Ayaresabea yɛ beaɛ a potɔ kasa mu no ɔfrɛ no 'hospital' ɛyɛ beaɛ a ɔnam nimdeɛ kwan so ne abɛɛfo nfidie so de hwɛ nnipa apomuden so.
Ayaresabea a ɛnipa pii taa nim no, ɔfrɛ no ayaresabea kɛseɛm, potɔ kasa mu no, ɔfrɛ no 'general hospital',ɛhɔ no, ɔwɔ beaɛ a ɔhwɛ nnipa ntɛmpara so, sɛ mpofirimu ara gya hyehyeɛ bi ba anaa sɛ akwanhyia bi anaa yareɛ kye obi mpofirimu a ɔde nnipa no kɔ saa beaɛ hɔ, potɔ kasa mu no ɔfrɛ hɔ 'emergency department'. Mansini ayaresabea nso yɛ ayaresabea ɔwɔ ayaresa ho nnoɔma de hwɛ ayarefoɔ ebi te sɛ mpa ne deɛ ɛkɛka ho. Ɔsan nso wɔ mpa ma ayarefoɔ a wɔ gye wɔn to hɔ hwɛ wɔn mmerɛ kakra. Afei nso ɔsan wɔ ayaresabea ahodoɔ a wɔn atu wɔn ho asi hɔ ama nyarewa titiriw bi, potɔ kasa mu no, ɔfrɛ no 'Specialized hospitals'.ebi ne 'Truma centers' ɛhɔ yɛ beaɛ a wɔn hwɛ wɔn a w'apira kɛse paa, ebi te sɛ etuo abɔ obi 'rehabilitation hospital' ɛhɔ nso yɛ beaɛ wɔn hwɛ nkrɔfoɔ a wɔn nom nsa ne nnubɔnee, 'Childrens hospital' ɛhɔ nso yɛ nkɔdaa ayaresabea ɛne deɛ ɛkeka ho.
Mmire bi a atwam no na ayaresabea yɛ nnwuma bebree. Onyaa edin 'hospital' no firii 'Latin' kasa 'hospes' mu a ɛkyerɛ ɔhɔhoɔ, edin bio nso ne 'hospitium' a ɛno nso firi edin ahɔhoeɛ mu potɔ kasa mu no ɔfrɛ no 'hospitality'.ɛno ne adeɛ a ɛda 'guest' ne 'shelterer', 'hospitality', 'friendliness', ne 'hospitable reception. Latin kasa n'asekyerɛ san bɛkyerɛɛ 'guest-chamber'. 'Hospes' ne brɔfo kasa no nna ɔde 'p' bɛkaa ho sɛ asɛm no nkaeɛ no bɛyɛ dɛ.
Nnipa pii kɔ ayaresabea kɔ hwehwɛ wɔn nnipadua no mu hwɛ sɛ biribi bɔne biara nkɔɔ so wɔ brɛ a wɔn nna ayaresabea hɔ mpo sɛ ebinom di nna dodoɔ gye ayare hwɛ. Ayaresabea bebree mu akyekyɛ ɛnam dwumadie pɔtee a wɔn di ne nfidie ne ayarehwɛ nnoɔma ahodoɔ a wɔn wɔ. Wɔn a wɔn ayarehwɛ nnoɔma no sua no, ɔfrɛ hɔ 'Clinic'.
Ayaresabea a nnipa pii nim no, yɛfrɛ no Ayaresabea kɛseɛ mu, potɔ kasa mu no ɔfrɛ no 'General hospital'. Saa beaɛ yi hwɛ nyarewa ahodoɔ pii, na mpem pii no, wɔn wɔ 'emergency department' a wɔn hwɛ wɔn a w'pira kɛse anaa sɛ w'anya akwanhyia. Nkuro akɛseɛ no wowɔ ayaresabea pii a ɛwɔ mu nnidisoɔ ɛnam nnoɔma a wɔn wɔ nti.
This article uses material from the Wikipedia Twi article Ayaresabea, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.