Wɔ nnɛ mmerɛ yi mu amanyɔsɛm ne abakɔsɛm mu no, Mmarahyɛbadwafie (pronounciation of "Mmarahyɛbadwafie" (help·info)) anaa Mmarahyɛbadwam yɛ baabi a wɔhyɛ mmara de ma ɔmamfoɔ. Mpɛn pii no, mmarahyɛbadwa biara wɔ dwumadie titire ahodoɔ mmiensa: sɛ wore si wɔ mamfoɔ no ananmu wɔ mmarahyɛbadwam hɔ, sɛ worehyɛ mmara ama ɔmamfoɔ no, ɛna sɛ wobɛhwɛ aban no dwumadie so berɛ a woretietie na woreyɛ nsɛm mu nhwehwɛmu. wɔn dwumadie ne wɔn a yɛfrɛ wɔn sɛ senate, synod anaa congress dwumadie yɛ pɛ na wɔtae hunu no wɔ aman ahodoɔ a ɔhene anaa ɔhemaa adi wɔn so pɛn anaa gu so redi wɔn so. Aman ahodoɔ no bi wɔ hɔ a sɛ wɔka sɛ Mmarahyɛbadwafie anaa mmarahyɛbadwam a na worekyerɛ mmarahyɛbadwam dwumadie ahodoɔ no nko ara, na mmom ɛbinom nso wɔ hɔ a wɔtumi dekyerɛ biribi foforɔ. (sɛ ɛbia Ghana mmarahyɛbadwam).
Mmarahyɛbadwam yɛ asɛmfua a ɛfiri Borɔfo kasa mu, na wɔnya firii Anglo-Norman wɔ 14th century berɛ no mu, a na ɛfiri 11th century French foɔ asɛm a wɔfrɛ no sɛ "parlement" a asɛkyerɛ wɔ Borɔfo mu ne "discussion, discourse", a ɛfiri asɛmfua "parler" mu, a ɛno nso asekyerɛ ne sɛ "to talk". ɛhɔ na asɛm no asekyerɛ firi baeɛ a na ɛtumi gyina hɔ ma anobaebae biara, ne nkitahodie biara, anaa sɛ wone obi redi biribi ano berɛ a wonam akwannuasa nyinaa so. wɔ 15th century mu no, Britain foɔ, faa asɛm no maa no bɛgyinaa hɔ maa mmarahyɛbadwam.
Ɔman biara wɔ sedeɛ ɔfrɛ ne mmarahyɛbadwam. deɛ ɛdidi soɔ yi yɛ edin ahodoɔ a amanaman biara de frɛ mmarahyɛbadwa no
This article uses material from the Wikipedia Twi article Mmarahyɛbadwafie, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.