Christine Churcher

Christine Churcher (woo no wɔ Ɛbɔ bosom da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduonum nan (born 21 September 1954) yɛ amanyɔni a ɔdikan wɔ Ghana.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔyɛ amanyɔnni de ma Cape Coast mpasua a ɛwɔ mfinimfin mantam wɔ Ghana wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu, mmiɛnsa, nan ne num wɔ Ghana adehyemam man mu.

Hon.
Christine Churcher
Member of Parliament for Cape Coast Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
AnanmusiniEbo Barton-Odro
Member of Parliament for Cape Coast Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere21 September 1954 (1954-09-21) (age 69)
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician

Abrabɔ ahyɛseɛ ne nwomasua

Wɔwoo Churcher wɔ Ɛbɔ bosom da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduonum nan (21 September 1954). Ɔkɔɔ Kwesi Plange mmɔfrase sukuu a yɛsan nso frɛɛ no Pere Planque Memorial Preparatory sukuu a ɛwɔ Cape Coast firii afe apem aduonum nkron de kɔsi afe apem ahansia ne num (1959-1965). Afiri afe apem ahankron ne aduoson num ne afe apem ahankron ne aduoson nwɔtwe (1975 - 1978) no, Churcher sua borɔfo ne abakwasɛm wɔ Ghana asuapɔn mu na ɔwiei wɔ nkonimdimu. Afei, Churher nyaa "Master in Philosophy" wɔ mpanimfoɔ adesua wɔ Ghana asuapɔn mu.

N'adwuma

Churcher Ghananni mmarahyɛbadwanni. Ghana dibea sɛ ɔman yi mu asoeɛfoɔ dodoɔ no ara na wagyina. Wayɛ adwuma sɛ asoeɛ a ɛhwɛ atenaseɛ ne abɔdeɛ mu nyansapɔ. Wasan asom sɛ panin a ɔhwɛ Ghana fangoo nnwumasoɔ. Wasan asom bio sɛ asoeɛ a ɛhwɛ ɔman yi nwomasa soɔ.

Amanyɔsɛm

Churcher agyina mu de ama Cape Coast mpasua a ɛwɔ mfinimfin mantam wɔ Ghana wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne nan wɔ kwasafoman a ɛtɔ so man wɔ Ghana mu.

Abatoɔ

Churcher na ɔdikan a wɔtoo ne so aba de ne kɔɔ mmarahyɛbadwam a na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ a wɔtoo no Cape Coast mpasua so wɔ mfinimfin mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa mma mpem aduasa, ahanan ne aduokron nsia (30,496) de firii mma dodoɔ a ɛyɛ mpem aduonum nsia, ahanan ne aduonu nwɔtwe (56,428) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan nsia akyiri pɔ aduonu (46.20%) de Kyinie dea na ɔne no resi akan no, S.Valis-Akyianu a na ɔyɛ anamsini de ma kyinie amanyɔkuo (NDC) no a ɔno nso nyaa mma mpem aduonu num, ahankron ne aduasa mmienu (25,932).

Wɔtoo Churcher so aba sɛ kuoba wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana wɔ afe mpem mmienu Ghanaman nyinaa abatoɔ a wɔtoo no wɔ Cape Coast anafoɔ mpasua a na ɔgyina mu ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nyaa abatoɔ no mu mma mpem aduasa baako, ahanum ne aduoson mmiɛnsa (31,573) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum num akyiri pɔ aduoson (55.70%) de kyɛn dea na ɔne no resi akan no. Wɔsan too aba yii no wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so nan wɔ adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) Ghana Ghanaman nyinaa abatoɔ no mu. Ɔsan nso som sɛ mmarahyɛbadwanni de ma Cape Coast mpasua no firii Ɔpɛpɔn bosom a ɛtɔ so nson wɔ afe mpem mmienu ne num de kɔsi Ɔpɛpɔn bosom da a ɛtɔ so nsia wɔ afe mpem mmienu ne nkron (7 January, 2005 - 6 January, 2009). Ɔnyaa mma mpem aduasa nsia, ahanu ne aduasa nan (36,264) wɔ abatoɔ no mu firii mma.mpem aduoson, ahanwɔtwe ne aduosia nsia (70,866) a ɛyɛ mma dodoɔ no nyinaa. Wei gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum baako akyiri pɔ mmienu (51.2%) de ma mma dodoɔ no nyinaa. Wɔtoo ne so aba de tia MacDonald Konns Tongo a na ɔyɛ anamside ma People's National Congress ne Araba Bentsi-Enchill Safohen a na ɔyɛ anamsini ma Convention People's Party. Wei nom nyinaa gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ nwɔtwe (0.8%) ɔha nkyekyɛmu aduanan nan akyiri pɔ num (44.5%) ne ɔha nkyekyɛmu mmiɛnsa akyiri pɔ num (3.%) wɔ abatoɔ no mu. Wɔtoo Churcher so aba yii no wɔ Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no mu. Ne mpasua no ka mpasua dunsia (16) a wadii nkonim wɔ mfinimfin mantam abatoɔ no mu maa ɔsono amanyɔkuo (NPP) no. No nyinaa mu.no, Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nyaa mmarahyɛbadwam akonnwa ɔha ne aduonu nwɔtwe (128) wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so nan no mu wɔ Ghana.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Christine Churcher Abrabɔ ahyɛseɛ ne nwomasuaChristine Churcher NadwumaChristine Churcher AmanyɔsɛmChristine Churcher Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛChristine ChurcherCape Coast South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)GaanaƐbɔ

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

LatviaTorinoƐbɔƐkrɔNatalia OreiroTanzaniaDzifa BampohGaana FrankaaƆgyefuoBosomeGranadaAmɑnɑmɑn NkɑbɔmuSamaraMünchenNauruFrauenkirche (München)Gloria AkuffoGod Bless Our Homeland GhanaLady GaGaIndianapolisNyinsɛn a wɔhyɛ da yiMalik Al-Hassan YakubuEskişehirKen Meyir KunfahKurówBurundiSamuel KoteyTunisNapoléon BonaparteNkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa(Sustainable development)BeninBenjamin Yeboah SekyereAlgerEMINorwayVolgogradGyakataDaesoBrightonGomoa PomadzeWillis TowerBuilsa North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)KɔtɔnimaaSacramentoWashington, D.C.AlençonNew YorkMomordica charantiaAma Benyiwa-DoeIndiaWikipediaWukuadaCuritibaBratislawaAuxerreIndonisiaDabenartiSonyor Deng AfahyɛNepalSyriaNana baaFrance🡆 More