Godfred Kwame Otsere

Godfred Kwame Otsere yɛ Ghanani a ɔyɛ amanyɔsɛm.

Ɔsomm sɛ mmarahybadwani maa Ayensuano abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana no wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa ne nan no mu wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu.

N'adwumasɛm

Ɔyɛ Ghanani amanyɔni.

Amanyɔsɛm

Na ɔka New Patriotic Party amanyɔkuo no ho. Wɔtoo aba maa no sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ayensuano abatoɔ mpasua no mu berɛ a wɔtoo mfeɛ mpenu ne mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔ no. Ɔdii Evans Kodjo Ahorsey a na ɔgyina mu ma National Democratic Congress amanyɔkuo no anan mu no so nkunim kɔsomm sɛ mmarahyɛbadwani maa abatoɔ mpasua no wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu. Ne som no hyɛɛ aseɛ firii Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nso, mfeɛ mpenu ne baako kɔsii Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nsia, mfeɛ mpenu ne num no mu. Ɔsane tenaa adwa no so berɛ a ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔ no mu. Mfeɛ mpenu ne nwɔtwe abatoɔ no mu no, ɔdii ntwo maa Samuel Ayeh-Paye a ɔno nso firi New Patriotic Party mu no dii ne so nkunim.

Mfeɛ mpenu abatoɔ

Mfeɛ mpenu ɔman abatoɔ mu no, Otsere dii nkunim sɛ mmarahybadwani maa Ayensuano abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana no. Na ɔgyina New Patriotic Party, Ɔsono Amanyɔkuo no anan mu. N'akonnwa no ka nkonnwa dunwɔtwe a New Patriotic Party dii so nkunim wɔ nkonnwa aduonu-nsia a na wɔrepere wɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ saa abatoɔ no mu ho. Yɛka nkonnwa a New Patriotic Party no nyaeɛ nyinaa bɔm a, wɔnyaa nkonnwa ahanu no mu aduokron-nkron wɔ saa abatoɔ no mu. Otsere nyaa mma no mu mpem dumienu, ahansia ne dunwɔtwe. Yei kyerɛ sɛ, ɔnyaa aba dodoɔ a wɔtoo saa berɛ no mu ɔha mu nkyɛmu aduonum baako akyiripɔ aduanan. Nnipa ɔdii wɔn so nkunim no ne Evans Kodjo Ahorsey a na ɔgyina hɔ ma National Democratic Congress amanyɔkuo no, Samuel Nartey a na ɔgyina hɔ ma Convention People's Party ne Evans Oheneaku Asamaning a na ɔgyina hɔ ma United Ghana Movement amanyɔkuo no. Evans Kodjo Ahorsey nyaa mma no mu mpem du ne ahanu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan-baako akyiripɔ aduonum, Samuel Nartey nso nyaa apem ne aduokron-nsia a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu nan akyiripɔ aduonum, ɛnna Evans Oheneaku Asamaning nyaa mma ahansia aduonum-nson a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu mmienu akyiripɔ aduoson.

Mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔ

Berɛ a wɔtoo aba wɔ New Patriotic Party, Ɔsono Amanyɔkuo no mu no, Owura Otsere dii nkunim kɔgyinaa sɛ Suhum-Kraboa-Coaltar abatoɔ mpasua no mu mmarahyɛbadwani wɔ mantam no mu. na ɛno ne ne mprɛnsa so a wapere saa adwa no. Abatoɔ no baa awieeɛ no, ɔnyaa mma dodoɔ mpem aduasa-baako ne aduokron a wɔtoeɛ no mu mpem dunson, ahansia ne ahasa nsia a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduonum-nsia akyiripɔ aduoson. Ɔdii Francis Asare a na ɔgyina National Democratic Congress amanyɔkuo no anan mu no ne Samuel Andrews Donkor a na ɔgyina Convention People's Party anan mu no so nkunim. Mma dodoɔ a wɔtoeɛ no nyinaa mu no, Francis Asare nyaa mma mpem dumienu, ahansia ne aduowɔtwe-mmiɛnsa a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan akyiripɔ nwɔtwe ɛnna Samuel Andrews Donkor nso nyaa mma no mu ahanson aduoson-baako a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu mmienu akyiripɔ num. Ne mpasua no ka mpasua aduonu-mmienu a New Patriotic Party dii so nkunim wɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ saa abatoɔ no mu ho. Yɛka ne nyinaa bɔ mu a, New Patriotic Party, Ɔsono Amanyɔkuo no nyaa mmarahyɛbadwa nkonnwa ɔha aduonu-nwɔtwe wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nan no mu wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Godfred Kwame Otsere NadwumasɛmGodfred Kwame Otsere AmanyɔsɛmGodfred Kwame Otsere Mfeɛ mpenu abatoɔGodfred Kwame Otsere Mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔGodfred Kwame Otsere Baabi a menyaa mmoa firiiɛGodfred Kwame OtsereGhana

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Los AngelesMinneapolisAwo ano a wosiwKomo AsubɔntenBrest (France)MaletaralSteve Senu AkorliBonnKobina Arku KorsahAmanimalelSan BassanoChibaArty (Queen)Cecilia Koranteng-AddowNapoléon BonaparteAl GoreLimogesKristosomAdinkra AhyɛnsodeɛMmaraNzulezoPebatjmaMaletasenNnipaNyinsɛnAustriaBakatue AfahyɛParisAsɔredan Ahorow a Wɔasen Abotan, LalibelaƆpɛpɔnNyarewaAwusone YekeniKara Asubɔnten (Togo)RomaBrɔde AmpesiBudapεstTuvaluUniversity of CambridgeLe HavreDallol (ɔsaman kurow)ArtahaUKFortalezaKayseriPandemicBremenTurkeyZagrebMiamiAlençonMemenedaLatviaDarajani GuadibeaMmɔfraGifti Afenyi-DaasiNepalBristolEwiemBernie SandersNagoyaBeninAwuradeNagasakiYoweri MuseveniBaltimore🡆 More