Isaac Eduasar Edumadzi (Ɔpɛpɔn 1, 1957, Mfinimfin Mantam — Ɔpɛpɔn 11, 2018, Cape Coast) yɛ Ghana mmrahyɛbadwani sane ka New Patriotic Party ho.
Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Ejumako/Enyan/Essiam a ɛwɔ Central Region. Ɔsom wɔ kane Ɔmanpanin dada John Agyekum Kufour amammuo mu wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so nan no mu.
Honorable Issac Eduasar Edwumadzi | |
---|---|
Mmrahyɛbadwani ma Ajumako-Enyan-Esiam Mansini | |
Bere Ɔpɛpɔn 6,1997 – Ɔpɛpɔn 6, 2001 | |
Ɔmanpanyin | Jerry John Rawlings |
Mmrahyɛ badwani ma Ajumako-Enyan-Esiam Mansin | |
Bere Ɔpɛpɔn 7,2001 – Ɔpɛpɔn 6, 2005 | |
Ɔmanpanyin | John Jerry Rawlings |
Ne ho asɛm | |
Awo bere | Ɔpɛpɔn 1, 1957 Central Region |
Owu bere | Ɔpɛpɔn 11, 2018 (Wɔdii mfeɛ 61) Cape Coast Teaching Hospital |
Ne man | Ghana |
Amanyɔkuo | New Patriotic Party |
N'adwuma | Amanyɔni |
Isaac Edumadze na yɛdii kan yii no baa mmrahyɛbadwam wɔ Ghana abatoɔ mu wɔ New Patriotic Party tikiti so ma Ejumako/Enyan/Essiam mansini a ɛwɔ Mfinimfin Mantam, Ghana. Ɔgyinaeɛ no ɔnyaa mma mpem dunum, ahansia ne aduosia (15,660) a efiri mma dodoɔ mpm aduasa nan, ahankron ne aduonum mmiɛnsa (34,953) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa mmienu ne akyirepɔ du (32.10%) a ɔde dii Joseph K.Enos a ɔgyina maa National Democratic CongressNDC a ɔno nso nyaa mma mpem dunan, ahanwɔtwe ne aduasa nkron (14,839), Lawrence Yaw Awuah a ɔgyina maa CPP amanyɔkuo no nso nyaa mma mpem mmiɛnsa, ahansia ne aduoson mmienu (3,672) ɛna Joseph Mensah a ɔyɛ PNC ni nso nyaa mma ahanson ne aduowɔtwe mmienu (782). Ɔgyinaa bio wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) mu ma ɔdii nkonim nyaa mma mpem dunum, ahasa ne aduasa nsia(15,336) wɔ mma dodoɔ mpem aduasa, ne ahanum(30,500) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum ne akyirepɔ aduasa (50.30%) a ɔde dii Mary Padmore Dadzie a ɔyɛ NDC ni so a ɔno nso nyaa mma mpem dummienu, ahansia ne aduowɔtwe baako(12,681), Kwame Adomako-Mensah a ɔyɛ NRP ni nso gyinaeɛ nyaa mma apem, ahasa ne dunan(1,314), Jonathan Siliman Otabil a ɔgyina maa CPP amanyɔkuo no nso nyaa mma ahanson ne aduanan nson (747), Robert Anthony Gyaisie a ɔyɛ PNC ni nso gyinaeɛ nyaa mma ahasa ne nson(307) ɛna Kojo Banafo a ɔyɛ UGM ni nso gyinaeɛ nyaa mma ɔha ne dunum (115).
Na ɔka New Patriotic Party ho. John Akyekum Kufour sane yii no sɛ ɔsomfoɔ ma Central Region wɔ ɔgyefoɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako mu (2001). Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbadwani firi Ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num (2005) mu aberɛ a yɛtoo amansan nyinaa abatoɔ no wɔ mfeɛ 2004 Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu. Ejumako/Enyan/Essiam mansini a ɛwɔ Mmrahyɛbadwa nnan a ɛyɛ adehyeman Ghana aberɛ a na ɔhyɛ Ɔmanpanin J.A Kufour's te akonnwa soɔ no. Yɛkeka bom no, onyaa aba bɛyɛ 21,534 a ɛgyina hɔ ma 57.80% abera Samuel Aggrey Forson a ɔno nso ne no repere a ɔyɛ National Democratic Congress ni nso nyaa aba 14,474 a ɛgyina hɔ ma aba 38.80%, Kwame Asoandze Edu-Ansah a ɔno nso yɛ Convention People's Party ni nso nyaa aba 1,276 a ɛgyina hɔ ma 3.40% aba yɛato ama no nyinaa. Abera James Appiah-Mensah a ɔno nso gyinaeɛ no anya hwee, Isaac Edumadze, na nyaa mmrahyɛbadwa akonwa no de ma Ejumako/Enyan/Essiam mansin. Isaac nso gyinaa wɔ ne mansin mu wɔ mmienu mmrahyɛbadwa a ɛyu nnan adehyeman. Yɛ yii aberɛ a yɛkaa sɛ w’adi nkonim wɔ 1996 Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu.
Ɔyɛ obi a, wagye din sɛ okuani wɔ Ajumako Kuro a ɛwɔ central Region na ɔsan nso yɛ Kristoni ma pa.
Yɛde too dwa sɛ wawu Ɔpɛpɔn 11, 2018 wɔ Cape Coast Ayaresabea awia bi.Na obiara nim sɛ ne ho nyɛ nti berɛ a yɛde no kɔɔ ayaresabea no, ankyɛ biara na ɔwuiɛ.
This article uses material from the Wikipedia Twi article Isaac Eduasar Edumadzi, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.