Kwasi Ameyaw-Cherimeh

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English

Hon.
Kwasi Ameyaw-Cheremeh
Kwasi Ameyaw-Cherimeh
Member of Parliament for Sunyani East
Mprenpren
Bere
7 January 2009
OdikanfoJoseph Henry Mensah
Ne ho asɛm
Awo bere
Kwasi Ameyaw-Cheremeh

6 November 1966 (1966-11-06) (age 57)
Jinijini, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaLawyer/Lecturer
CommitteesJudiciary Committee (Chairperson); Standing Orders Committee; Constitutional, Legal and Parliamentary Affairs Committee; Education Committee

kwasi Ameyaw-Cheremeh (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 6, afe Apem, Ahankron ne Aduosia nsia (1966) yɛ Ghana manyɔni ne mmarahyɛbadwani ma Sunyani Apueɛ mannsini no wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so num 5 wɔ Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu.

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua

Wɔwoo Ameyaw-Cheremeh wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so 6, afe 1966.Ɔfiri Jinijini, kuro bi a ɛwɔ Brong Ahafo Mantam mu wɔ Ghana.Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu na ɛhɔ na ɔnyaa ne Master of Philosophy abodin krataa wɔ Ɔmanfoɔ Nnwuma mu, mfeɛ Mpem Mmienu ne Nwɔtwe (2008). Ɔsan nso kɔɔ Ghana School of Law na ɔnyaa ne Bachelor of Laws wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron-num (1995). Ɔsan nso akɔ Galilee College wɔ Israel na wawie sukuu wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne nwɔtwe (2008 ) adesuakuo no mu .Ɔde ne nsa kyerɛɛ ne so.

Adwumayɛ

Ameyaw-Cheremeh mprempren reyɛ Bui Power Authority Boayikuw no Titenani. Ɔyɛɛ Ɔtwerɛtwerɛfoɔ Panyin wɔ Ɔman Fekuw a ɛhwɛ mpɔtam hɔ mpanyimfo so wɔ Ghana (NALAG). Ɔyɛ Mmaranimfo wɔ n’adwuma mu.

Amanyɔsɛm

Ameyaw-Cheremeh yɛ Ɔsono kokroko ammanyɔkuo ( New Patriotic Party-NPP) no mu ni. Wɔpaw no wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Nwɔtwe (2008 ) Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadni ma Sunyani Apueɛ mansini no mmarahyɛbadwa a ɛto so num(5) wɔ Ghana Adehyeman/Kwasafoman a ɛtɔ so nan(4) no mu. Ɔnyaa mpem aduasa-mmeɛnsa, aha-nson ne aduosai-num (33,765 ) wɔ mmamu mpem Aduonum-mmeɛnsa , aha-nwɔtwe ne Aduanan-nsia ( 53,844), a wɔtooeɛ no. Yei gyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduosia-mmienu ne akyiri pɔ aduɔson-baako (62.71% ). Wɔpaw no gyaa Alanyina Sampana Sampson a ofiri Convention People's Party-CPP, Ɔtemmufo Samuel Adjei a ɔfiri kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress-NDC, Peter Kwaw Alibah a ofi Demokrasi Ahofadi Kuo no mu ne Kwakye Kofi a ɔfiri People's National Congress- PNC) no mu. Yeinom nyinaa nyaa mma a wɔtoeɛ no mu ɔha nkyekyem baako ne akyiri pɔ aduonu-num (1.25%), ɔha nkyekyem Aduasa-nan ne akyiri pɔ aduɔkron nson (34.97%), ɔha nkyekyem hwee ne akyiri pɔ aduonu-nkron (0.29% ) ne ɔha nkyekyem whee , akyiri pɔ pɔ aduɔson-nwɔtwe (0.78%) pɛpɛɛpɛ. Wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-mmienu(2012) mu no, ɔsan sii akan bio maa Sunyani Apueiɛ mansini mu nkondwa no wɔ New Patriotic Party-NPP tekiti so maa Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛdwa a ɛtɔ so nsia na odii nkonim. Ɔsomm wɔ Ghana Mmarahyɛbadwa mu maa Sunyani Apueiɛ mansini no na ɔyɛɛ afie dodoɔ no ara mpire panyin. Sɛ New Patriotic Party (NPP) mu ni no, onyaa mma mpem Aduanan-mmienu, aha-nson ne aduɔson-nwɔtwe(42,478 ) wɔ mma a wɔtooeɛ no mu a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a wɔtoo no wɔ mfeɛ Mpem-Mmienu ne Du-mmienu (2012) Ghana amansan abatoɔ no mu nyinaa mu ɔha nkyekyem Aduonum-nkron, ne akyiri pɔ nsia(59.06%).

Abadwakuo Ahodoɔ

Ameyaw-Cheremeh yɛ Atemmu abadwakuo no Titenani; a ɔyɛ Daa Ahyɛde abadwakuo no mu ni; ɔyɛ Amansan Mmara, Mmara ne Mmarahyɛbadwa Nsɛm Boayikuw no muni; na ɔyɛ Nhomasua Boayikuw no muni.

Ankorankoro asetena

Ameyaw-Cheremeh yɛ Kristoni. Ɔwaree, na ɔwɔ mma baanan.

Baabi as Menyaa Mmoa Friiɛ

Tags:

Kwasi Ameyaw-Cherimeh Abrabɔ Ahyaseɛ ne NwomasuaKwasi Ameyaw-Cherimeh AdwumayɛKwasi Ameyaw-Cherimeh AmanyɔsɛmKwasi Ameyaw-Cherimeh Abadwakuo AhodoɔKwasi Ameyaw-Cherimeh Ankorankoro asetenaKwasi Ameyaw-Cherimeh Baabi as Menyaa Mmoa FriiɛKwasi Ameyaw-Cherimeh

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Jirapa (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)United KingdomSiegfried & RoyIstanbulDialium guineenseSamuel Kofi YeboahMmoaEhyiaElizabeth Akua OheneOncoba spinosaMomordica charantiaMohammed HarunaGhana AkannifoƆpɛpɔnBaba Jamal Mohammed AhmedAsutifi South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Wegbe KpalimeBilbaoSylvester AzantilowAndorraMinskWiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )Gossypium Arboreum🡆 More