Akwasi(pronunciation of Akwasi (help·info)) yɛ Akanfoɔ din a yɛ de ma abɔfra bɛrima yawo no Kwasiada.
native label | Akwasi |
---|---|
writing system | Latin script |
Soundex | A220 |
Cologne phonetics | 0438 |
Caverphone | AKWS11 |
Wɔ Akanfoɔ mu no,ɛsɛ sɛ obibiara a yawo no da bi no, ɛwɔ sɛ ɔdan suban a ɛwɔ ɛda no mu adi. Akwasi mmaa din a yɛde ma ɔbaa a yawo no Kwasiada yɛ Akosua.
Wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu no, ɛnna din no, yɛhu no sɛ yɛnya firii anyame bi din mu. Yɛnyaa edin Akwasi firii edin "Koyasi" mu a ɛkyerɛ "Nkwa Nyame a ne ho te" wɔ ɛda Kwasiada mu. Mmɛrema a yɛ wo wɔn Kwasiada no, wɔn tumi bɛyɛ nipa titiriw paa wɔ Ɔman mu. Ɛna wɔn san so yɛ Obueakwanfoɔ. Wɔyɛ mfiifii mu. Akwasi mmrane ne Bodua anaa Obueakwan. Wei no, ɛkyerɛ sɛ mmɛrema a wɔn de Akwasi no, wɔn tumi kɔ wɔn anim ntɛm wɔ biribiara mu.
Sɛ yɛ sesa ɛna din no a, ɛnya nsonsoneɛ wɔ Akan kasa ahodoɔ no mu. Wɔ Akanfoɔ kasa ahodoɔ mu te sɛ Asante ne Akuapem mu no, yɛ twerɛ din no Akwasi anaa Kwasi ɛnna Fantefoɔ nso frɛ no Kwesi. Ɛwɔ Akanfoɔ amammerɛ ne wɔn mpɔtam amammerɛ mu wɔ Ɔman Ghana mu no, nna no a yɛde ma edin no, ɛba no mmienu mmienu, mmaa din ne mmɛrema din. Akwasi mmaa din a yɛde ma ɔbaa a yawo no Kwasiada yɛ Akosua.
Akan kasa | Mmɛrema din | Mmaa din |
---|---|---|
Asante | Akwasi | Akosua |
Akuapem | Akwasi | Akosua |
Fante | Kwesi | Esi |
Ghanafoɔ nkɔdaa pii no, wɔn awoda din ka wɔn aborɔfo din ho. Atitiriwfoɔ a wɔn kura edin de Akwasi no ye:
This article uses material from the Wikipedia Twi article Akwasi, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.