Frank Annoh-Dompreh (wowoo no 25 Ahinime 1977) is a Ghana amanyɔni na ɔsan yɛ kɔnsultant.
sex or gender | male |
---|---|
country of citizenship | Ghana |
name in native language | Frank Annoh Dompreh |
given name | Frank |
family name | Dompreh |
date of birth | 25 Ahinime 1977 |
place of birth | Adoagyiri |
native language | Twi |
languages spoken, written or signed | English, Twi |
occupation | Amanyɔni, Ɔkuani |
position held | Member of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana |
educated at | University of Cape Coast, Mountcrest University College |
work location | Nsawam |
member of political party | New Patriotic Party |
candidacy in election | 2020 Ghanaian general election, 2012 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election |
religion or worldview | Pentecostalism |
Ɔyɛ New Patriotic Party ni ɛna ɔsan yɛ mmarahyɛbaguani ma Nsawam-Adoagyiri. Ɔno na ɔyɛ titerani ma Parliamentary Select Committee on Foreign Affairs ɔsan yɛ kuoba ma Subsidiary Legislation ne Roads ɛna Transport Committee wɔ mmarahyɛbagua mu.
Annoh-Dompreh wowoo no 25 Ahinime 1977 wɔ Nsawam-Adoagyiri a ɛwɔ Apuei Mantam mu wɔ Ghana. Ɔwei sukuupɔn wɔ University of Cape Coast a ɔyaa Bachelor of Science wɔ nfumdwuma mu. Ɔsan sua ade wɔ Mountcrest University na ɔyaa LLB ne LLM
Annoh-Dompreh hwɛɛ amanyɔsɛm ase ɛfiri sukuu mu ɛbere a wo to aba ma no sɛ Ɔmanpanyi ma National Union of Ghana Students (NUGS) ɛbere a na ɔyɛ sukuuni wɔ University of Cape Coast ɛwɔ 2000. Ɔtoɔ aba ma no sɛ Apuei Mantam Nbaabuno Domfrefoɔ ma New Patriotic Party. Ɛwɔ 2012, ogyina wɔ Nsawam/Adoagyiri NPP Parliamentary primaries tia Seth Wiafe Danquah na ɔde nkonim ma no gyina party no anan mu wɔ 2012 mmarahyɛbaguani abatoɔ. Ɔyaa 366 ɛfi 482 aba wo toɔ yɛ. Ɔtua so ne Ben Ohene-ayeh ɔwɔ NDC kɔ wintam so. Ɔdi nkonim wɔ 2016 Ghanaian mmarahyɛbaguani abatoɔ no mu. Ɔka kuo ɛwɔ mmarahyɛbagua a yɛ frɛ ɔmo Select Committees on Subsidiary Legislation ne Roads & Transport.
Annoh-Dompreh yɛ Vice-chairperson wɔ Housing Committee so wɔ mmarahyɛbagua mu. Ɔsan nso yɛ kuoba wɔ Finance Committee; kuoba wɔ Education Committee; kuoba wɔ Foreign Affairs Committee, kuoba wɔ Appointments Committee, kuoba wɔ Business Committee nna ɔsan yɛ kuoba wɔ Committee of Selection Committee.
Annoh-Dompreh yɛ Kristoni a ɔkɔ asore wɔ Church of Pentecost. W'aware a ɔwɔ nkora miesa
This article uses material from the Wikipedia Twi article Frank Annoh Dompreh, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.