Wɔwoo Nii Amaa Ollennu wɔ afe Apem, Ahankron ne Nsia.
sex or gender | male |
---|---|
country of citizenship | Ghana |
given name | Raphael |
family name | Ollennu |
date of birth | 21 Kotonimma 1906 |
place of birth | Nkran |
date of death | 22 Ɔpɛnimma 1986 |
child | Amerley Ollennu Awua-Asamoa |
languages spoken, written or signed | English |
occupation | Ɔtɛnmuafo, lawyer, Amanyɔni, Ɔmanpanin |
position held | President of Ghana, Member of the Parliament of Ghana, Justice of the Supreme Court of Ghana |
educated at | Salem School, Osu, Presbyterian College of Education, Akropong |
member of political party | Alliance of Independent Social Democrats |
Owuu wɔ Ɔpɛnimaa 22, afe apem , ahankron ne aduowɔtwe nsia. Na ɔyɛ ɔtɛmmuafoɔ; ɔbɛyɛɛ ɔtɛmmuafoɔ wɔ Ghana Asɛnnibea kunini no mu fri afe Apem, Ahankron ne Aduosia Mmienu de kɔsii afe Apem Ahankron Aduosia Nsia. Wɔsan nso paw no sɛ ɔnni dwuma sɛ ɔmanpanin wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so mmienu no
Ghana mampanin wɔ adehyeman a ɛto so mmienu no
mu firi Ɔsanaa 7, afe Apem Ahankron ne Aduoson de kɔsii Ɔpɛnimaa 31, afe Apem Ahankron ne Aduoson. Afei, ɔsan nso yɛɛ Ghana Mmarahyɛ Badwua no kasafo firii afe Apem Ahankron ne Aduosia Nkron de kɔsii afe Apem Ahankron ne Aduoson Mmienu.
Wɔwoo Ollennu wɔ Labadi, Accra wɔ afe Apem, Ahankron ne Nsia mu. Ɔyɛ Nkranni. N'awofoɔ ne Wilfred Kuma Ollennu ne Salomey Anerka Manzon Abbey. Ollenu kɔɔ sukuu a yɛfrɛ no , Salem Sukuu wɔ Osu. Ɔkɔɔ ne ntoaso sukuu wɔ Accra ntoasoɔ sukuu. Ne mfitiaseɛ nwomasuao fa bi wɔ "P Presbyterian Training College " a ɛwɔ Akropong wɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu, baabi a ɔsuaa nkyerɛkyerɛ. Ɔkɔɔ Nglesi Aburokyiman mu kɔsuaa mmara ho adeɛ "wɔ Middle Temple, London. Wɔfrɛɛ no kɔɔ bar wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduanan mu bere a ɔde bosome dunwɔtwe wiee mfeɛ mmeɛnsa adesua a ɔde anuonyam twaeɛ. Nglesi hemaa gyee no too mu.
onipa a odi kan wɔ n’abusua mu a ɔfata sɛ mmaranimfo, wɔtwerɛɛ ne din sɛ Raphael Nii Amaa Ollennu wɔ Gold Coast (mprempren Ghana) mu wɔ afe 1940 mu. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ puisne ɔtemmufoɔ wɔ afe 1955 mu, ɔnam Ghana atemmuo mu kɔɔ soro bɛyɛɛ Asɛnnibea Kunini temmufoɔ na wɔ Ɛbɔ 1, 1962 no, wɔmaa no so sɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no Temmufoɔ. Ɔsan tintim nhoma ahodoɔ a ɛfa mmara mu nsɛmti ahodoɔ ho. Na ɔyɛ obi a ɔwɔ tumi wɔ Afrikafo atetesɛm nhyehyɛeɛ a ɛfa asase a wɔde di dwuma ho. Na ɔsan yɛ Mmara ho Ɔbenfo wɔ Ghana Sukuupɔn mu. Ɔne Wiase Nyinaa Asɔre a Wɔayɛ Ɔsesɛw Apam no badwa Kɛseɛ no nso de ne ho hyɛɛ mu denneennen. Ɔyɛɛ Ghana Adesuabea a ɛhwɛ adwinni ne nyansahunu so no Titenani firi afe 1969 kɔsii afe 1972
Na Nii Amaa Ollennu yɛ Accra ananmusifoɔ no mu baako wɔ Gold Coast Mmarahyɛ badwa mu wɔ afe 1950 mfitiaseɛ no. Wɔ 1950 mu no, ɔhyehyɛɛ National Democratic Party, na ɔbɛyɛɛ ne kannifoɔ. Wɔ afe 1951 Gold Coast mmarahyɛ badwa abatoɔ mu no, ekuo no antumi annye nkonnwa biara. Afe a edi hɔ no, odii anim kɔɔ Ghana Congress Party.Enti na Ollennu ne Busia ne JB Danquah sɔre tia Nkrumah "Convention People’s Party" no.
Ghana bere tiaa mu Ɔmampanyin
Wɔ ɔman a ɛtɔ so mmienu no mu no, na Ollennu yɛ Ghana Mmarahyɛ Bagua no Kasafoɔ firi Ɔkɔtɔberɛ 1969 kɔsi Ɔpɛpɔn 1972. Ɔsan nso bɛyɛɛ Ghana ɔmampanyin a ɔreyɛ adwuma wɔ Ɔpɛpɔn 7, afe 1970. Na ɔyɛ Ɔmampanyin Bagua no guamtrani wɔ aban kwan so. Ɔgyee adwuma no fii asraafoɔ kannifoɔ a ɔdi kan, Lt. Gen. Afrifa nsam na ɔde hyɛɛ Edward Akufo-Addo nsa wɔ 31 Oforisuo 1970 a wɔpaw no wɔ 31 Oforisuo 1970 wɔ abatoɔ kɔlege bi mu. Ɔnyaa abatoɔ 123 maa 35 a Edward Asafu Adjaye na ɔnyaeɛ. Na eyi yɛ amanne kwan so ɔmampanyin dibea efisɛ na ɔmanpanyin, Kofi Abrefa Busia na odi tumidi. Wɔ Ghana Aman a Ɛto so mmienu mu no, Ollennu yɛɛ Ghana Mmarahyɛ Bagua no Kasafo.
nii Amaa Ollennu waree mpɛn anan. Ne yere a odi kan ne Emily Jiagge a ofi Keta wɔ Volta Mantam mu a ne nana ne Togbui Tamakloe, Uti Panyin. Ɔne no woo mma baanu: Amerley Ollennu ne Boni-Ashitey Ollennu, mmaranimfo bi a ɔwɔ London. Afei ɔwaree Charlotte Amy Sawyerr (wɔwoo no Mettle), Ɔsɔfo John Josiah Mettle ne Owurayere Marian Anohuma Mettle (wɔwoo no Harvey) babea. Wɔboom woo mma baanu: Noni-Ashitey (Fio) ne Ashitei. Mettle woo mma baanum foforo fii aware foforo mu. Owui wɔ afe 2016 mu, na na wadi mfe 103. Ne yerenom mu baako ne Nana Afua Frema Busia, Wenchi Hemmaa na ɔyɛ Dr. Kofi Abrefa Busia, Ghana Ɔmanpanyin nuabea. Ɔtemmufoɔ Nii Amaa Ollennu ne Nana Afua Frema Busia babaa, Amerley Ollennu Awua-Asamoa, yɛɛ Ghana Ɔnanmusifoɔ wɔ Denmark firi afe 2017 kɔsi afe 2021. Na Ollennu yɛ Ghana District Grand Lodge no muni na na ɔyɛ Legon Lodge no muni a ɔhyehyɛɛ no.
Nii Amaa Ollennu wui wɔ Ɔpɛnimaa 1986 mu.
This article uses material from the Wikipedia Twi article Nii Amaa Ollennu, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.