James Leslie Mayne Amissah

James Leslie Mayne Amissah (wɔwoo no afe 1964) yɛ obi a na anka ɔyɛ Ghana ɔman nanmusifo.

James Leslie Mayne Amissah
nnipa
sex or gendermale Sesa
given nameJames Sesa
date of birth1935 Sesa
date of death27 Kotonimma 2014 Sesa
countryGhana Sesa

N'ahyɛase ne nhomasua

Amissah a wɔwoo no wɔ Cape Coast no yɛ Samuel George ne Rebecca Bernice Amissah babarima a ɔto so abien. Ɔkɔɔ Aban Mmarimaa Sukuu a ɛwɔ Cape Coast ne Adisadel College, faako a ɔdaa akannifoɔ su a ɛdi kan adi sɛ Head Prefect wɔ afe 1955. Wɔ Ghana Suapɔn, Legon no, ɔdii abodin krataa a wɔaka abom wɔ Sikasɛm ne Asetena mu Adesua mu. Bere a na ɔwɔ Legon no, wɔpaw no sɛ wɔn a wɔde Ghana Ɔmampanyin a odi kan, Osagyefo Dr Kwame Nkrumah, bɛba anadwo a ɔman no nyaa ahofadi no mu biako.

Adwuma

Ɔman nanmusi Adwuma

Amissah som wɔ aman ntam nkitahodi adwuma mu wɔ Ottawa, Geneva, ne Bonn. Wɔ afe 1985 mu no, ɔbɛyɛɛ Ghana Ɔnanmusifo wɔ Japan, a wɔsan gyee no tom wɔ Brunei, North Korea, South Korea, ne Indonesia. Bere a ɔsan baa Ghana wɔ afe 1993 mu no, ɔyɛɛ Ɔkyerɛwfo maa Ɔmanpanyin mfe ason. Wɔhyɛɛ no ​​anuonyam sɛ Companion of the Order of the Volta wɔ afe 2006 mu de kyerɛɛ ne som adwuma ho aniso.

  • Ofii n’adwuma ase sɛ Ɔkyerɛwfo a Wɔka Ho wɔ Ministry of External Affairs.
  • Ná ɔyɛ adwuma wɔ Freetown ( Sierra Leone ).
  • Ná ɔwɔ abakɔsɛm mu nhyiam akɛse a wɔyɛe wɔ Afrika Biakoyɛ Ahyehyɛde a na ɛrefi ase wɔ Addis Ababa ( Ethiopia ) no ase.
  • Ná ɔwɔ abakɔsɛm mu nhyiam akɛse a wɔyɛe wɔ Afrika Biakoyɛ Ahyehyɛde a na ɛrefi ase wɔ Addis Ababa ( Ethiopia ) no ase.
  • Ɔsomm wɔ dibea ahorow te sɛ Chief of Protocol, Office of Economic Affairs Director General.
  • Efi 1972 kosi 1974 no na ɔyɛ asɛmpatrɛw ho ɔfotufo wɔ Amanaman Nkabom Dwumadibea a ɛwɔ Geneva no .
  • Wɔ 1980 mu no na ɔyɛ ɔnanmusifo wɔ Bonn .
  • Efi June 1985 kosi 1993 no na ɔyɛ ɔnanmusifo wɔ Tokyo a na ɔne afoforo agye atom wɔ Seoul ne Jakarta .
  • Saa dwumadi yi maa ɔbɛyɛɛ Afrika ɔnanmusifo a ɔde bere tenten asom ne Afrika ananmusifo a wɔwɔ Japan no panyin .
  • Efi 1993 kosi 2000 no na ɔyɛ Jerry Rawlings kyerɛwfo.
  • Wɔ afe 2006 mu no na ɔyɛ Order of the Volta no hokafo a wɔasiesie no yiye.

Owuo

Amissah wuo wɔ Benada, Ɔpɛpɔn 27, 2014.

Akorankoro asetena

Ɔwɔ mma, mmanana nsia, Nana Kwesi, Bobby, Baaba, Papa, Araba Egyirba ne Benjamin.

Beaɛ a minyaa mmoa fii

Tags:

James Leslie Mayne Amissah Nahyɛase ne nhomasuaJames Leslie Mayne Amissah AdwumaJames Leslie Mayne Amissah OwuoJames Leslie Mayne Amissah Akorankoro asetenaJames Leslie Mayne Amissah Beaɛ a minyaa mmoa fiiJames Leslie Mayne AmissahGaanaƆman nanmusifo (Ambassador/Diplomat)

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Università La SapienzaPiis KasafidieIndonisiaDialium guineenseAbuko Ɔman Mmoa YɛmmeaAbibremNii Okaidja AdamafioAgyentinaVyborgElizabeth Akua OheneMallotus oppositifoliusBukari Nikpe JosephUmar Abdul-RazakVanessa ParadisAcacia kamerunesisGyeografiAtɔɛ MantamMark Assibey-YeboahSaratu AttaBarbara Oteng GyasiBrenda LeeSampson Kwaku BoafoAwutu-Senya East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Debeira🡆 More