii Afrika mpoano na ɔde wimhyɛn kɔɔ States kɔyɛɛ ne dwumadi ahorow. Afoforo kɔ so ba hɔ. Oparebea tuu akwan pii kɔɔ Amerika afe biara de hwɛɛ asɔniɛ ahodoɔ no so.

Owuo

Oparebea wuiɛ bɛyɛ afe 1995 na wɔsiee no wɔ Ɔpɛpɔn wɔ afe apem ahankron aduokron nsia (January 1996) mu.

Baabi a menyaa mmoa firiɛ

Tags:

Nana Akua Oparabea Mfitiaseɛ abrabɔ ne nwomasuaNana Akua Oparabea AdwumayɛNana Akua Oparabea Nakansa abrabɔNana Akua Oparabea AkwantuoNana Akua Oparabea OwuoNana Akua Oparabea Baabi a menyaa mmoa firiɛNana Akua Oparabea

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

BogotáBostonTunisNyinsɛnCecilia DapaahUgandaAbantuguo (Coup d'état)WukuadaLibiaNasalsaAsɔredan Ahorow a Wɔasen Abotan, LalibelaKeteke gyinabeaTogoFrancis Edward Techie-MensonCroatiaMichael JacksonNagpurApuei Mantam (Ghana)KayseriSimien Mmepɔw so Ɔman Mmoa YɛmmeaCentral Tano Kasa1844 Apam noKobina Arku KorsahMaletasenAkosua AgyapongKachikally dɛnkyɛm ɔtareNamibiaAbawoAngersEntrammesRonald ReaganMeqemaleWarsawMoukalaba-Doudou Ɔman Mmoa YɛmmeaDɔtmɔndLodiNana Akufo-AddoGermanyGaana FrankaaBangladeshMateoUetersenPongara Ɔman Mmoa YɛmmeaHilla LimannDebeiraSekune-TakoradeObooSan BassanoAdinkra AhyɛnsodeɛGhana Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ahodoɔAugustusTampereAmpeAbuko Ɔman Mmoa YɛmmeaFukushimaBijilo Kwae Mmoa YɛmmeaGhanaIstanbulLimogesBaltimoreUniversity of OxfordArtahaBonnBhopalVancouverBibelMbeya Asubɔnten🡆 More