Rita Akosua Dickson

Rita Akosua Dickson (wɔwoo no ɔsanaa bosome da a ɛdikan wɔ afe apem ahankron ne aduoson mu) yɛ Ghana phytochemist ne ɔbaa a ɔdikan a wɔyii no ma no bɛyɛɛ Vice chancellor maa Kwame Nkrumah University of Science and Technology.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Rita Akosua Dickson
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameRita Sesa
date of birth1 Ɔsanaa 1970 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationpharmacist, academic Sesa
position heldvice chancellor Sesa
educated atKing's College London, Kwame Nkrumah University of Science and Technology, Wesley Girls' High School Sesa
academic degreeBachelor of Science, Master of Pharmacy Sesa
academic majorpharmacy, pharmacognosy Sesa
award receivedCommonwealth Scholarship and Fellowship Plan Sesa

N'abrabɔ ne nnwomasua.

Ɔkɔɔ St. Monica's ntoasoɔ sukuu wɔ Mampong-Ashanti ɛhɔ na ɔsuaa GCE Ordinary Level nsɔhwɛ, ɛno akyire na ɔkɔɔ Wesley Girl's ntoasoɔ sukuu wɔ Cape-Coast, kɔsuaa GCE Advanced Level nsɔhwɛ. Ɔwiee ne Bachelor degree wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology a Ɔsuaa Pharmacy wɔ afe apem ahankron ne aduokron nkron. Ɔnyaa PhD wɔ Pharmacology firii King's College London wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu.

Nnwuma

Dickson hyɛɛ n'adwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology wɔ mfeɛ mpem mmienu. Aberɛ a ɔkɔɔ UK sɛ ɔkɔtoa n'adesua so no, ɔsane baa Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu bɛtoa n'adekyerɛ wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu no, wɔmaa no so kɔɔ ɔkyerɛkyerɛni panin diberɛ ɛna ɛno akyire no ɔkunini wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan. Wɔ Ɛbɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu no, ɔno ne ɔbaa a ɔdikan a wɔyii no sɛ ɔmmɛyɛ pro Vice-Chancellor mma Kwame Nkrumah University of Science and Technology mma saa diberɛ no. Wɔyii no akyire no na ɔsane yɛ dean ma suapɔn no nkorabata baako a wɔfrɛ no faculty of Pharmacy and Pharmaceutical Sciences. Dickson somm sɛ ekuoba a ɔka wɔn a wɔtoo nnoo wɔ Pharmacy and Pharmaceutical society wɔ Ghana. Wɔ Ayɛwohommumɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu no Kwame Nkrumah University of Science and Technology daa no adi sɛ ɔno me ɔbaa a ɔdikan a wayi no ama no abɛyɛ vice chancellor wɔ suapɔn no mu a ɛhyɛɛ aseɛ wɔ ɔsanaa bosome a ɛdikan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu. Ɛwɔ sɛ ɔsom mfeɛ nan.

Ɔyɛɛ adwuma sɛ Phytochemist a ɔfaa baeɛ a ɛfa abɔdeɛ nnoɔma ho a ɛbɛboa ama wasa nyarewa a ɛtumi sae ne nea ɛntumi nsae nyinaa.

Nhwehwɛmu

Dickson yɛɛ nhwehwɛmu faa nnoɔma a wɔnya firii Ghana nnua mu, a ne titire ɔgyinaa nnoɔma a ɛnsae ho, nnoɔma a ɛma kuro wu, nea ɛmma egya hyehyeɛ mma, anti-pyretic ne nnoɔma a ɛmfa asikyire yareɛ mma ho a ɔgyinaa ne nnuro bi a wɔde di dwuma ho.

N'abrabɔ Ankasa

Waware Nana Dickson a wɔm wɔ mma nan. Ɔyɛ kristoni a ɔkɔ asɔre wɔ Grace Baptist, Amakom a ɛwɔ Kumase.

Abasobɔdeɛ

Wɔmaa Dickson abasobɔdeɛ wɔ Commonwealth Scholarship mu sɛ ɔmfa nkɔsua PhD wɔ King's College, University of London, UK wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.

Tags:

Rita Akosua Dickson Nabrabɔ ne nnwomasua.Rita Akosua Dickson NnwumaRita Akosua Dickson NhwehwɛmuRita Akosua Dickson Nabrabɔ AnkasaRita Akosua Dickson AbasobɔdeɛRita Akosua Dickson Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.Rita Akosua DicksonGaanaKwame Nkrumah University of Science and TechnologyƆsanaa

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

FacebookNyarewaNana GyamfuahApueɛ MantamMarcel DesaillyStrasbourgAgrigentoView total pagesUniversity of CambridgeMontpellierVanessa ParadisRonald ReaganNational Alliance of LiberalsKristofoAmsterdam AbankɛseɛFrancis AmpofoFulera LimannLondonBosome Freho (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)AguamansɛmMo RiverJason Moore (Wikipedia samufo)Ignatius Baffour-AwuahTuvaluDomeabra-Obom (Ghana mmrahyɛbawam mpɛsoa)MilwaukeeKwameWim nsakrae wɔ GhanaReggie RockstoneKwaku AnansesemTakoradiƆtɛnmuafoMisrimPiacenzaBelarusIndonisiaComfort Doyoe Cudjoe-GhansahCrib A'GlowNeymar na ɔkyerɛweeAbeiku Nyame QuansahCobina KessieOwuoCaliCecilia JohnsonOblayoMoses Dani BaahKundum AfahyɛCape CoastNana Konadu Agyemang-RawlingsBonwireBostonBlack SherifGhana kasa ahodoɔSaratu AttaTrapaniAniwaHanshin Asono a wɔyɛIndonesiaApuei Mantam (Ghana)Ɔmanpanin (aban abodin)NepalHambɔgEdin🡆 More