Anim Akatasoɔ Wo Covid19 Mmere Mu

Nnwuma ne aban bebree de adwen toatoa aba ɛfa anim nkatasoɔ.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Adwen nnya nkɔɔ bɛnkro wo Ghana kwan a amanfuo nfa so nhyɛ anim akatasoɔ yi.

Adwen a ɛtaa akyire

Adwen nsusuyɛ a China apomuden mpanyinfoɔ de abɛto dwa fa hia a ehia sɛ nnipa nyinaa bɛhyɛ anim akatasoɔ na edidi so yi.

  1. Nnipa a wonnim sɛ wo wɔ yareɛ no bi tumi de yareɛ no sae afoforo.
  2. Den a ɛyɛ sɛ nnipa bɛtumi ama kwan ada won ne afoforo ntɛm.
  3. Sɛ nea ɛnyiyimuu biara mma won a wonya yareɛ no bi nti, obiara nhyɛ anim akatasoɔ no

Opanyin bi a w’akwadare wo mmoawa adesua mu wo Leeds suapon a wofrɛ no Stephen Griffin kyerɛ mu sɛ, anim akatasoɔ no tumi bo nnipa ho ban ma won nfa won nsa nka won anim. Saa kwan yi na kwan titiriw a yareɛ mmoawa no fa so kɔ nnipa dua no mu.

Anim akatasoɔ ahodow

Anim akatasoɔ bi wo ho a wode ntoma wode asaawa ayɛ na awen. Saa anim akatasoɔ yi nti sɛ nea apomuden adwumayɛ foɔ hyɛ anaa respirators a ehia sɛ wo de bɛfa afidie mu hu sɛ ɛyɛ ma nnipa. Mprenpren yi, wonnyɛ nhwehwɛ mu nkɔɔ akyire nko huu kwan a etumi fa so bo nnipa ho ban fi yareɛ a ɛsae fa nframa mu.

Apomuden adwumayɛ foɔ wo anim akatasoɔ a wo to twene abere biara won ahyɛ awie. Saa won akatasoɔ yi bo won ano ne won hwene ban fi ade fii biara ho. Akatasoɔ yi boa bo won ho ban fi nsuo a yareɛ mmoawa wo mu. Akatasoɔ no boa ma ne ɛhyɛ no no kasa a, ntesuo biara mma abonten. Na emom, saa akatasoɔ yi ntumi nsone mmoawa a wo nam ewa ne hwensie mu ba. Akatasoɔ yi a apomuden dwumayɛ foɔ hyɛ no ntumi mma nnipa banbo ɛse.

N95 akatasoɔ na US National Institute for Occupational Safety and Health kamfo sɛ etumi sone nframa so na ɛtwe nneɛma a ɛwo mu bɛ yɛ oha nkyekyemu aduokron-num. Wo de abɛɛfo kwan soronko bi na ɛyɛ saa anim akatasoɔ yi. Ne yɔnko wo Europe aburokyi man mu ne FFP2

Nea apomuden adwuma ahodow kamfo

Apomuden adwuma ahodow kamfo sɛ nnipa nkata won ano ne won hwene abre biara a wo bɛ bow anaa wo bɛ hwensi. Wonhwɛ sɛ wo bɛ to tissue biara a wode kataa won ano ne won hwene atwene wo kwan pa so.

Wo kamfo apomuden adwumayɛ foɔ anim akatasoɔ. Wei tumi bo nnipa ho ban fi ntesuo a efi nnipa anum bere a ɔkasa, ɔbɔ wa, anaa ɔhwensi.

Nea wiase dwuma kuo keseɛ a ɛhwɛ apomuden soɔ kamfo

Afutuo a wiase dwuma kuo keseɛ a ɛhwɛ apomuden soɔ de ma amanfuo wo anim akatasoɔ ne sɛ:

  • Onipa biara a ɔhwɛ yarefoɔ a wo susu sɛ ɔwɔ COVID-19 yareɛ no bi hia sɛ obɛhyɛ anim akatasoɔ.
  • Onipa biara a ɔbɔ wa, anaa ɔhwensi hia sɛ obɛhyɛ anim akatasoɔ.
  • Yɛ nkɔso nfa nsuo ne samena anaa sɛ hand sanitizer nhohoro yɛn nsa abere a yɛ gu hyɛ anim akatasoɔ.
  • Yɛn nhu kwan pa a yɛ ba fa so de ato anim akatasoɔ no atwene wo bere a yenhia bio.

Abibiman kuro ahodow ne mmra a ɛbata anim akatasoɔ hyɛ ho

  • Benin: Fi Oforisuo da ɛto so nwotwi no, mpanyinfoɔ a ɛwɔ Benin no ayɛ no nhyɛ sɛ obiara nhyɛ anim akatasoɔ.
  • Cameroon: Kuro keseɛ mu panyin a ɔwɔ Cameroon no ayɛ no nhyɛ sɛ obiara nhyɛ anim akatasoɔ.
  • Democratic Republic of Congo: Anim akatasoɔ yɛ nhyɛ ma amanfuo ɛwo kuropon no mu
  • Ethiopia: Mpanyifoɔ a ɔman no mu abra sɛ ma obiara nfa ne nsa nto ne yɔnko nsa mu. Afei nso, ɛyɛ mmra sɛ obiara bɛhyɛ anim akatasoɔ bere biara a ɔwɔ nnipa mu.

Tags:

Anim Akatasoɔ Wo Covid19 Mmere Mu Adwen a ɛtaa akyireAnim Akatasoɔ Wo Covid19 Mmere Mu Anim akatasoɔ ahodowAnim Akatasoɔ Wo Covid19 Mmere Mu Nea apomuden adwuma ahodow kamfoAnim Akatasoɔ Wo Covid19 Mmere Mu Nea wiase dwuma kuo keseɛ a ɛhwɛ apomuden soɔ kamfoAnim Akatasoɔ Wo Covid19 Mmere Mu Abibiman kuro ahodow ne mmra a ɛbata anim akatasoɔ hyɛ hoAnim Akatasoɔ Wo Covid19 Mmere MuGaana

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

ƐdanAkosua BusiaRomaAmanirenasDemocratic People's Party (DPP)MpenatweɛLe HavreAkanfoɔKøbenhavnDamba AfahyɛTuvaluAnidasoUetersenSikakorabeaMario BeccariaSpanishAljamduCardiffNkuro a ɛwɔ GhanaDzifa GomashieAbanomaƆpɛpɔnAprawaNnuaAngersSainte Anne Po so Ɔman Mmoa YɛmmeaValenciaMoritaMukaradeebAwudieSaratovNtfombi of EswatiniObooBourg-la-ReineCervignano d'AddaTanzaniaƆhotefo George Asɔredan, LalibelaPueblaMateoUKSakumono LagoonAhinimeMontpellierTampereSydneyWli NsuoMéralRosalie GicandaMadridSwedenRomaniaArrasAsɔredan Ahorow a Wɔasen Abotan, LalibelaSantiago de CompostelaBelarusAntonia BepɔwAdamfofaAmanitoreAnkaraLucknowBurundiNorwayErta Ale🡆 More