Edwin Nii Lantey Vanderpuye

Edwin Nii Lante Vanderpuye (wɔwoo no Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so du-baako, afe Apem Ahankron ne Aduosia-num (1965).

Nhwɛsoɔ:Use dmy dates 

yɛ Ghana adwadie ho nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ ne ɔmanyɔni ne mprempren yi Mmarahyɛbadwani ma adehyeɛ a wɔwɔ Odododiodio abatoɔ mpɛsoa so no. ɔsoafoɔ a ɔhwɛ mmabunu ne Agodie so ne ɔsoafoɔ Abadiakyire a ɔhwɛ adwadie ne Nnwuma ho nsɛm so wɔ John Dramani Mahama aban mu.

Hon.
Edwin Nii Lante Vanderpuye
MP
Edwin Nii Lantey Vanderpuye
Member of the Ghana Parliament
for Odododiodio
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoJonathan Nii Tackie Kommey
Minister of Youth and Sports
Bere
2015–2017
OdikanfoMustapha Ahmed
AnanmusiniIsaac Kwame Asiamah
Deputy Minister for Local Government and Rural Development
Bere
2014–2015
Ne ho asɛm
Awo bere11 June 1965 (1965-06-11) (age 58)
Accra
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
Ghana Institute of Management and Public Administration
N'adwumaSports Journalist

Nhomasua

Ɔyɛ obi a wawie Bechem Presbyterian Mmarimaa Ntoaso Sukuu ne Mfantsipim Sukuu,

Cape Coast. Ɔwɔ Master’s degree wɔ Governance & Leadership mu wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA) ne B.A. wɔ Borɔfo, Nyansapɛ ne Nneɛma a Wɔagye Din mu wɔ Ghana Sukuupɔn mu.

Adwumayɛ

Ɛfiri afe Apem Ahankron ne Aduɔkron (1990) de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne Ɛnan( 2004) no, ɔyɛɛ adwuma wɔ Ghana Broadcasting Corporation a na ɔyɛ dwumadie Titenani Abadiakyire. mfeɛ mpem mmienu ne enum (2005) ne mfeɛmpem mmienu ne nwɔtwe (2008) ntam no, na ɔyɛ dwumadie so Panin wɔ Network Broadcasting Limited.

Amanyɔsɛm mu adwuma

Na ɔyɛ ɔboafoɔ titire ne adwumayɛ sohwɛfoɔ wɔ ɔmampanin atenaeɛ wɔ kane Ghana Ɔmampanin John Evans Fiifi Atta Mills abrɛ so Na ɔsan nso yɛ kane soafoɔ abadiakyire a ɔhwɛ Adwadie ne Nnwuma so wɔ John Mahama abrɛ so.

Mmarahyɛbadwa Mu

Wɔpaw no sɛ mmarahyɛbadwani wɔ wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-mmienu (2012) abatoɔ no mu, faako a ɔne Victor Okaikoi a ɔfiri Ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic PartyNPP) mu no hyiaeɛ. Vanderpuye nyaa ahotosoɔ yie wɔ akwanya a na ɛda hɔ ma no sɛ ɔbɛdi nkonim no ho. Na ɔgyee din sɛ ɔkaa wɔ Obubuo , mfeɛ Mpem Mmienu ne Dmmienu (2012) mu sɛ sɛ ɔnya mma a ɛnnu ɔha nkyekyem Aduosia-num (65% ) a, ɔbɛgyae akondwa no ama Okaikoi atenaeɛ no. Awieiɛ koraa no, Vanderpuye dii nkonim a ɛkaa kakra bi na nka wanya deɛ na ɔrehwehwɛ sɛ nka Ɔbɛduruu no . Ɔnyaa mma no mu mpem aduanan-num, ahankron ne aduosia-nson( 45,967) a ɛno gyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduosia-mmeɛnsa (63%) ma Okaikoi a ɔne no sii akan no nso nyaa mma no mu mpem aduonu-nsia , Aha-mmienu ne aduosia-nkron ( 26,269) a na ɛno nso gyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduasa-nsia (36%) pɛpɛɛpɛ . Emmanuel Odoi, Convention People's Party-CPP ni a na ɔka wɔn ho no nso nyaa mma no mu ahanson ne aduanan-num(745) a ɛno nso gyina hɔ ma ɔha nkyekyem baako (1%) pɛ maa .

Wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016) mu no wɔkoraa no sɛ Mmarahyɛbadwa no muni ma Odododiodio mansini no mu a ɔnyaa mma no mu mpem aduasa-nsia ahansia ne nsia (36,606) a na ɛno gyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduonum nson ne akyire pɔ hwee ne Ɛnan (57.04%) tiaa nea ɔbɛn no paa a ɛne New Patriotic Party a ne kannifoɔ, nyaa mma no mu mpem aduonu-mmienu, ahansia, ne aduɔson-baako ( 26,671) a na ɛno gyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduanan-baako ne akyiri pɔ ɛmu(41.5%) Ɔsom wɔ Mmarahyɛbadwa no mu sɛ ɔmannifoɔ a ɔdi kan wɔ Mpɔtam Aban ne Nkurasenkurase Nkɔsoɔ Abadwakuo no mu ne sɛ ɔmannifoɔ wɔ Hokwan Abadwakuo no mu ni.

Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ mmabunu dwumadie so

Wɔ Ɔbɛnem, mfe Mpem Mmienu ne Du-mmeɛnsa (2013) mu no, wɔpaw no sɛ ɔsoafoɔ Abadiakyire a ɔhwɛ adwadie ne Nnwuma ho nsɛm so wɔ John Mahama aban so. Ɔsom wɔ saa dwumadie no mu kɔsii mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nan (2014) berɛ a wɔtuu no sɛ ɔnkɔsom sɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyire a ɔhwɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraseɛ Nkɔsoɔ so wɔ baabi a ɔsom kɔsii afe 2015. Wɔ nsakraeɛ a ɛbaa asomfo mu wɔ afe 2015 mu akyi no, John Dramani Mahama bɔɔ Vanderpuye din sɛ Mmabunu ne Agodie ho Ɔsoafoɔ sɛ ɔmmɛsi Ɔbenfoɔ Mustapha Ahmed ananmu.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ

Tags:

Edwin Nii Lantey Vanderpuye NhomasuaEdwin Nii Lantey Vanderpuye AdwumayɛEdwin Nii Lantey Vanderpuye Amanyɔsɛm mu adwumaEdwin Nii Lantey Vanderpuye Mmarahyɛbadwa MuEdwin Nii Lantey Vanderpuye Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ mmabunu dwumadie soEdwin Nii Lantey Vanderpuye Baabi a Menyaa Mmoa FriiɛEdwin Nii Lantey VanderpuyeJohn Dramani Mahama

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

ThailandJuabeso (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)KidiMelody Millicent DanquahMaltaOl Doinyo LengaiƆdɔMünchenÉtienne MourrutCroatiaUnited KingdomBukarestRonald ReaganChop BarPatience PomaryMunisipalDabenartiNyarewaFam tutu Beae a Ɛwɔ SabrathaPapa Owusu-AnkomahKurówChinaDominic Azimbe AzumahGhana AkannifoEssenFufuoJohnson Asiedu NketiahBernice OffeiAgyentinaZaragozaKwasiadaUnited Renaissance PartyAyamtunini/KɔleraAustraliaAndorraYouTubeUgandaLatviaRostov-na-DonuMatthew Kwaku AntwiEddie AkitaAduroDiyarbakırƆbarima ne ɔbaa nna mu banbɔAppietusNapoléon BonaparteRussiaHelaAsante-Akim South (Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)New YorkColombiaZingiber officinaleWhatsAppMfinimfini Mmere mu Nkaedum a ɛwɔ KosovoƐdwoadaPeople's Heritage PartyAwudieYawoadaEskişehirOwuoYesu KristoBonsaasoKɔtɔnimaaBulgariaIndianapolisBrightonGhanafoɔ aa ɛwɔ GermanyLos AngelesNyinsɛn a wɔhyɛ da yi🡆 More