Oncoba spinosa yɛ ketewa bi (mpɛn pii no ne sorokɔ ntra mita 5) a ne nhaban yɛ mmerɛw.
short name | O. spinosa |
---|---|
taxon name | Oncoba spinosa |
taxon rank | species |
parent taxon | Oncoba |
taxon common name | 鼻烟盒树, 鼻烟盒树 |
IUCN conservation status | Least Concern |
maintained by WikiProject | WikiProject Invasion Biology |
GRIN URL | https://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=25665 |
Nhwiren no yɛ fitaa na ɛyɛ fɛ a mfinimfini yɛ srade esiane nkorabata no nti, na ɛte sɛ kosua a wakye.
Wopue wɔ dua no so firi berɛ a aka kakra ma nhaban foforɔ no aba, na dua no ayɛ nhwiren akɔsi asram abiɛsa anaa ma ondu saa. Aduaba no yɛ den, ɛyɛ kurukuruwa na ɛwɔ ano a ɛyɛ nsensanee anaa fiaa. Ne kɛse bɛyɛ 80mm na ne kɔla yɛ srade(yellow) kosi kɔkɔɔ-biribiri.
Wɔ Afrika kesee fam no, ɛfefɛw fi September kosi December. Dua no atrɛw kɛse wɔ Afrika apuei fam akosi South Africa, titiriw wɔ kwae a ɛso yɛ kusuu anaa sare a ɛda hɔ so wɔ mmeae ahorow pii fi asubɔnten bon mu kosi abotan nkoko so. Ɛkɔ a kɔdu ne hye a ɛwɔ atifi fam pɛɛ no wɔ Po Kɔkɔɔ no apuei fam wɔ Arabia.
This article uses material from the Wikipedia Twi article Oncoba spinosa, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.