Kwatikwan so fa yɛ ɔkwan a aman ahodoɔ so adehye a wɔreba anaa wɔretwa kwan aba ɔman foforɔ bi mu fa a etia saa oman no akwantuo mmara so.
Kwati kwan so fa yɛ adeɛ baako a, mmra mma ho kwan. Eyi ne sɛ ɔhɔhoɔ bɛba kuro bi mu anaasɛ Ɔbɛtera ɛhyeɛ aba Ɔman foforɔ so a, ɛnnam mmra kwan so.
Dwumadie a, mmra mma ho kwan nso ne sɛ onipa bi bɛma Ɔhɔhoɔ bi a,onni nkrataa bɛba anaa sɛ Ɔbɛma no atra hyeɛ aba Ɔman foforɔ bi mu abɛ di dwa. Mpɛn pii no ɛyɛ a, ɛyɛ nipa akuokuo.
Dwumadie bɔne yi danso deɛ nanso mpɛn pii no ɛyɛ a, ɛne nipa ho dwadie na ɛnam. Obi a, odi dwa bɔne taa fa kwan bɔne sowura kuro foforɔ anaa sɛ ɔman foforɔ mu. Sɛ mpɛn pii no ɔbɛ duru beaɛ a, ɔpɛ sɛ ɔba no a, nipa a, ɔde no baa yɛ no, anaa deɛ odii n'anim no yi nensa firi deɛ ɔbɛ di dwuma no so Sɛ deɛ Ɛbɛ yɛ a, ne ho mma asɛm. Dwadie bɔne ne sɛ onipa bi de n'ahoɔden, naadaa kwan so de ahɔhoɔ wura kuro bi mu abrɛ a, Ɛnam mmra kwan so de wɔn bɛ yɛ adwuma anaa sɛ ɔma wɔn bɛ bɔ adwaman wɔ saa beaɛ hɔ.
Nnipa bɛboro mpem aduonu- nwotwe (28,000) na wɔfaa asaase so kɔɔ German na mpem du ne ahasa (10,000) fri Austria nso na ɛkɔe. Nnipa bɛyɛ mpem nkron, ahanu ne aduoson (9,270) nso faa kwati kwan na wiemhyɛnbea na nnipa bɛboro apem baako ne ahanu (1,120) nso nam po so na ɛkɔɔ German. Atukɔfoɔ fo dodow no fri Afghanistan, Nigeria, Iraq, Asyria ne Turkey. Wei maa kwati kwan akwantufoɔ a German Aban Polisifo kyeree wɔn no dodow no dodow kɔɔ soro bɛduru mpem aduasa nwɔtwe (38,000).
This article uses material from the Wikipedia Twi article Kwatikwan so fa, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.